Pular para o conteúdo
Publicidade

Hosea 7

1 bere biara a mɛsa Israel yare no,

Efraim nnebɔne da adi.

Samaria awurukasɛm nso da adi.

Wɔyɛ nnaadaafo

akorɔmfo a wobubu adan ani afi mu,

ne akwamukafo a wɔbɔ korɔn mmɔnten so.

2 Na wonhu

mekae wɔn nnebɔne nyinaa.

Wɔn bɔne bunkam wɔn so;

egu mʼanim bere biara.

3 "Wɔde atirimɔdensɛm gyigye ɔhene no ani,

na wɔde atoro nso gyigye ahenemma no ani.

4 Wɔn nyinaa aguamammɔfo

a akɔnnɔ redɛw wɔn mu.

Wɔte fononoo a wɔasɔ mu gya

bere a brodotofo ahyɛ ase refɔtɔw nʼasikresiam.

5 Da a ɔhene rehyɛ fa no

ahenemma bow nsa,

na ɔhene no fɛwdifo ne wɔn mu goru.

6 Wɔn koma te fononoo;

wɔde atirimpɔw bɔne ɔhene anim.

Wɔn nsusuwii bɔne no dɛɛdɛɛ anadwo mu nyinaa;

anɔpa, ɛdɛw te ogyatannaa.

7 Wɔn nyinaa ayɛ hyew fononoo.

Wokunkum wɔn sodifo.

Wɔn ahemfo nyinaa hwehwe ase

na wɔn mu biara nsu mfrɛ me.

8 "Efraim ne aman no adi afra;

Efraim ɔfam a anyinya a wonkisae.

9 Ananafo twe nʼahoɔden,

nanso onhu.

Dwen aba ne ti so,

nanso nʼani mmaa so ɛ.

10 Israel ahantan di adanse tia no,

nanso eyi nyinaa akyi no

ɔnnsan nkɔ Awurade ne Nyankopɔn nkyɛn,

na ɔnhwehwɛ no nso.

11 "Efraim te aborɔnoma,

wotumi daadaa no na onni adwene.

Ɔfrɛ Misraim,

na wadan akɔ Asiria.

12 wɔkɔ a, mɛtow mʼasau agu wɔn so;

atwe wɔn aba fam te wim nnomaa.

mete wɔretu abɔ mu a,

mɛkyere wɔn.

13 Nnome nka wɔn,

efisɛ wɔatwe wɔn ho afi me ho!

Ɔsɛe mmra wɔn so

efisɛ wɔatew me so atua!

anka mepɛ migye wɔn

nanso wutwa atoro fa me ho.

14 Wommfi wɔn koma mu nsu mfrɛ me,

mmom wotwa adwo wɔn mpa so.

Wɔboaboa wɔn ho ano kɔhwehwɛ aduan ne nsa foforo,

nanso wɔtwe wɔn ho fi me ho.

15 Metetew wɔn, hyɛɛ wɔn den,

nanso wɔbɔ pɔw bɔne tia me.

16 Wɔnhwehwɛ Ɔsorosoroni no;

wɔte tadua a asɛe,

wɔn ntuanofo bɛtotɔ afoa ano

efisɛ, wɔnkasa obu so.

Eyi nti wobedi wɔn ho fɛw

Misraim asase so.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também