Publicidade

Oséias 6

Israel Nni Ahonu

1 "Mommra, momma yɛnsan nkɔ Awurade nkyɛn.

Watetew yɛn mu asinasin

nanso ɔbɛsa yɛn yare.

Wapirapira yɛn

nanso ɔbɛkyekyere yɛn apirakuru.

2 Nnaanu akyi, ɔbɛma yɛanya ahoɔden;

nansa so, ɔde yɛn besi yɛn sibea

na yɛanya nkwa wɔ nʼanim.

3 Momma yennye Awurade nto mu;

momma yɛnkɔ so nnye no nto mu.

Sɛnea owia pue da biara no, obepue;

ɔbɛba yɛn nkyɛn te sɛ osu a ɛtɔ awɔwbere mu

anaa asusow bere mu su a ɛfɔw asase."

4 "Dɛn na metumi de wo ayɛ, Efraim?

Dɛn na metumi de wo ayɛ, Yuda?

Mo dɔ te sɛ anɔpa bɔ,

ɛte sɛ anɔpa bosu a etu yera.

5 Mede mʼadiyifo twitwaa mo mu asinasin,

mede mʼanom nsɛm kunkum mo;

mʼatemmu baa mo so sɛ anyinam.

6 Mepɛ ahummɔbɔ na ɛnyɛ afɔrebɔ,

mepɛ Onyankopɔn ho nimdeɛ sen ɔhyew afɔre.

7 Wɔabu apam no so sɛnea Adam yɛe.

Wɔanni me nokware wɔ hɔ.

8 Gilead yɛ atirimɔdenfo kuropɔn

a mogya anammɔn akeka hɔ.

9 Sɛnea akwamukafo ka kwan mu no

saa ara na asɔfokuw no nso yɛ;

wodi awu wɔ Sekem tempɔn so,

yɛ nnebɔne a ɛyɛ animguase.

10 Mahu ahodwiriwde wɔ Israelfi.

Ɛhɔ, Efraim kɔ aguamammɔ mu

Israel gu ne ho fi.

11 "Na wo Yuda nso,

wɔahyɛ otwa bere ama wo.

"Bere biara a mede me nkurɔfo siade bɛsan ama wɔn no,

Veja também

Publicidade
Oséias
Ver todos os capítulos de Oséias
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-18_14-04-22-