Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Beresosɛm 29

Hesekia Di Yudahene

1 Hesekia dii hene Yuda no, na wadi mfe aduonu anum. Na odii ade mfe aduonu akron Yerusalem. Na ne na Sakaria babea a ne din de Abia. 2 Ɔyɛɛ nea ɛsɔ Awurade ani, sɛnea nʼagya Dawid yɛe pɛpɛɛpɛ.

Hesekia San Bue Asɔredan No Ano

3 Afe a edi kan nʼahenni mu, ɔsram a edi kan no, Hesekia buebuee Awurade Asɔredan apon no, siesiee no. 4 Ɔfrɛfrɛɛ asɔfo no ne Lewifo no , wommehyia no Asɔredan no adiwo a ɛwɔ apuei fam . 5 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Lewifo, muntie me! Munnwira mo ho, na munnwira Awurade, mo agyanom Nyankopɔn Asɔredan no nso. Munyiyi biribiara a efi aka no mfi kronkronbea . 6 Yɛn agyanom anni nokware, na wɔyɛɛ bɔne Awurade, yɛn Nyankopɔn anim. Wogyaw Awurade ne nʼAsɔredan no; wɔdan wɔn akyi kyerɛɛ no. 7 Afei, wɔtotoo Asɔredan no ntwironoo apon mu, dunum akanea no. Wogyaee nnuhuamhyew, gyaee ɔhyew afɔrebɔde a wɔde ba Israel Nyankopɔn, kronkronbea no. 8 Ɛno nti na Awurade abufuw aba Yuda ne Yerusalem so no. Wama yɛadan ahufo, ayamhyehyefo ne aserewde, sɛnea muhu no pefee no. 9 Wɔakunkum yɛn agyanom ɔko mu, na wɔakyekyere yɛn mmabarima, yɛn mmabea ne yɛn yerenom nneduafo. 10 Nanso mprempren, me ne Awurade, Israel Nyankopɔn bɛyɛ apam sɛnea nʼabufuwhyew no befi yɛn so. 11 Me mma, afei monnto mo nnwuma asaworam. Awurade ayi mo munnyina nʼanim nsom no, na munni ɔmanfo anim nsom no na monhyew nnuhuam."

12 Afei saa Lewifo yi hyɛɛ dwumadi no ase.

Wɔn a wofi Kohat abusua mu no :

Amasai babarima Mahat ne Asaria babarima Yoel.

Wɔn a wofi Merari abusua mu no :

Abdi babarima Kis ne Yehalelel babarima Asaria.

Wɔn a wofi Gerson abusua mu :

Sima babarima Yoa ne Yoa babarima Eden;

13 Wɔn a wofi Elisafan abusua mu :

Simri ne Yeiel.

Wɔn a wofi Asaf abusua mu :

Sakaria ne Matania.

14 Wɔn a wofi Heman abusua mu :

Yehiel ne Simei.

Wɔn a wofi Yedutun abusua mu :

Semaia ne Usiel.

15 Saa mmarima yi frɛfrɛɛ wɔn mfɛfo Lewifo, na wodwiraa wɔn ho. Na afei, wofii ase dwiraa Awurade Asɔredan no sɛnea ɔhene no hyɛe no. Wɔyɛɛ ahwɛyie, dii Awurade ahyɛde no so pɛpɛɛpɛ wɔn dwumadi no mu. 16 Asɔfo no kɔɔ Awurade Asɔredan kronkronbea , kodwiraa , na wɔfaa biribiara a ɛho agu fi a wohui no fii de baa Asɔredan no adiwo. Lewifo no twee ne nyinaa fii , kɔtow guu Kidron Bon mu. 17 Wofii dwumadi no ase da bi a ɛwɔ ɔsram a edi kan no mu. Na da a ɛto so awotwe no, na wɔadu Awurade Asɔredan no ntwironoo mu . Na wɔde nnafua awotwe bio dwiraa Awurade Asɔredan no ankasa. Enti wɔde nnafua dunsia na ewiee dwumadi no nyinaa.

18 Na Lewifo no kɔɔ ɔhene Hesekia nkyɛn, kɔkaa sɛnea dwumadi no akosi kyerɛɛ no. Wɔkae se, "Yɛadwira Awurade Asɔredan no, ɔhyew afɔrebɔ afɔremuka no a nneɛma ahorow ka ho ne Daa Daa Brodo pon no ne ɛho nneɛma ho. 19 Afei nso, nneɛma a ɔhene Ahas tasee bere a na ɔyɛ asoɔden, na ɔtoo asɔredan no mu no nso, yɛakogye ne nyinaa. Ne nyinaa gu Awurade afɔremuka no anim a wɔadwira ho na wobetumi de adi dwuma biara."

20 Ade kyee anɔpahema no, ɔhene Hesekia boaboaa kurow no mpanyimfo ano ne wɔn kɔɔ Awurade Asɔredan no mu. 21 Wɔde anantwinini ason, adwennini ason, nguantenmma ason ne mpapo ason bae , ahenni, asɔredan no ne Yuda bɔne ho afɔrebɔde. Ɔhene no hyɛɛ asɔfo no a wɔyɛ Aaron asefo wɔmfa mmoa no mmɔ afɔre Awurade afɔremuka no so. 22 Na wokunkum anantwinini no, na asɔfo no de mogya no petee afɔremuka no so. Afei, wokunkum adwennini no de wɔn mogya petee afɔremuka no so. Na awiei no, wɔde nguantenmma no yɛɛ saa ara. 23 Wɔde mpapo a wɔde rebɛbɔ bɔne ho afɔre no baa ɔhene no ne ɔmanfo no anim ma wɔde wɔn nsa guu wɔn so. 24 Afei, asɔfo no kunkum mpapo no bɔne ho afɔrebɔ, de wɔn mogya petee afɔremuka no so, bɔne ho mpata maa Israel nyinaa. Ɔhene no sii so dua , saa ɔhyew ne bɔne ho afɔrebɔ no, wɔmmɔ mma Israel nyinaa.

25 Afei, ɔhene Hesekia de Lewifo no gyinagyinaa Awurade Asɔredan no mu. Ɔde kyɛnkyɛn, mmɛnta ne asankuten maa wɔn. Odii ahyɛde a Awurade nam Gad, a ɔyɛ ɔhene nhumuni ne odiyifo Natan so de maa Dawid no so. 26 Afei, Lewifo no faa Dawid nnwontode no kogyinagyina wɔn gyinabea Asɔredan no ho. Saa ara nso na asɔfo no faa wɔn ntorobɛnto kogyinagyina wɔn afa. 27 Afei, ɔhene Hesekia hyɛɛ wɔmfa ɔhyew afɔre no nsi afɔremuka no so. Bere a wɔde ɔhyew afɔre no reba no, wofii ase too ayeyi nnwom maa Awurade, na wɔde ntorobɛnto ne Israelhene Dawid nnwontode no gyigyee ho. 28 Bagua no sɔree Awurade bere a na nnwontofo no reto nnwom, na wɔrehyɛn ntorobɛnto no ara kosii ɔhyew afɔrebɔde no nyinaa sae.

29 Na ɔhene no ne wɔn a wɔka ne ho no nyinaa kotow somee. 30 Ɔhene Hesekia ne ne mpanyimfo hyɛɛ Lewifo no , wɔmfa Dawid nnwom ne nhumuni Asaf de, nkamfo Awurade. Enti, wɔde anigye kamfoo Awurade, na wɔkotow sɔree.

31 Afei, Hesekia de too gua se, "Ɔsom no aba awiei. Momfa mo afɔrebɔde ne mo aseda mmra Awurade Asɔredan mu." Enti ɔmanfo no de wɔn afɔrebɔde ne wɔn aseda afɔrebɔde bae, na wɔn a wɔpɛ no de ɔhyew afɔrebɔde nso kaa ho.

32 Ɔmanfo no de anantwinini aduɔson, adwennini ɔha ne nguantenmma ahannu ɔhyew afɔrebɔde brɛɛ Awurade. 33 Wɔsan de anantwinini ahansia ne nguan mpensa baa afɔrebɔde. 34 Nanso na asɔfo a wɔwɔ no sua wobetumi asiesie ɔhyew afɔre no nyinaa nti, wɔn abusuafo Lewifo no boaa wɔn kosii dwumadi no baa awiei. Wɔtew asɔfo no pii ho ansa na wɔreboa dwumadi no, efisɛ na Lewifo no adwene wɔn ahotew so sen asɔfo no. 35 Na ɔhyew afɔre ne daa nsa afɔre no buu so. Saa ara nso na asomdwoe afɔre srade nso yɛɛ bebree.

Enti wosiesiee Awurade Asɔredan no maa ɔsom no.29.35 Ɔhyew afɔre dodow…asomdwoe afɔre…daa nsa afɔre. Ɛkae yɛn sɛnea wɔtoo asɔredan no din wɔ Ɔhene Salomo bere so. (7.4-6). Ayɔnkofa afɔre ho mmara 3 Mose 3; 7.11-21. Nsa afɔre ho mmara nso 4 Mose 15.1-12. 36 Na Hesekia ne ɔmanfo no nyinaa gyee wɔn ani nea Onyankopɔn ayɛ ama nnipa no ho, efisɛ wowiee biribiara ntɛm.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também