Pular para o conteúdo
Publicidade

Ɛsra 2

1 Eyinom ne Yudafo nnommum a wɔwɔ amantam no mu a wofi asutwa mu baa Yerusalem ne Yuda nkurow bi so no. Ɔhene Nebukadnessar na otwaa wɔn asu kɔɔ Babilonia. 2 Na wɔn ntuanofo Serubabel, Yesua, Nehemia,2.2 Saa Nehemia yi nyɛ Nehemia a ɔkyerɛw Nehemia Nhoma no. Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum ne Baana.

Israel mmarima a wofi asutwa mu bae no dodow ni:

3 Dodow a wɔyɛ

   Paros asefo 2,172

   4 Sefatia asefo 372

   5 Arah asefo 775

   6 Pahat-Moab asefo (Yesua ne Yoab asefo) 2,812

   7 Elam asefo 1,254

   8 Satu asefo 945

   9 Sakai asefo dodow 760

   10 Bani asefo dodow 642

   11 Bebai asefo dodow 623

   12 Asgad asefo dodow 1,222

   13 Adonikam asefo dodow 666

   14 Bigwai asefo dodow 2,056

   15 Adin asefo dodow 454

   16 Ater asefo (Hesekia asefo) dodow 98

   17 Besai asefo dodow 323

   18 Yora asefo dodow 112

   19 Hasum asefo dodow 223

   20 Gibar asefo dodow 95

   21 Betlehemfo dodow 123

   22 Netofafo dodow 56

   23 Anatotfo dodow 128

   24 Asmawetfo dodow 42

   25 Kiriat-Yearimfo, Kefirafo ne Beerotfo dodow 743

   26 Ramafo ne Gebafo dodow 621

   27 Mikmasfo dodow 122

   28 Bet-Elfo ne Aifo dodow 223

   29 Nebo ɔmanmma dodow 52

   30 Magbis ɔman dodow 156

   31 Elam ɔmanmma dodow 1,254

   32 Harim ɔmanmma dodow 320

   33 Lod, Hadid ne Ono manmma dodow 725

   34 Yeriko ɔmanmma dodow 345

   35 Senaa ɔmanmma dodow 3,630

36 Eyinom ne asɔfo dodow a wofi nnommum mu bae:

Yedaia asefo (a wɔnam Yesua fi so) dodow 973

37 Imer asefo dodow 1,052

38 Pashur asefo dodow 1,247

39 Harim asefo dodow 1,017

40 Eyinom ne Lewifo a wofi nnommum mu bae:

Yesua ne Kadmiel asefo (Hodawia asefo) dodow 74

41 Nnwontofo:

Asaf2.41 Na Asaf yɛ Lewifo no mu baako a Dawid yii no ma ɔhwɛɛ nnwomkyerɛ so. asefo mu nnwontofo dodow 128

42 Aponanohwɛfo:2.42 Na aponanohwɛfo no yɛ Lewifo a wɔwɛn Asɔredan no kwan ano.

Salum, Ater, Talmon asefo

Akub, Hatita ne Sobai asefo 139

43 Saa asɔredan mu asomfo asefo yi na wofi nnommum mu bae:

Siha, Hasufa, Tabaot,

44 Keros, Siaha, Padon,

45 Lebana, Hagaba, Akub,

46 Hagab, Samlai, Hanan,

47 Gidel, Gahar, Reaia,

48 Resin, Nekoda, Gasam,

49 Usa, Paseah, Besai,

50 Asna, Meunim, Nefisi,

51 Bakbuk, Hakufa, Harhur,

52 Baslut, Mehida, Harsa,

53 Barkos, Sisera, Tema,

54 Nesia ne Hatifa.

55 Ɔhene Salomo asomfo asefo yi nso fi nnommum mu bae:

Sotai, Hasoferet, Peruda,

56 Yaala, Darkon, Gidel,

57 Sefatia, Hatil,

Pokeret-Hasebaim ne Ami.

58 Na asɔredan mu asomfo ne Salomo asomfo asefo no dodow 362

59 Saa bere no, kuw foforo a wofi Tel-Melah, Tel-Harsa, Kerub, Adan ne Imer nkurow so san baa Yerusalem. Nanso wɔantumi ankyerɛ mu , wɔn anaa wɔn abusuafo Israel asefo.

Saa nnipakuw yi ne:

60 Delaia, Tobia ne Nekoda mmusua a wɔn dodow 652

61 Asɔfo mmusua abiɛsa:

Habaia, Hakos ne Barsilai no nso san baa Yerusalem. (Saa Barsilai yi, na waware Barsilai a ofi Gilead no mmabea no mu baako a enti na wafa nʼabusua din.)

62 Nanso, na wɔayera wɔn anato nhoma no nti wɔmma wɔn ho kwan ansom asɔfo. 63 Na amrado no mma kwan mma wonnni afɔrebɔ nnuan mu kyɛfa mpo, gye ɔsɔfo bi a ɔnam ntontobɔ kronkron so bisa Awurade.

64 Enti nnipa a wɔsan baa Yuda no nyinaa dodow mpem aduanan abien, ahaasa ne aduosia (42,360), 65 a asomfo mpem ason ahaasa aduasa ason (7,337) nka ho, ne nnwontofo2.65 Lewifo nnwontofo no akyi no na nnwontofo foforo bi wɔ hɔ a wɔto nnwom wɔ afahyɛ, aware ne ayi ase. ahannu (200) a wɔyɛ mmarima ne mmea. 66 Wɔde apɔnkɔ ahanson aduasa asia (736), mfurum ahannu aduanan anum (245), 67 yoma ahannan aduasa anum (435) ne mfurumpɔnkɔ mpem asia ne ahanson aduonu (6,720) kaa wɔn ho kɔe.

68 Bere a woduu Awurade asɔredan no ho Yerusalem no, abusua ntuanofo no bi fii koma pa mu yii ntoboa a wɔde besiesie Awurade asɔredan no ne sibea dedaw mu . 69 Na ntuanoni biara maa nea obetumi. Akyɛde a wɔde mae no nyinaa ano sii sikakɔkɔɔ sika nnwetɛbona mpem aduosia baako (61,000), dwetɛ nkaribo pɔn mpem ahansia ahannu aduonum (600,250) na asɔfotade ɔha (100) a wɔde bɛma asɔfo.

70 Enti asɔfo, Lewifo, nnwontofo, aponanohwɛfo, asɔredan mu asomfo ne ɔmanmma no bi tenaa nkuraa a ɛbɛn Yerusalem no. Nkae no san kɔɔ Yuda nkurow afoforo bi a wofi bae no so.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também