Deus nunca falha
Deus nunca falha. Nenhuma de suas promessas vem ao chão. O que Ele prometeu, Ele cumprirá. A fidelidade de Deus é o fundamento inabalável da nossa fé.
Promessas cumpridas
Nenhuma boa palavra falhou de todas as promessas que Deus fez. Ele é fiel e verdadeiro em tudo o que diz.
"Ɛrenkyɛ biara mewu, sɛnea obiara kɔ no. Mo koma mu no munim sɛ ɛbɔ biara a Awurade, mo Nyankopɔn hyɛɛ no aba mu. Bɔhyɛ no mu biara nni hɔ a amma mu!
Bɔ pa biara a Awurade hyɛɛ Israel no nyinaa baa mu; emu bi anni huammɔ.
"Ayeyi nka Awurade a wama ne nkurɔfo Israelfo ɔhome, sɛnea ɔhyɛɛ ho bɔ no. Trenee bɔ a ɔnam Mose so daa no adi no mu baako koraa nni hɔ a amma mu.
Onyankopɔn nyɛ onipa na wadi atoro;
Ɔnyɛ onipa na wasesa nʼadwene.
Ɔka asɛm a ɔnyɛ ana?
Wahyɛ bɔ bi pɛn a wanni so ana?
Nanso Awurade nhyehyɛe tim hɔ daa,
ne koma mu botae wɔ hɔ ma awo ntoatoaso.
Fidelidade eterna
A Palavra do Senhor permanece para sempre. A tua palavra é muito pura e o teu servo a ama profundamente.
Momma mo ani so nhwɛ ɔsorosoro,
monhwɛ asase wɔ fam;
ɔsorosoro betu ayera sɛ wusiw
na asase bɛtetew sɛ atade
na wɔn a wɔte so bewuwu sɛ nwansena.
Nanso me nkwagye bɛtena hɔ daa,
me trenee to rentwa da.
Wɔasɔ wo bɔhyɛ ahorow no ahwɛ pa ara,
na wo somfo dɔ wɔn.
Wʼahenni yɛ daa ahenni,
na wo tumidi wɔ hɔ ma awo ntoantoaso nyinaa.
Awurade di ne bɔhyɛ nyinaa so,
na ɔwɔ ɔdɔ ma biribiara a wayɛ.
Awurade wowaw wɔn a wɔhwe ase
na ɔpagyaw wɔn a wɔn nnesoa ama wɔakom.
Awurade a ɔte ne mu no yɛ ɔtreneeni;
ɔnyɛ mfomso biara.
Adekyee biara, ɔda ne trenee adi,
na onni huammɔ da,
nanso amumɔyɛfo de, wonnim aniwu.
Adiyisɛm no retwɛn nkrabea bi;
ɛka awiei ho asɛm
na ɛbɛba mu.
Ɛwɔ mu sɛ ɛrekyɛ de, nanso twɛn,
ɛrenkyɛ, ɛbɛba mu.
Segurança em Deus
Todas as promessas de Deus são sim e amém em Cristo. Fiel é Aquele que prometeu — Ele jamais nos decepcionará.
Ɔno mu na Onyankopɔn bɔhyɛ nyinaa awie pɛyɛ. Eyi nti yɛnam Yesu Kristo so ka "Amen" de hyɛ Onyankopɔn anuonyam. Afei Onyankopɔn no ankasa na ɔma yɛne mo tumi gyina pintinn wɔ Kristo mu. Ɔno na ɔsraa yɛn faa yɛn sɛ ne de, na ɔde ne Honhom Kronkron no hyɛɛ yɛn koma mu de sii nea ɔwɔ ma yɛn nyinaa so dua.
Momma yennyina gyidi a yɛaso mu no mu dennen, efisɛ nea ɔhyɛɛ yɛn bɔ no yɛ ɔnokwafo.
Saa ara na ɛte wɔ mo ho nso. Bere a motee nokwasɛm a ɛyɛ asɛmpa a ɛmaa mo nkwagye no, mugyee Kristo dii. Wɔde bɔhyɛ Honhom Kronkron no hyɛɛ mo nsow wɔ ne mu. Honhom no ma yɛn awerehyɛmu sɛ wɔde nea Onyankopɔn de asie ama ne nkurɔfo no bɛma yɛn. Afei yɛbɛde yɛn ho na wɔbɛkamfo Onyankopɔn ahyɛ no anuonyam.
Sɔhwɛ
Nhyira nka onipa a onya gyidi wɔ amanehunu mu, efisɛ ɔno na obenya akyɛde a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ ama wɔn a wɔdɔ no no.