Pular para o conteúdo
Publicidade

Oséias 4

Wɔbɔ Israel Kwaadu

1 Muntie Awurade asɛm, mo Israelfo

efisɛ Awurade kwaadu de

mo a mote asase no so:

"Nokware, ɔdɔ, anaa Onyankopɔn ho nimdeɛ nni asase no so.

2 Nnome nko ara, atorotwa ne awudi,

akrɔmmɔ, ne aguamammɔ

na moyɛ ma ɛtra so,

na mogyahwiegu ba ntoatoaso.

3 Eyi nti asase no di awerɛhow

na wɔn a wɔte so nyinaa wuwu;

wuram mmoa, wim nnomaa

ne po mu nam rewuwu.

4 "Mma obiara mmɔ kwaadu,

mma obiara mmɔ ɔfoforo sobo.

Na mmom, mo asɔfo

mo na me ne mo anya.

5 Muhintiw awia ne anadwo,

na adiyifo no ne mo hintiw.

Ɛno nti mɛsɛe mo man.

6 Nimdeɛ a me nkurɔfo nni nti wɔresɛe.

"moapo nimdeɛ nti,

me nso mapo mo mʼasɔfo;

moabu mo ani agu mo Nyankopɔn mmara so nti,

me nso mabu mʼani agu mo mma so.

7 Asɔfo no redɔɔso no

na bɔne a ɛboro so na wɔyɛ tia me.

Wɔde wɔn Anuonyam asesa nea ɛyɛ animguase.

8 Wodidi me nkurɔfo bɔne ho

ɛno nti wɔn ani gye atirimɔdensɛm ho.

9 Sɛnea nnipa no te no, saa ara na asɔfo no nso te.

Mɛtwe wɔn nyinaa aso wɔn akwan ho

na matua wɔn wɔn nneyɛe so ka.

10 "Wobedidi, nanso wɔremmee.

Wɔbɛbɔ aguaman, nanso wɔn ase remfɛe,

efisɛ, wɔagyaw Awurade ,

de wɔn ho ama 11 aguamammɔ,

nsa dedaw ne foforo,

a ɛma me nkurɔfo

12 ntease tu yera.

Wɔkɔ abisa ahoni a wɔde nnua asen nkyɛn

na duasin bi ama wɔn mmuae.

Aguamammɔ honhom rema wɔn ayera kwan;

wonni wɔn Nyankopɔn nokware.

13 Wɔbɔ afɔre mmepɔw atifi

na wɔhyew afɔrebɔde nkoko so:

odum, duafufu ne odupɔn ase,

nea onwini fɔmm .

Ɛno nti, wo mmabea dan aguamammɔfo

na mo nsemmea nso nguamanfo.

14 "Merentwe mo mmabea aso

wɔadan aguamammɔfo,

anaa mo nsemmea aso

wɔasɛe aware.

Efisɛ mo mmarima, mo nso mote saa ara.

Mo ne mmabea ne nsɔreso nguamanfo

fa ayɔnko.

Nnipa a wonni ntease no bɛkɔ ɔsɛe mu!

15 "Ɛwɔ mu woyɛ ɔwaresɛefo de, Israel,

nanso, mma Yuda nni ho .

"Nkɔ Gilgal;

na mforo nkɔ Bet-Awen.

Na nka ntam se, Awurade te ase yi!

16 Israelfo asoɔdenfo

te nantwi ba a ɔyɛ asowui

ɛbɛyɛ dɛn na Awurade ahwɛ wɔn so

nguantenmma a wɔwɔ adidibea?

17 Efraim de ne ho abɔ ahoni ho;

Gyaa no!

18 wɔn nsa sa koraa a,

wɔtoa wɔn aguamammɔ so;

wɔn sodifo ani gye aniwude ho yiye.

19 Mfɛtɛ bɛpra wɔn akɔ,

na wɔn afɔrebɔ de animguase bɛbrɛ wɔn.

Veja também