Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Beresosɛm 36

1 Nnipa a wɔwɔ asase no so no sii Yosia babarima Yehoahas hene Yerusalem.

Yehoahas Di Hene Yuda

2 Bere a Yehoahas dii ade no, na wadi mfirihyia aduonu abiɛsa, nanso odii ade asram abiɛsa . 3 Misraimhene Neko a na ɔhwehwɛ sonkahiri a ɛyɛ dwetɛ tɔn abiɛsa ne fa ne sikakɔkɔɔ kilogram aduasa anan afi Yuda no na otuu no ade so. 4 Misraimhene yii Yehoahas nuabarima Eliakim ɔhene foforo ma odii Yuda ne Yerusalem so, na ɔsesaa Eliakim din yɛɛ no Yehoiakim. Na Neko faa Yehoahas dommum de no kɔɔ Misraim.

Yehoiakim Di Hene Yuda

5 Yehoiakim dii ade no, na wadi mfirihyia aduonu anum, na odii hene Yerusalem mfirihyia dubaako. Nanso ɔyɛɛ bɔne Awurade, ne Nyankopɔn, ani so. 6 Babiloniahene Nebukadnessar kɔtoaa no, kyeree no de nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no de no kɔɔ Babilonia. 7 Nebukadnessar faa ademude a ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu bi, de koguu nʼahemfi Babilonia.

8 Yehoiakim ahenni ho nsɛm nkae, bɔne ahorow a ɔyɛe ne biribiara a wohu tiaa no no, wɔkyerɛw guu Israel ne Yuda Ahemfo Nhoma mu. Na ne babarima Yehoiakyin bedii nʼade ɔhene.

Yehoiakyin Di Hene Yuda

9 Yehoiakyin bedii ade no, na wadi mfirihyia dunwɔtwe, nanso odii ade Yerusalem asram abiɛsa ne nnafua du . Yehoiakyin yɛɛ bɔne Awurade ani so. 10 Afe a edi kan ɔsram a edi kan mu no, ɔhene Nebukadnessar frɛɛ Yehoiakyin ɔmmra Babilonia. Wɔfaa ademude bebree fii Awurade Asɔredan no mu de kɔɔ Babilonia saa bere no. Na Nebukadnessar yii Yehoiakyin wɔfa Sedekia, onni hene Yuda ne Yerusalem.

Sedekia Di Hene Yuda

11 Bere a Sedekia bedii ade no, na wadi mfirihyia aduonu baako, na odii ade Yerusalem mfirihyia dubaako. 12 Ɔyɛɛ bɔne Awurade, ne Nyankopɔn ani so, na wammrɛ ne ho ase odiyifo Yeremia a na ɔkasa ma Awurade no anim. 13 Ɔtew ɔhene Nebukadnessar anim atua bere a na waka ntam adi nsew Onyankopɔn din mu , obedi no nokware. Na Sedekia kyenkyenee na opirim ne koma na wampɛ ɔde ne ho bɛbata Awurade, Israel Nyankopɔn ho. 14 Asɔfo no ntuanofo nyinaa ne ɔmanfo no kɔɔ so yɛɛ mmaratofo. Wɔyɛɛ abosonsomfo a wɔwɔ aman a atwa ahyia no nneyɛe no bi, na woguu Awurade Asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no ho fi.

15 Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn, somaa nʼadiyifo wɔnkɔbɔ wɔn kɔkɔ mpɛn bebree, efisɛ na ɔwɔ ahummɔbɔ ma ne nkurɔfo ne nʼAsɔredan no. 16 Nanso nnipa no dii saa Onyankopɔn abɔfo no ho fɛw, amfa wɔn nsɛm no anyɛ hwee. Wodii adiyifo no ho fɛw ara kosii Awurade abufuwhyew turuwii a biribiara antumi annwudwo ano.

Yerusalem Asehwe

17 Enti Awurade de Babiloniahene ba bɛko tiaa wɔn. Babiloniafo no kunkum Yuda mmea a wɔyɛ mmabun mpo, wɔtaa wɔn kɔɔ Asɔredan no mu a wɔannya ahummɔbɔ amma wɔn. Wokunkum mmofra ne mpanyin, mmarima ne mmea, ahoɔdenfo ne ayarefo. Onyankopɔn de wɔn nyinaa hyɛɛ Nebukadnessar nsa. 18 Ɔhene no san sesaw nneɛma no nyinaa, akɛse ne nketewa a na wɔde som Onyankopɔn Asɔredan mu, ne ademude a na ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu ne ahemfi nyinaa de kɔɔ Babilonia. Ɔde mmapɔmma nyinaa nso kɔe. 19 Wɔtoo Onyankopɔn Asɔredan no mu gya, bubuu Yerusalem afasu no, hyew ahemfi no nyinaa, sɛee biribiara a ɛwɔ bo no.

20 Nnipa kakra a wɔkae no, wɔsoaa wɔn kɔɔ Babilonia, ma wɔkɔyɛɛ ɔhene no ne ne mmabarima asomfo kosii Persia ahenni bedii tumi. 21 Enti Awurade asɛm a wɔfaa Yeremia so kae no baa mu. Afei, asase no nso nyaa nʼahomegye, ɛdaa mpan mfirihyia aduɔson sɛnea odiyifo no kae no.

Kores Gya Nnommum No Kwan

22 Persiahene Kores adedi afe a edi kan mu no, Awurade maa odiyifo Yeremia nkɔmhyɛ no baa mu. Ɔkaa Kores koma ma ɔkyerɛw bɔɔ no dawuru nʼahenni nyinaa mu se,

23 "Sɛnea Persiahene Kores ka ni:

" Awurade, ɔsorosoro Nyankopɔn de ahenni a ɛwɔ asase so nyinaa ama me. Wayi me minsi asɔredan mma no Yerusalem Yuda asase so. Mo a moyɛ Awurade nkurɔfo nyinaa, monsan nkɔ Israel nkodi saa dwuma yi. Awurade, mo Nyankopɔn nka mo ho.’ "

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também