Pular para o conteúdo
Publicidade

Estudar a Bíblia

Por Bíblia Online

Estudar a Bíblia é mergulhar na mente de Deus. A Palavra é lâmpada para os pés, espada do Espírito e alimento para a alma. O cristão que estuda cresce em sabedoria e maturidade.

A importância do estudo

Os bereanos eram mais nobres porque examinavam as Escrituras diariamente. Estudar a Bíblia é mandamento e privilégio.

Na nnipa a wɔwɔ no nyɛ akyinnyegyefo te Tesalonikafo no. Wɔde ahosɛpɛw gyee asɛm no dii a daa na wosua Kyerɛwsɛm no pɛɛ wohu nkyerɛkyerɛ a Paulo kyerɛkyerɛ no nokware ana.

mmɔden wobɛyɛ odwumayɛni a womfɛre Onyankopɔn adwuma no ho, na kyerɛ nokware a ɛwɔ Onyankopɔn asɛm no mu no, na woafata nʼanim.

na wokae nso efi wo mmofraase na woahu Kyerɛwsɛm no a etumi ma wuhu nyansa, na ɛma wunya gyidi Kristo Yesu mu, na egye wo nkwa. Kyerɛwsɛm nyinaa fi Onyankopɔn home mu, na eye ma nkyerɛkyerɛ, atɛnyi, ateɛteɛ ne trenee mu yɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn nipa bɛyɛ nea wɔasiesie no yiye ama nnwuma pa nyinaa.

Nya adagyew kenkan Kyerɛwsɛm no na ka Asɛmpa no na kyerɛkyerɛ ansa na maba.

Musua Kyerɛwsɛm no, efisɛ mugye di ɛno na ɛbɛma moanya nkwa a enni awiei. Nanso saa Kyerɛwsɛm koro no ara di me ho adanse!

Meditar e guardar

Não se aparte a lei do Senhor da tua boca. Medita nela de dia e de noite para que cumpras tudo o que nela está escrito.

Sua saa Mmara Nhoma yi bere biara. Dwen ho awia ne anadwo, sɛnea ɛbɛma woayɛ biribiara a wɔakyerɛw mu no. Saa na ɛbɛma asi wo yiye.

Awurade Mmara Kanea

Wʼasɛm mʼanan ase kanea

ne me kwan so hann.

Awurade Mmara Ho

Ao, medɔ wo mmara no yiye!

Midwinnwen ho da mu nyinaa.

Wo mmara nsɛm ma mihu nyansa sen mʼatamfo,

efisɛ ɛwɔ me nkyɛn daa.

Mewɔ nhumu sen mʼakyerɛkyerɛfo nyinaa,

efisɛ midwinnwen wʼahyɛde ho.

Awurade Mmara Ho Osetie

Aberante bɛyɛ dɛn na nʼakwan ho atew?

Ɛsɛ odi wʼasɛm so.

Mede me koma nyinaa hwehwɛ wo;

mma me mman mfi wo mmara nsɛm ho.

Mede wʼasɛm asie me koma mu

sɛnea merenyɛ bɔne ntia wo.

Awurade, ayeyi nka wo;

kyerɛkyerɛ me wo hyɛ nsɛm.

Mede mʼano ka mmara

a efi wʼanom nyinaa.

Mʼani gye midi wʼahyɛde so,

sɛnea obi ani gye ahonya bebree ho no.

Midwinnwen wo nkyerɛkyerɛ ho

na mehwehwɛ wʼakwan mu.

Mʼani gye wo hyɛ nsɛm ho;

na merentoto wʼasɛm ase.Awurade

Mede koma a mu tew bɛkamfo wo

bere a meresua wo mmara a ɛteɛ no.

Estudo diligente

Esdras preparou o coração para buscar e ensinar a lei. O estudo exige disciplina, constância e coração aberto.

Ofii Babilonia Abib ɔsram (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛto so awotwe, na ɔkɔɔ Yerusalem Ab ɔsram (bɛyɛ Ɔsannaa) da a ɛto so anan. Na Onyankopɔn adom nsa ne so. Efisɛ na Ɛsra asi nʼadwene pi , obesua, na wadi Awurade mmara so, na wakyerɛ Israelfo saa mmara no.

Awurade wo Nyankopɔn fi wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne wʼahoɔden nyinaa mu. Momma saa mmaransɛm a mede rema wo nnɛ yi ntena mo koma mu. Momfa nhyɛ mo mma mu. mote fie anaa monam ɔkwan so, moda anaa mosɔre a, monka ho asɛm. Monkyekye no agyiraehyɛde mmɔ mo nsa na momfa bi mmɔ abotiri. Monkyerɛw ngu mo afi apongua ne mo abobow ano apon so.

ɔtena ahengua no so ɔhene a, ɛsɛ ɔkyerɛw saa mmara yi nhoma mmobɔwee so Lewifo asɔfo anim na ɔfa. Mmere dodow a ɔte ase no, ɛsɛ ɔkora mmara a ɛwɔ ne nkyɛn no na ɔkenkan no daa sɛnea ɛbɛyɛ a, obedi mmara no so na wasuro Awurade, ne Nyankopɔn no. Kenkan a ɔkenkan no daa no remma ɔnyɛ ahantan, nhoran ne ho nkyerɛ ɔsen ne manfo no. Ɛremma no ntwe ne ho mfi mmara no ho nkɔ nifa anaa benkum. Na ɔne nʼasefo bedi ade akyɛ nʼaheman Israel mu.

Botae Ne Nsɛmpɔw

Dawid babarima Salomo, Israelhene, mmebusɛm ni:

Ne botae ne ɛbɛkyerɛ nnipa nyansa ne ahohyɛso;

ne ɛbɛboa ama wɔate nsɛm a emu ase;

wobenya akwankyerɛ abrabɔ pa mu,

a ɛbɛma wɔayɛ ade pa, nea ɛteɛ na ho nni asɛm;

ɛbɛma nea nʼadwene mu nnɔ anya nyansa

na mmabun anya nimdeɛ ne adwene,

anyansafo ntie na wɔmfa nka nea wonim ho,

na nea ɔwɔ nhumu nya akwankyerɛ a

ɛbɛma wate mmɛ ne kasammebu,

anyansafo nsɛnka ne abisaa ase.

Nyansa De Yiyedi Ba

Me ba, mma wo werɛ mfi me nkyerɛkyerɛ,

kora me mmara wo koma mu,

na ɛbɛma wo nkwa aware, mfe bebree

na ɛde yiyedi abrɛ wo.

Di nkyerɛkyerɛ so; na nnyaa mu,

ho ban yiye, efisɛ ɛyɛ wo nkwa.

Na saa ahyɛde yi kanea

saa nkyerɛkyerɛ yi hann,

na ahohyɛso nteɛso yi

nkwa kwan,

Proteção e crescimento

Quem ignora a Palavra perece. Toda Escritura é útil — crescei na graça e no conhecimento do nosso Senhor.

Nimdeɛ a me nkurɔfo nni nti wɔresɛe.

"moapo nimdeɛ nti,

me nso mapo mo mʼasɔfo;

moabu mo ani agu mo Nyankopɔn mmara so nti,

me nso mabu mʼani agu mo mma so.

wɔannyina mmara ne adanse yi so anka asɛm yi a, wunni adekyee mu hann.

Yesu buaa wɔn se, "Mo mfomso a moyɛ no fi nim a munnim Kyerɛwsɛm no, ne Onyankopɔn tumi a ɔwɔ.

Biribiara a wɔakyerɛw Kyerɛwsɛm no mu no, wɔakyerɛw de kyerɛkyerɛ yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yɛnam boasetɔ, nkuranhyɛ a Kristo Kyerɛwsɛm no de ma yɛn no so benya anidaso.

Nanso anuanom, esiane wɔadi kan abɔ mo kɔkɔ no nti, monwɛn na wɔn a wonni mmara so no mfomso no antwe mo amfi mo tebea pa . Munyin yɛn Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo dom ne nimdeɛ mu.

Ɔno na anuonyam nka no mprempren ne daa. Amen.

Saa nkwagye yi na adiyifo no de boasetɔ hwehwɛɛ mu, hyɛɛ saa akyɛde yi a Onyankopɔn de bɛma mo no ho nkɔm. Wɔpɛɛ wohu bere no ne ɔkwan a ɛnam so bɛba. Saa bere yi ne bere a Kristo Honhom a ɛte wɔn mu no rekyerɛ nkɔmhyɛ a ɛfa Kristo amanehunu a ɔbɛfa mu ne anuonyam a ebedi akyi no ho.

Seja o primeiro