Pular para o conteúdo
Publicidade

Ɛsra 1

Yuda Nnommum No San Ba Yerusalem

1 Persiahene Kores afe a edi kan no mu no, Awurade kaa Kores koma ma ɔkyerɛw saa dawubɔ nsɛm yi de kɔɔ ahemman no nyinaa mu, maa Yeremia nkɔmhyɛ no baa mu.

2 Sɛnea Persiahene Kores1.2 Na Kores Ahemman no trɛw fi India kosi Misraim, ɛtoaa so fi Po Kɔkɔɔ a ɛwɔ Persia Po no mu kosi Etiopia. ka ni:

Awurade, ɔsoro Nyankopɔn de ahemman a ɛwɔ asase so nyinaa ahyɛ me nsa. Wayi me minsi asɔredan mma no Yerusalem Yuda asase so. 3 Mo a moyɛ ne nkurɔfo nyinaa, monsan nkɔ Yerusalem Yuda, nsan nkosi saa Awurade, Israel Nyankopɔn, a ɔte Yerusalem no asɔredan. Na mo Nyankopɔn bɛka mo ho. 4 Wɔn a wɔtete baabiara a Yudafo nkae no no, ɛsɛ wɔma Yudafo no dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, akwantu nneɛma, nyɛmmoa ne koma pa mu afɔrebɔde a wɔde ma Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no, de boa wɔn akwantu no.

5 Na Onyankopɔn kaa Lewifo, Yuda ne Benyamin mmusuakuw ntuanofo no koma , wɔnsan mmra Yerusalem mmesiesie Awurade asɔredan no. 6 Na wɔn afipamfo boa maa wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ne nyɛmmoa, ma wɔde tuu kwan no. Wɔmaa wɔn akyɛde pa bebree de kaa nea efi wɔn ankasa koma mu no ho.

7 Ɔhene Kores no ankasa de aboɔdenne a ɔhene Nebukadnessar tase fii Awurade asɔredan mu Yerusalem de koguu ɔno ankasa anyame asɔredan mu no bae. 8 Kores hyɛɛ Persia ɔsannaani Mitredat ɔnkenkan saa nneɛma no nyinaa, na ɔmfa nhyɛ wɔn a wotwaa wɔn asu a wɔresan aba Yuda no panyin Sesbasar nsa.

9 Eyinom ne nneɛma a Kores de bɛkyɛe:

sikakɔkɔɔ nsiase 30

dwetɛ nsiase 1,000

dwetɛ ɔhyewsɛn 29

10 sikakɔkɔɔ hweaseammɔ 30

dwetɛ hweaseammɔ 410

nneɛma a ɛkeka ho 1,000

11 Ne nyinaa mu no, sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nneɛma a wɔde maa Sesbasar ɔmfa nkɔ Yerusalem bere a wɔn a wotwaa wɔn asu fi Babilonia baa no dodow sikakɔkɔɔ ne dwetɛ mpem anum ne ahannan (5,400).

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também