Publicidade

Deus nos chamou

Por Bíblia Online

Deus nos chamou antes da fundação do mundo. Ele nos conhece pelo nome, nos predestinou para sermos conforme a imagem de Cristo e nos capacita para o chamado.

Chamados por Deus

Os que Deus predestinou, também os chamou. O Seu chamado é irrevogável — fundamentado no propósito eterno e na graça abundante.

Yɛsene Nkonimdifoɔ

Yɛnim adeɛ nyinaa mu no Onyankopɔn di boa wɔn a wɔdɔ no ma ɛwie wɔn yie. Ɛdi boa wɔn a wɔnam nʼatirimpɔ so afrɛ wɔn. Wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn dada no, ɔde wɔn asi wɔnyɛ ne Ba no, na ne Ba no ayɛ anuanom pii mu abakan. Onyankopɔn frɛɛ wɔn a ɔyii wɔn sii no, na wɔn a ɔyii wɔn no, ɔbuu wɔn bem. Na wɔn a ɔbuu wɔn bem no, ɔhyɛɛ wɔn animuonyam nso.

Mesrɛ mo adwene mu mmue na monhunu ne hann no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛnya anidasoɔ a ɛno enti ɔfrɛɛ mo no ne ahonya a ɛwɔ agyapadeɛ kronkron a ɛwɔ ma ahotefoɔ no, ne ne tumi a ɛso na biribiara ne no nsɛ ma yɛn a yɛgye die no. Ɛyɛ saa tumi nwanwasoɔ no ara na ɔdaa no adi

Mma wʼani nnwu Awurade adansedie, ne me a meyɛ ne deduani ho. Na ɔhaw bi to wo Asɛmpa no ka ho a, gyina pintinn ahoɔden a Onyankopɔn de ama wo no mu. Ɔgyee yɛn nkwa frɛɛ yɛn yɛmmɛyɛ ne dea. Ɛnyɛ biribi pa bi a yɛayɛ enti, na mmom, ɛyɛ nʼadom ara kwa. Ansa na wɔrehyɛ ewiase ase no na ɔnam Kristo Yesu so kyɛɛ yɛn saa adom no, na seesei, ɔnam Agyenkwa Kristo Yesu ba a ɔbɛba no so ada biribiara adi akyerɛ yɛn. Kristo, yɛn Agyenkwa dii owuo so nkonim, na ɔde anigyesɛm a ɛhyerɛn te kanea na ɛma nkwa a ɛnni awieeɛ brɛɛ yɛn.

Na adom nyinaa Onyankopɔn a wafrɛ mo aba ne daa animuonyam no mu Kristo mu no, ɔno ara na monya hunu amane kakra ansa a, ɔbɛsiesie mo ; ɔbɛma mo ase atim; ɔbɛhyɛ mo den; ɔbɛma mo anya nnyinasoɔ.

"Ansa na merebɔ wo awotwaa mu no, na menim wo;

ansa na wɔrebɛwo wo no, meyii wo sii nkyɛn;

meyɛɛ wo odiyifoɔ maa aman no."

A resposta ao chamado

Ninguém pode vir a mim se o Pai não o atrair. Deus escolheu os fracos para confundir os fortes — e nos chamou para a luz.

Mommma ɛnnyɛ mo nwanwa maka saa, na obiara nni a ɔbɛtumi aba me nkyɛn, gye Agya no a ɔsomaa me no twe no ba me ho, na da a ɛdi akyire no, mɛnyane no.

Afei, anuanom, monkae ɛberɛ a Onyankopɔn frɛɛ mo no tebea a na mowɔ mu. Nnipa fam deɛ na mo mu bebree nyɛ anyansafoɔ, na mo mu bebree nni tumi, na mo mu bebree nyɛ adehyeɛ nso. Nanso, Onyankopɔn faa ewiase yi mu nsɛm a aba nni mu no, nam so guu anyansafoɔ anim ase. Onyankopɔn faa nneɛma a ɛyɛ mmerɛ ewiase, nam so de guu ahoɔden anim ase.

Me nuanom adɔfoɔ, montie! Onyankopɔn yii ewiase yi mu ahiafoɔ wɔnyɛ adefoɔ gyidie mu na wɔanya ahennie a ɔhyɛɛ wɔn a wɔdɔ no no ho no.

Ɔgyee yɛn firii esum tumi ase de yɛn baa ne Ba no Ahennie mu dwoodwoo. Ne mu na yɛnya ɔgyeɛ. Ne mu nso na yɛnya bɔnefakyɛ.

Petro ka kyerɛɛ wɔn , "Monnu mo ho na wɔmmɔ mo asu Yesu Kristo din mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔde mo bɔne bɛkyɛ mo na moanya Onyankopɔn akyɛdeɛ a ɛyɛ Honhom Kronkron no. Onyankopɔn hyɛɛ Honhom Kronkron yi ho maa mo ne mo mma ne wɔn a wɔtete akyirikyiri ne wɔn a Awurade, yɛn Onyankopɔn, bɛfrɛ wɔn aba ne nkyɛn no nyinaa."

Confirmando o chamado

Procurai tornar cada vez mais firme a vossa vocação. Deus começou a boa obra e a completará até o dia de Cristo.

Enti, me nuanom adɔfoɔ, monyere mo ho dwuma no die mu, na ɛnni mo ho adanseɛ ampa ara Onyankopɔn afrɛ mo, ayi mo atena afebɔɔ. moyɛ saa a, morensunti na morempa aba nso. mofa saa ɛkwan yi so a, wɔbɛma mo akɔ yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo Ahennie a ɛtoɔ ntwa da no mu.

Yei enti, megye di yie , Onyankopɔn a ɔhyɛɛ aseɛ yɛɛ saa adwuma pa yi mo mu no bɛkɔ so de akɔsi da a Yesu Kristo bɛba no.

"Wɔafrɛ bebree, nanso kakra bi na wɔayi wɔn."

Seja o primeiro
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-