Pular para o conteúdo
Publicidade

Ɛsra 5

Serubabel San Besiesie Asɔredan No

1 Saa bere no, adiyifo Hagai ne Ido babarima Sakaria de Israel Nyankopɔn din hyɛɛ nkɔm kyerɛɛ Yudafo a wɔwɔ Yuda ne Yerusalem no. 2 Na Sealtiel babarima Serubabel ne Yosadak babarima Yesua tiei, fitii ase sii Onyankopɔn asɔredan no Yerusalem. Na Onyankopɔn adiyifo no ka wɔn ho a wɔboaa wɔn.

3 Saa bere no mu na Tatenai a ɔyɛ amrado asu Eufrate agya no ne Setar-Bosnai ne wɔn mfɛfo kɔɔ Yerusalem kobisae se, "Hena na ɔmaa mo kwan munsiesie asɔredan yi?" 4 Wɔsan ka kyerɛɛ wɔn se, wɔmfa nnipa a wɔreyɛ adwuma asɔredan no ho no nyinaa din mma wɔn. 5 Nanso esiane na wɔn Nyankopɔn hwɛ wɔn so nti, wɔansiw Yudafo ntuanofo no adansi no ho kwan kosii wɔde ɛho asɛm kɔdan Dario ma ɔsesaa nʼadwene.

6 Eyi ne krataa a amrado Tatenai, Setar-Bosnai ne mpanyimfo a wɔwɔ asu Eufrate agya no bi kyerɛw kɔmaa ɔhene Dario: 7 Yekyia wo, ɔhene Dario.

8 Yɛpɛ yɛma wo te , yɛkɔɔ beae a wɔresiesie Onyankopɔn asɔredan no Yudaman mu no. Abo sononko a wɔasiesie ne nnua na wɔde resi afasu no. Adwuma no rekɔ so ahoɔden so.

9 Yebisaa ntuanofo no se, "Hena na ɔmaa mo kwan munsiesie asɔredan yi?" 10 Na yebisaa wɔn adwumayɛfo din sɛnea yebetumi akyerɛ wo wɔn ntuanofo no.

11 Wɔn mmuae ni:

"Yɛyɛ ɔsorosoro ne asase Nyankopɔn no asomfo, na yɛresan asi asɔredan a ɔhene kɛse bi a na ɔwɔ Israel sii mfe bebree a atwa mu no. 12 Na esiane yɛn agyanom hyɛɛ ɔsorosoro Nyankopɔn abufuw nti, ogyaa wɔn maa Babiloniahene Nebukadnessar, ma ɔsɛee saa asɔredan yi, na otwaa nkurɔfo no asu kɔɔ Babilonia.

13 "Nanso Babiloniahene Kores adedi mu afe a edi kan no, ɔhyɛɛ mmara , ɛsɛ wosiesie Onyankopɔn asɔredan no. 14 Ɔhene Kores de sikakɔkɔɔ ne dwetɛ, nkuku ne nkaka a Nebukadnessar tase fii Onyankopɔn asɔredan no mu Yerusalem de koguu Babilonia asɔredan mu no san bae. Wɔtasee saa nneɛma no fii saa asɔredan no mu de kɔmaa ɔbarima bi a ne din de Sesbasar a ɔhene Kores hyɛɛ no amrado Yuda no ɔnhwɛ so. 15 Ɔhene no hyɛɛ no , ɔnsan mfa nkuku ne nkaka no nsan nkogu wɔn afa Yerusalem, na ɔnsan nsi Onyankopɔn asɔredan no faako a na esi kan no.

16 "Enti Sesbasar yi bɛtoo Onyankopɔn asɔredan yi fapem Yerusalem. Efi saa bere no, nnipa no gu so reyɛ ho adwuma nanso wonwiee ɛ."

17 Enti mprempren, ɛbɛyɛ ɔhene anisɔ a, monkɔsampam Babilonia ahemfi nneɛma dedaw akorae nhwɛ ɔhene Kores anhyɛ mmara wonsiesie Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no ana. Na momma ɔhene no nkyerɛ nʼadwene saa asɛm yi ho.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também