Pular para o conteúdo
Publicidade

Hosea 12

1 Efraim de mframa ayɛ aduan;

odi apuei mframa akyi daa

na odi atoro akakabensɛm bebree.

Ɔne Asiria apam

na ɔde ngo Misraim.

2 Awurade sobo de Yuda;

ɔbɛtwe Yakob aso nʼakwan ho

na watua no ne nneyɛe so ka.

3 Ɔyafunu mu na osoo ne nua nantin;

onyinii no, ɔne Onyankopɔn peperee so.

4 Ɔne ɔbɔfo tentam dii ne so nkonim;

ɔde nusu srɛɛ ne nkyɛn adom.

Ohuu no Bet-El

ne no kasaa .

5 Asafo Awurade Nyankopɔn,

Awurade ne ne din a ahyeta!

6 Ɛsɛ wosan wo Nyankopɔn nkyɛn.

Tena ɔdɔ ne trenee mu,

na twɛn wo Nyankopɔn daa.

7 Oguadini de asisi nsania nʼadwuma;

nʼani gye asisi ho.

8 Efraim hoahoa ne ho ,

"Meyɛ ɔdefo; manya me ho.

Mʼahonya nyinaa mu wɔrenhu

amumɔyɛ biara me ho."

9 "Mene Awurade wo Nyankopɔn,

a miyii wo fii Misraim.

Mɛma woakɔtena ntamadan mu bio

sɛnea na woyɛ wʼaponto afahyɛ nna mu no.

10 Mekasa kyerɛɛ adiyifo,

memaa wɔn anisoadehu bebree

na mefaa wɔn so kaa mmebusɛm."

11 Gilead otirimɔdenfo ana?

Emu nnipa no ahuhufo!

Wɔde anantwi afɔre Gilgal ana?

Wɔn afɔremuka bɛyɛ te abo

a wɔahɔre no siw asase a wɔafuntum so.

12 Yakob guan kɔɔ Aramfo asase so;

Israel som de nyaa ɔyere,

ɔhwɛɛ nguan de tuaa ti nsa.

13 Awurade nam odiyifo so

yii Israel fii Misraim,

ɔnam odiyifo so hwɛɛ no.

14 Nanso Efraim ahyɛ no abufuw yayaayaw;

nʼAwurade bɛma ne mogyahwiegu ho afɔdi ada no so

na obetua nʼanimtiaabu no so ka.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também