Pular para o conteúdo
Publicidade

Ensinar

Por Bíblia Online

Ensinar é mandamento e dom. A Bíblia exorta pais, líderes e mestres a transmitir a verdade divina com fidelidade, paciência e sabedoria para as próximas gerações.

Ensinar a Palavra

Toda Escritura é útil para ensinar. Quem ouve as palavras de Jesus e as pratica é como o homem sábio que construiu sobre a rocha.

Kyerɛwsɛm nyinaa fi Onyankopɔn home mu, na eye ma nkyerɛkyerɛ, atɛnyi, ateɛteɛ ne trenee mu yɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn nipa bɛyɛ nea wɔasiesie no yiye ama nnwuma pa nyinaa.

"Wɔn a wotie nea meka, na wodi so no te onyansafo a osi ne dan si ɔbotan so.

Kristo asɛm no ne mu nnepa nyinaa ntena mo koma mu. Momfa nyansa nkyerɛkyerɛ. Monto asanku so nnwom ne ayeyi nnwom ne honhom mu nnwom. Mumfi mo koma mu nto aseda nnwom mma Onyankopɔn.

Biribiara a wɔakyerɛw Kyerɛwsɛm no mu no, wɔakyerɛw de kyerɛkyerɛ yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yɛnam boasetɔ, nkuranhyɛ a Kristo Kyerɛwsɛm no de ma yɛn no so benya anidaso.

Botae Ne Nsɛmpɔw

Dawid babarima Salomo, Israelhene, mmebusɛm ni:

Ne botae ne ɛbɛkyerɛ nnipa nyansa ne ahohyɛso;

ne ɛbɛboa ama wɔate nsɛm a emu ase;

wobenya akwankyerɛ abrabɔ pa mu,

a ɛbɛma wɔayɛ ade pa, nea ɛteɛ na ho nni asɛm;

ɛbɛma nea nʼadwene mu nnɔ anya nyansa

na mmabun anya nimdeɛ ne adwene,

anyansafo ntie na wɔmfa nka nea wonim ho,

na nea ɔwɔ nhumu nya akwankyerɛ a

ɛbɛma wate mmɛ ne kasammebu,

anyansafo nsɛnka ne abisaa ase.

Awurade suro nimdeɛ mfiase,

na nkwaseafo bu nyansa ne ahohyɛso animtiaa.

Instruir as gerações

Ensina a criança nos caminhos de Deus. A geração que não conhece o Senhor perde a herança espiritual da fé.

Awurade wo Nyankopɔn fi wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne wʼahoɔden nyinaa mu. Momma saa mmaransɛm a mede rema wo nnɛ yi ntena mo koma mu. Momfa nhyɛ mo mma mu. mote fie anaa monam ɔkwan so, moda anaa mosɔre a, monka ho asɛm.

Nnaadaa Ho Kɔkɔbɔ

Me ba, tie wʼagya akwankyerɛ

na mpo wo na nkyerɛkyerɛ.

Ɛbɛyɛ wo ti anuonyam abotiri

ne wo kɔn mu atweaban.

Aguamammɔ Ho Kɔkɔbɔ

Me ba, tie wʼagya ahyɛde

na nnyaa wo na nkyerɛkyerɛ mu.

Fa kyekyere wo koma ho daa;

na fa kyekyere kɔn mu.

Wonantew a, ɛbɛkyerɛ wo kwan;

woda a, ɛbɛwɛn wo;

wunyan a, ɛbɛkasa akyerɛ wo.

Na saa ahyɛde yi kanea

saa nkyerɛkyerɛ yi hann,

na ahohyɛso nteɛso yi

nkwa kwan,

Nya nyansa, nya ntease;

mma wo werɛ mfi me nsɛm anaa ntwe wo ho mfi ho.

Nnyaw nyansa , na ɛbɛbɔ wo ho ban;

no, na ɛbɛhwɛ wo so.

Nyansa boro biribiara so; enti hwehwɛ nyansa.

Ɛwɔ mu ne bo te wʼahode nyinaa de, nanso nya ntease.

Di no ni na ɛbɛma wo so;

no atuu, na ɛbɛhyɛ wo anuonyam.

Di nkyerɛkyerɛ so; na nnyaa mu,

ho ban yiye, efisɛ ɛyɛ wo nkwa.

Ntu wo nan nsi amumɔyɛfo kwan so

na nnantew abɔnefo kwan so.

Ne nyinaa akyi, wo koma ho ban,

efisɛ, ɛno ne wo nkwa asuti.

Mma oburu kasa mfi wʼano;

mma nkontomposɛm mmɛn wʼano koraa.

Hwɛ wʼanim tee,

na ma wʼani nkɔ nea ɛwɔ wʼanim no so.

ɔkwan tamaa ma wʼanan

na fa akwan a atim so.

Mman mfa nifa anaa benkum;

twe wo nan fi bɔne ho.

Onyansafo nkyerɛkyerɛ te nkwa asuti,

eyi onipa fi owu afiri mu.

Awurade suro nyansa mfiase

Ɔkronkronni no ho nimdeɛ ntease.

Me nkurɔfo, muntie me nkyerɛkyerɛ;

monyɛ aso mma mʼanom nsɛm.

Mɛkasa abebu mu,

mɛka ahintasɛm, teteete nneɛma no,

nneɛma a yɛate na yɛahu;

nneɛma a yɛn agyanom aka ho asɛm akyerɛ yɛn.

Yɛremfa nkame wɔn mma;

yɛbɛka akyerɛ nkyirimma

Awurade nneyɛe a ɛfata nkamfo no,

ne tumi ne anwonwade a wayɛ no.

Israelfo Asoɔden Tia Awurade

Saa awo ntoatoaso no akyi no, awo ntoatoaso foforo nyin a na wonnim Awurade, na wɔnkae nneɛma akɛse a wayɛ ama Israel no.

Fidelidade no ensino

Quem ensina com fidelidade merece dupla honra. Cuidado com doutrinas falsas — permaneçam na doutrina de Cristo.

Wɔnhwɛ Asɛmpaka Yiye

Mpanyimfo a wɔhwɛ asafo no so yiye no, ɛsɛ wodwen wɔn ho na wɔde nidi mmɔho ma wɔn; ne titiriw no wɔn a wɔka asɛm no na wɔsan kyerɛkyerɛ nso. Efisɛ Kyerɛwsɛm no ka se, "Nkyekyere nantwi a osiw aburow no ano!" Bio, "Odwumayɛni akatua fata no!"

Twe wo ho fi nsɛnhuhuw a ɛho ntew ho, efisɛ ɛno na ɛpam nnipa fi Onyankopɔn ho. Nea wɔkyerɛ no te akisikuru a ɛtrɛw fa ɔhonam no ani. Saa akyerɛkyerɛfo yi mu baanu ne Himeneo ne Fileto.

Obiara a ɔntena Kristo nkyerɛkyerɛ mu no nni Onyankopɔn. Na nea ɔtena nkyerɛkyerɛ no mu no Agya no ne Ɔba no.

Yesu Kyerɛkyerɛ Afahyɛ No Ase

Afahyɛ no duu ne mpɔmpɔnso no, Yesu kɔɔ asɔredan mu kɔkyerɛkyerɛe. Bere a Yudafo mpanyin no tee Yesu nkyerɛkyerɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa na wobisae se, "Onipa yi nsuaa nhoma da, na ɛyɛɛ dɛn na otumi kyerɛkyerɛ sɛɛ yi?"

Yesu buaa wɔn se, "Nea merekyerɛ no mfi mʼankasa, na mmom efi Onyankopɔn a ɔsomaa me no. obi ɔyɛ Onyankopɔn apɛde a obehu me nkyerɛkyerɛ no fi Onyankopɔn nkyɛn anaa efi mʼankasa. Obiara a ɔde nʼadwene kasa no anuonyam ma ne ho, na obiara a ɔpɛ anuonyam ma nea ɔsomaa no no ɔnokwafo a nnaadaa biara nni ne mu.

Seja o primeiro