Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Beresosɛm 12

Misraim Tu Yuda So Sa

1 Rehoboam ahenni timii, na ɔyɛɛ den no, ɔne Israel nyinaa gyaw Awurade mmara. 2 Esiane na wonni Awurade nokware no nti, afe a ɛto so anum ɔhene Rehoboam adedi mu no, Misraimhene Sisak kɔtow hyɛɛ Yerusalem so. 3 Ɔde nteaseɛnam apem ahannu, apɔnkɔsotefo mpem aduosia ne anammɔnmufo asraafo a wontumi nkan wɔn dodow a Libiafo, Sukifo ne Etiopiafo ka ho na wɔbae. 4 Sisak dii Yudafo nkurow a wɔabɔ ho ban no so nkonim, na otu teɛɛ ɔrekɔtow ahyɛ Yerusalem so nso.

5 Odiyifo Semaia hyiaa Rehoboam ne Yuda mpanyimfo a Sisak nti, wɔaguan aba Yerusalem. Semaia ka kyerɛɛ wɔn se, "Sɛnea Awurade se ni! Moagyaw me nti, me nso meregyaw mo ama Sisak."

6 Ɔhene no ne Israel mpanyimfo brɛɛ wɔn ho ase, kae se, "Awurade di bem ɔyɛɛ yɛn saa!"

7 Awurade huu wɔanu wɔn ho no, ɔde saa nkra yi somaa Semaia: "Esiane nnipa no abrɛ wɔn ho ase nti, merensɛe wɔn korakora na ɛrenkyɛ, mɛma wɔn ahomegye. Meremfa Sisak so nna mʼabufuw adi Yerusalem so. 8 Nanso wɔbɛyɛ nʼasomfo sɛnea ɛbɛkyerɛ wɔn , ɛsɛ wɔsom me sen wɔbɛsom wiase ahemfo."

9 Enti Misraimhene Sisak baa Yerusalem bɛsesaw agyapade a ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu ne ahemfi nneɛma a Salomo sikakɔkɔɔ nkatabo no nyinaa ka ho. 10 Akyiri no, ɔhene Rehoboam de kɔbere akyɛm de sii anan, na ɔde hyɛɛ ahemfi awɛmfo nsa wɔnhwɛ so. 11 Bere biara a ɔhene no bɛkɔ Awurade Asɔredan no mu no, awɛmfo no soa bi, na owie na ɔreba a, wɔsan de begu awɛmfo dan no mu.

12 Esiane Rehoboam brɛɛ ne ho ase nti, Awurade abufuw no fii ne so, nti wansɛe no korakora. Ɛmaa yiyedi kɔɔ so Yuda asase so.

Rehoboam Ahenni Tiatwa

13 Ɔhene Rehoboam timii Yerusalem, na ɔtoaa so dii hene. Bere a odii ade no, na wadi mfirihyia aduanan baako. Na odii ade mfirihyia dunson Yerusalem, kuropɔn a Awurade ayi afi Israel mmusuakuw nyinaa mu ɛhɔ na wɔbɛhyɛ ne din anuonyam no. Na Rehoboam na din de Naama a ofi Amon. 14 Na ɔyɛ ɔhene bɔne, efisɛ wamfa ne koma nyinaa anhwehwɛ Awurade akyi kwan.

15 Wɔankyerɛw Rehoboam ahenni ho nsɛm nkae no a efi mfiase kosi awiei no odiyifo Semaia nhoma ne nhumuni Ido nhoma a ɛyɛ awo ntoatoaso nhoma no fa bi mu ana? Bere biara, na akokoakoko Rehoboam ne Yeroboam ntam. 16 Bere a Rehoboam wui no, wosiee no Dawid kurom. Na ne babarima Abia dii nʼade ɔhene.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também