Pular para o conteúdo
Publicidade

Despedida

Por Bíblia Online

As despedidas na Bíblia são momentos sagrados de bênção, oração e confiança em Deus. Mesmo na separação, os filhos de Deus se despedem com fé, carinho e esperança de reencontro.

Despedidas bíblicas

Paulo se despediu dos anciãos de Éfeso com oração e lágrimas. As despedidas entre irmãos são marcadas por afeto e fé.

Paulo kasa wiei no, ɔne wɔn nyinaa buu nkotodwe bɔɔ mpae. Wɔn nyinaa sui, bam no, maa no nanteyiye. Nea ɛyɛɛ wɔn awerɛhow koraa ne asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn se wɔrenhu no bio no. Afei wɔn nyinaa kogyaa no hyɛn no mu.

Paulo Fi Efeso

Basabasayɛ yi akyi no, Paulo frɛɛ asuafo no kaa nsɛm de hyɛɛ wɔn nkuran, kraa wɔn fii kɔɔ Makedonia.

Wodii nna kakra no, anuanom no gyaa wɔn kwan asomdwoe mu ma wɔsan kɔɔ anuanom a wɔsomaa wɔn no nkyɛn dwoodwoo.

Paulo Ɔkɔsra Wɔn Bio

Anuanom, yɛantumi amma mo nkyɛn bere tiaa bi mu, nanso bere biara na yɛdwene mo ho. Yɛpɛɛ yehu mo, na yɛbɔɔ mmɔden biara yebehyia mo ankasa.

Onyankopɔn ankasa di me adanse mʼani agyina mo Yesu Kristo mu.

Amizades profundas

Davi e Jônatas se despediram com lágrimas e pacto de amizade. Rute se apegou a Noemi com lealdade inabalável.

Bere a abarimaa no kɔe ara , Dawid pue fii baabi a okohintaw a ɛbɛn abo siw no bae. Na Dawid bɔɔ ne mu ase Yonatan anim, de nʼanim butuw fam. Na wofifew wɔn ho wɔn ho ano, na wɔmaa wɔn ho wɔn ho nantew yiye, na wosui, ne titiriw no, Dawid.

Akyiri yi no, Yonatan ka kyerɛɛ Dawid se, "asomdwoe mu, efisɛ yɛayɛ apam Awurade din mu. Yɛde yɛn mu biara ne yɛn mu biara mma ahyɛ Awurade nsa afebɔɔ." Na Dawid kɔe, na Yonatan nso san kɔɔ kurow no mu.

Bere a abarimaa no kɔe ara , Dawid pue fii baabi a okohintaw a ɛbɛn abo siw no bae. Na Dawid bɔɔ ne mu ase Yonatan anim, de nʼanim butuw fam. Na wofifew wɔn ho wɔn ho ano, na wɔmaa wɔn ho wɔn ho nantew yiye, na wosui, ne titiriw no, Dawid.

Afei, Naomi ka kyerɛɛ ne nsenom yi se, "Monsan nkɔ mo nanom fi. Awurade ne mo nni no yiye sɛnea mo ne awufo ne me dii no yiye no. Awurade mmoa mo mu biara na onya ɔhome okunu foforo fi." Afei, ofifew wɔn ano na wɔn nyinaa maa wɔn nne so sui.

Na wɔka kyerɛɛ Naomi se, "Yɛne wo bɛsan akɔ wo nkurɔfo nkyɛn."

Nanso Naomi kae se, "Me mma, monsan nkɔ fie. Adɛn nti na ɛsɛ mo ne me ? Merekɔwo mmabarima bio a wobetumi awareware mo ana? Me mma, monsan nkɔ fie. Manyin, meware kunu bio a, ɛrenyɛ yiye. Mpo, midwen anidaso bi ma me nso anadwo yi ara minya okunu na me ne no wo mmabarima a, mobɛtwɛn kosi wobenyinyin? Mobɛtena atwɛn wɔn ana? Dabi, me mma. Asɛm no den ma me sen mo, efisɛ Awurade ayi ne nsa afi me so!"

Wɔsan twaa adwo bio. Afei, Orpa few nʼase ano de gyaa no kwan, nanso Rut bebaree Naomi ɔne no bɛtena.

Wɔsan twaa adwo bio. Afei, Orpa few nʼase ano de gyaa no kwan, nanso Rut bebaree Naomi ɔne no bɛtena.

Akyiri no, Mose gyaa nʼase kwan ma ɔkɔɔ ne kurom.

Bênçãos de despedida

O Senhor te abençoe e te guarde. O Senhor faça resplandecer o seu rosto sobre ti e te dê a paz.

" Awurade nhyira mo

na ɔnhwɛ mo so.

Awurade ntew nʼanim nkyerɛ mo

na ɔnnom mo.

Awurade mma nʼani so nhwɛ mo

na ɔmma mo asomdwoe.

Awurade bɛbɔ wo ho ban afi ɔsɛe nyinaa ho,

ɔbɛhwɛ wo nkwa so;

Awurade bɛhwɛ wʼadifi ne wo fieba so

mprempren ne daa.

Adom nka mo nyinaa.

Enti anuanom, makra mo! Mompere nhwehwɛ ade pa; muntie mʼafotu; mo ne mo ho mo ho nka na montena ase asomdwoe mu. Na ɔdɔ ne asomdwoe Nyankopɔn no ne mo bɛtena.

Enti anuanom, makra mo! Mompere nhwehwɛ ade pa; muntie mʼafotu; mo ne mo ho mo ho nka na montena ase asomdwoe mu. Na ɔdɔ ne asomdwoe Nyankopɔn no ne mo bɛtena.

Momfa onuadɔ nkyiakyia mo ho mo ho.

Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa kyiakyia mo.

Yɛn Awurade Yesu Kristo dom ne Onyankopɔn ne Honhom Kronkron no ayɔnkofa nka mo nyinaa.

Nyankopɔn Akode

Nea etwa to ne , monyɛ den ne tumi kɛse no mu.

Na Yosua hyiraa wɔn, gyaa wɔn kwan ma wɔkɔɔ fie.

Na ɔfoforo nso kae se, "Awurade, medi wʼakyi nanso ma me kwan na me ne mʼabusuafo nkodi nkra ansa."

Nanso Yesu ka kyerɛɛ no se, "Obiara a ɔbɛma nʼadwene ayɛ no ntanta dwumadi bi a mede ahyɛ ne nsa no ho no, ɔmfata Onyankopɔn ahenni no."

Elisa gyaw anantwi no , tuu mmirika dii Elia akyi, ka kyerɛɛ no se, "Ma menkɔkra mʼagya ne me na ansa na me ne wo akɔ."

Elia buae se, "San . Dɛn na mayɛ wo?"

Afei, Elisa san kɔɔ anantwi no ho kokunkum wɔn. Ɔde funtumfiri no ho nnua no yɛɛ nnyansin de noaa nam no de maa mmarima no ma wɔwee. Afei ɔkɔ kodii Elia akyi ma ɔbɛyɛɛ ne somfo.

Seja o primeiro