Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Beresosɛm 3

Salomo Si Asɔredan No

1 Na Salomo fii ase sii Awurade Asɔredan no Yerusalem Moria bepɔw so a ɛhɔ na Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Salomo agya Ɔhene Dawid no. Wosii Asɔredan no Yebusini Arauna awiporowbea , baabi a Dawid yi too no. 2 Salomo dii ade no, ne mfe anan so, Adar ɔsram (bɛyɛ Oforisuo) mu, na wofii ɔdan no si ase.

3 Na Onyankopɔn Asɔredan no fapem ntwemu anammɔn aduɔkron, na ne trɛw mu anammɔn aduasa. 4 Ntwironoo a ɛwɔ Asɔredan no anim trɛw anammɔn aduasa, a ɛne Asɔredan no trɛw .

Afasu a ɛwɔ ntwironoo no mu no nyinaa, wɔde sikakɔkɔɔ adura mu. Ntwironoo no sorokɔ anammɔn aduasa.

5 Ɔpepaw nnua na wɔde sam Asɔredan no mu, na wɔde sikakɔkɔɔ ankasa guu so, dii mmedua ne nkɔnsɔnkɔnsɔn adwinni so. 6 Abohemaa a ɛyɛ ne sikakɔkɔɔ a efi Parwaim na wɔde siesiee Asɔredan no afasu ho. 7 Wɔde sikakɔkɔɔ guu Asɔredan no afasu, afadum, apon ne abobow ano nyinaa ho, na wodii kerubim sɛso adwinni afasu no ho.

8 Na Kronkron mu Kronkron trɛw anammɔn aduasa te asɔredan no ara, ne ntwemu nso anammɔn aduasa. Sikakɔkɔɔ ankasa bɛyɛ nkaribo tɔn aduonu abiɛsa na wɔde guu so. 9 Sikakɔkɔɔ nnadewa a biara kari bɛyɛ gram ahannum ne aduoson anum (575) na wɔde dii ɔdan no ho dwuma. Sikakɔkɔɔ ankasa na wɔde guu soro adan no afasu ani.

10 Salomo yɛɛ kerubim sɛso abien, de sikakɔkɔɔ ankasa guu ho. Wɔde eyinom sisii Kronkron mu Kronkron . 11 Kerubim abien no a wosisi no ntaban ka mu a, ne trɛw anammɔn aduasa. Kerubim baako ntaban baako a ɛpem ɔfasu no tenten anammɔn ason ne fa. Ntaban baako no nso a ɛyɛ anammɔn ason ne fa no, ɛne kerubim baako no ntaban hyia. 12 Saa ara nso na kerubim a ɔto so abien no ntaban baako mu trɛw anammɔn ason ne fa, na ɛpem Asɔredan no fasu a ɛne ɔfasu baako no di nhwɛanim. Ntaban baako a aka no nso trɛw a ɛyɛ anammɔn ason ne fa no, ehyia kerubim a edi kan no ntaban baako. 13 Enti na kerubim abien no ntaban mu trɛw anammɔn aduasa. Na wɔn nyinaa sisi a wɔn anim kyerɛ Asɔredan no mu.

14 Salomo de ntwamtam3.14 Ntwamtam no kyɛ asɔredan no mu abien. Nnua apon no nso wotumi to mu. a ɔde bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne nwera ayɛ, a wɔanwen kerubim nsɛsode agu mu, sɛn Kronkron mu Kronkron no kwan ano.

15 Asɔredan no anim, Salomo yɛɛ afadum abien a emu biara sorokɔ anammɔn aduonu ason. Na ntaaso kata emu biara atifi a ɛno nso sorokɔ anammɔn ason ne fa. 16 Ɔyɛɛ ntweaban nkɔnsɔnkɔnsɔn, de siesiee afadum no atifi. Ɔsan yɛɛ atoaa aba nsɛso fɛfɛ de susoo ntweaban no mu. 17 Afei, ɔde afadum abien no sisii Asɔredan no ano kwan ano. Ɔde baako sii ɔkwan no anafo fam no ano, na ɔde baako nso sii atifi fam. Ɔtoo nea ɛwɔ anafo fam no din Yakin, na nea ɛwɔ atifi fam no, ɔtoo no din Boas.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também