Pular para o conteúdo
Publicidade

Hosea 5

Atemmu A Etia Israel

1 "Muntie, mo asɔfo!5.1 Asɔfo, Israelfo ne ahemfo, saa akuw abiɛsa yi na na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ bu atɛntrenee, nanso wɔn nyinaa buu ntɛnkyew.

Monhyɛ eyi nso, mo Israelfo!

Monyɛ asow, adehyefi!

Saa atemmu yi tia mo:

Moayɛ afiri Mispa,

ne asau a wɔagu no Tabor so.

2 Atuatewfo adɔ mogyahwiegu mu asukɔ.

Mɛtwe wɔn nyinaa aso.

3 Minim Efraim ho nsɛm nyinaa;

wɔmfaa Israel nhintaw me ɛ.

Efraim, mprempren de wobɔ aguaman;

na Israel aporɔw.

4 "Wɔn nneyɛe mma kwan

mma wɔnnkɔ Nyankopɔn nkyɛn.

Aguamammɔ honhom wɔn koma mu;

wonnye Awurade nto mu.

5 Israel ahantan di tia no.

Israelfo no, mpo Efraim hintihintiw wɔn amumɔyɛ mu;

Yuda nso ne wɔn hintiw saa ara.

6 wɔne wɔn nguan ne wɔn anantwi

kɔhwehwɛ Awurade a

Wɔrenhu no,

efisɛ watwe ne ho afi wɔn ho.

7 Wɔanni Awurade nokware.

Wɔwowoo aguaman mma.

wodi wɔn Ɔsram Foforo Afahyɛ a,

ɔbɛsɛe wɔn nsase.

8 "Hyɛn torobɛnto no Gibea.

Hyɛn mmɛn no Rama.

Momma ɔko nteɛmu so Bet Awen;

Benyamin, monsɔre nni anim.

9 Efraim bɛda mpan

akontaabu da.

Israel mmusuakuw no mu no

mepae mu ka nea ɛwɔ mu.

10 Yuda sodifo no te

wɔn a woyiyi ahye so abo.

Mehwie mʼabufuw agu wɔn so

te nsuyiri.

11 Wɔhyɛ Efraim so,

wotiatia ne so atemmu mu,

wasi nʼadwene pi obedi ahoni akyi.

12 Mɛyɛ nwewee ama Efraim

na mayɛ Yudafo dua a aporɔw.

13 "Bere a Efraim huu ne yare,

na Yuda nso huu nʼakuru no,

Efraim de nʼani kyerɛɛ Asiria.

Ɔsoma kɔɔ ɔhenkɛse no kɔpɛɛ mmoa.

Nanso wantumi ansa no yare,

na akuru no nso anwuwu.

14 Enti mɛyɛ gyata ama Efraim

na mayɛ gyata hoɔdenfo ama Yuda.

Mɛtetew wɔn mu nketenkete, na makɔ;

Mɛsoa wɔn akɔ, na obiara rentumi nnye wɔn.

15 Afei mɛsan akɔ me nkyi

kosi wobenya ahonu.

Na wɔbɛhwehwɛ mʼakyi kwan;

wɔn awerɛhow mu, wɔbɛhwehwɛ me anibere so."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também