Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Beresosɛm 18

Yehosafat Ne Ahab

1 Yehosafat yɛɛ ɔdefo a na nʼanuonyam nso korɔn. Ɔhyehyɛ maa ne babarima waree Israelhene Ahab babea.18.1 Ɛha na wɔka Yehosafat nhyira ne ahonya a onya fii ne nokwaredi mu ho asɛm. Wɔka ananafo nkabomdi a ɔnam aware a ɔne Ɔhene Ahab yɛe a na odiyifo no mpɛ ho asɛm (19.2-3). Saa Ahab babea Atalia aware yi, anka ɛrema wɔatɔre Dawid anato no ase. (22.1023.21). 2 Mfe kakraa bi akyi no, ɔkɔɔ Samaria kɔsraa Ahab. Ahab too pon kɛse bi maa ɔne ne mpanyimfo. Wokunkum nguan ne anantwi bebree de too pon no. Na Ahab srɛɛ Yehosafat ɔmmɛboa no, na ɔnkɔko ntia Ramot-Gilead. 3 Ahab bisaa no se, "Wobɛboa me na mako atia Ramot-Gilead ana?" Na Yehosafat bua se, "Me ne wo na me nkurɔfo te wo nkurɔfo, Yɛbɛboa wo, ama woako."

4 Na Yehosafat ka kaa ho se, "Nea edi kan no, ma yemmisa Awurade afotu."

5 Enti ɔhene Ahab frɛɛ nʼadiyifo a wɔn dodow bɛyɛ ahannan no nyinaa, bisaa wɔn se, "Menkɔko ntia Ramot Gilead anaa mennkɔ?"

Wɔn nyinaa buae se, "so! Awurade bɛma woadi nkonim anuonyam so."

6 Nanso Yehosafat bisae se, "Enti Awurade odiyifo biara nso nni ha? Anka mepɛ mibisa no saa asɛm koro no ara."

7 Ɔhene Ahab buae se, "Ɔbaako da so ha nanso, mikyi no. Ɔnhyɛ nkɔm biara nsɛm a enye na ɔka kyerɛ me. Ne din de Mikaia. Imla babarima ne no."

Yehosafat kae se, "Nkasa saa. Ma yentie asɛm a ɔwɔ ka."

8 Enti Israelhene frɛɛ ne mpanyimfo no baako ka kyerɛɛ no se, "ntɛm kɔfrɛ Imla babarima Mikaia brɛ me."

Mikaia Hyɛ Nkɔm Tia Ahab

9 Israelhene Ahab ne Yudahene Yehosafat hyɛɛ wɔn ahemfo ntade, tenaa wɔn ahengua mu apongua a ɛbɛn Samaria kwan no ano. Saa bere no, na Ahab adiyifo no rehyɛ nkɔm wɔn anim. 10 Na wɔn mu baako a ɔyɛ Kenaana babarima Sedekia de nnade yɛɛ mmɛn, na ɔdaa no adi se, "Sɛnea Awurade se ni: Mode saa mmɛn yi bɛwowɔ Aramfo yi ama wɔawuwu!"

11 Adiyifo a wɔwɔ no nyinaa penee so kae se, "Yiw, monkɔ Ramot-Gilead, na munkodi nkonim, efisɛ Awurade bɛma moadi nkonim."

12 Ɔbɔfo a ɔkɔfrɛɛ Mikaia no ka kyerɛɛ no se, "Hwɛ, adiyifo no nyinaa hyɛ ɔhene no obedi nkonim. Hwɛ wone wɔn bɛyɛ adwene, na hyɛ nkonimdi ho ."

13 Nanso Mikaia buae se, "Awurade te ase yi, nea me Nyankopɔn aka akyerɛ me menka no, ɛno na mɛka."

14 Bere a Mikaia beduu ɔhene Ahab anim no, obisaa no se, "Mikaia, yɛnkɔko ntia Ramot-Gilead anaa yɛnkɔ?"

Mikaia buae se, "Monkɔko! Ɛbɛyɛ nkonimdi a ɛho nyam."

15 Ɔhene amma nʼano ansi, na obuaa no se, "Mpɛn ahe na menka nkyerɛ wo se, worekasa ama Awurade a, ka nokwasɛm?"

16 Na Mikaia ka kyerɛɛ no se, "Anisoadehu mu no, mihuu Israel nyinaa abɔ apete mmepɔw no so nguan a wonni hwɛfo. Na Awurade kae se, Wɔakum wɔn wura. Fa wɔn fie asomdwoe mu.’ "

17 Israelhene ka kyerɛɛ Yehosafat se, "Manka saa ankyerɛ wo ana? Da biara saa na ɔyɛ. Ɔnhyɛ nkɔm pa biara atoro nkɔm na ɔhyɛ fa me ho."

18 Mikaia toaa so se, "Tie nea Awurade ka. Mihuu Awurade ɔte nʼahengua so a ne ɔsorofo asraafo nyinaa atwa ne ho ahyia ne nifa ne ne benkum so. 19 Na Awurade bisae se, Hena na obetumi adaadaa Israelhene Ahab ama wakotu Ramot-Gilead so sa na wɔakum no ?

"Adwenkyerɛ bebree baa ho, 20 kosii ne koraa no, honhom bi bɛnee Awurade kae se, Metumi ayɛ!’ "

Awurade bisae se, " Ɔkwan bɛn so na wobɛfa ayɛ eyi.’ "

21 Na honhom no buae se, "Mɛkɔ akɔdaadaa Ahab adiyifo, ama wɔadi atoro."

Awurade kae se, "so , na wubedi nkonim.

22 "Enti woahu Awurade de nkontompo honhom ahyɛ wʼadiyifo no anom. Awurade adwene ɔde amanehunu bɛba wo so."

23 Na Kenaana babarima Sedekia kɔɔ Mikaia so, kɔbɔɔ no sotɔre bisae se, "Da bɛn na Awurade honhom fii me so bɛkasa kyerɛɛ wo?"

24 Na Mikaia buae se, "Ɛrenkyɛ biara, wubehu nokware no, bere a wubeguan akɔtetɛw kokoa mu dan bi mu."

25 Israelhene Ahab hyɛe se, "Monkyere Mikaia, na momfa no nkɔma Amon a ɔyɛ kurow no mu amrado, na momfa no nkɔ me babarima Yoas nkyɛn. 26 Monka saa asɛm a efi ɔhene nkyɛn yi nkyerɛ wɔn se, Fa saa ɔbarima yi to afiase. Mommma no aduan biara brodo ne nsu, kosi mefi akono bɛba asomdwoe mu.’ "

27 Nanso Mikaia buae se, "wosan ba asomdwoe mu a, na ɛkyerɛ , Awurade amfa me so ankasa." Na ɔka kyerɛɛ wɔn a wogyinagyina , atwa ne ho ahyia no se, "Saa asɛm a maka yi, monhyɛ no nsow."

Ahab Wu

28 Enti Israelhene ne Yudahene Yehosafat dii wɔn asraafo anim, tuu Ramot-Gilead so sa. 29 Afei, ɔhene Ahab ka kyerɛɛ Yehosafat se, "Yɛrekɔ ɔko yi, mɛsakra me ho sɛnea obiara nhu me, nanso wo de, wobɛhyɛ wʼahentade." Enti Ahab sesaa ne ho, na wɔkɔɔ ɔko no.

30 Saa bere no, na Aramhene aka akyerɛ ne nteaseɛnamkafo no se, "Monkɔtow nhyɛ Israelhene nko ara so." 31 Enti bere a Aramhene nteaseɛnamkafo no huu Yehosafat ɔhyɛ nʼahentade no, wɔtaa no. Wɔteɛteɛɛ mu se, "Israelhene no ne no." Nanso, Yehosafat teɛɛ mu frɛɛ Awurade ommegye no nkwa. Na Awurade yii nkurɔfo no ani fii ne so, de gyee no nkwa. 32 Bere a nteaseɛnamkafo no huu ɔnyɛ Israelhene no, wogyaee no taa.

33 Na Aram sraani bi de anibiannaso totow nʼagyan guu Israel asraafo no mu, maa bɛmma no bi kɔwɔɔ Israelhene nkatabo ahyiae ne mmotuam. Ahab teɛɛ mu kyerɛɛ nteaseɛnamkafo no se, "Momfa me mfi ha, na wɔapira me pira bɔne." 34 Ɔko no kɔɔ so da mu no nyinaa. Ahab kotwerii ne teaseɛnam mu a nʼani kyerɛ Aramfo no de kosii anwummere. Na ɛyɛɛ sɛnea owia rekɔtɔ no, owui.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também