Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Beresosɛm 5

Wɔde Apam Adaka No Asɔredan No Mu

1 Bere a Salomo wiee Awurade Asɔredan no si ho dwumadi no, ɔde akyɛde a nʼagya, Ɔhene Dawid, de maa Awurade, a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne nneɛma a aka no bae. Wɔkoraa eyinom nyinaa Onyankopɔn Asɔredan no sikakorabea .

2 Afei, Salomo frɛɛ mmusuakuw ne mmusua ntuanofo a wɔwɔ Israel nyinaa wommehyia Yerusalem. Na ɛsɛ woyi Awurade Apam Adaka no fi baabi a esi Dawid kurow a na wɔsan frɛ Sion no, de beae foforo Asɔredan no mu . 3 Ɔsram Bul (bɛyɛ Ahinime) a wɔredi afirihyia Asese Afahyɛ no, wɔn nyinaa behyiaa ɔhene anim.

4 Bere a Israel mpanyimfo beduu no, Lewifo no pagyaw Adaka no 5 ne ntamadan sononko ne ɛho nneɛma kronkron no nyinaa. Lewifo asɔfo no soa kɔɔ Asɔredan no mu. 6 Ɔhene Salomo ne Israelfo no nyinaa twaa nguan ne anantwi a wɔn dodow nti, obi ntumi nkan wɔn, de bɔɔ afɔre adaka no anim.

7 Afei, asɔfo no maa Awurade Apam Adaka no so, de kɔɔ Asɔredan no kronkronbea a ɛhɔ Kronkron mu Kronkron . Wɔde sii kerubim no ntaban ase. 8 Na kerubim no ntaban trɛw Adaka a ne nnua hyehyɛ ho no so, te kyinii. 9 Na nnua no woware yiye; enti obi gyina Asɔredan no ano kwan ano a ohu. Ne nyinaa da so besi nnɛ. 10 Na biribiara nni adaka no mu abo apon abien a Mose de guu mu Horeb, bere a Awurade ne Israelfo a na wɔatu afi Misraim no yɛɛ apam no.

11 Afei, asɔfo no fii kronkronbea . Saa bere yi, na asɔfo a wɔwɔ no nyinaa, wɔwɔ dwuma bi di anaa wonni hwee , adwira wɔn ho. 12 Lewifo nnwontofo, Asaf, Heman, Yedutun, wɔn mmabarima ne wɔn nuanom nyinaa hyehyɛɛ nwera batakari gyinagyinaa afɔremuka no apuei fam, na wɔbɔɔ kyɛnkyɛn, mmɛnta ne asankuten. Asɔfo ɔha aduonu a wɔrehyɛn torobɛnto bɛkaa wɔn ho. 13 Ntorobɛntohyɛnfo ne nnwontofo no nyinaa bɔɔ mu too dwom de kamfoo Awurade, daa no ase. Wɔde ntorobɛnto, kyɛnkyɛn ne nnwontode ahorow bɛkaa wɔn ho, maa wɔn nne so kamfoo Awurade :

"Oye!

Na nʼadɔe daa!"

Saa bere no mu ara, omununkum bɛhyɛɛ Awurade asɔredan no ma. 14 Asɔfo no antumi antoa wɔn adwuma no so, efisɛ Awurade anuonyam bɛhyɛɛ Onyankopɔn Asɔredan no ma.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também