Pular para o conteúdo
Publicidade

Hosea 8

Israel Betwa Mfɛtɛ Aba

1 "Monhyɛn torobɛnto!

Ɔkɔre bi Awurade fifo so

efisɛ nnipa no abu mʼapam so

na wɔasɔre atia me mmara.

2 Afei Israel su frɛ me se,

Yɛn Nyankopɔn, yegye wo to mu!

3 Nanso Israel apo nea eye;

ɔtamfo bɛtaa no.

4 Wosisi ahemfo a minnim ho hwee,

wɔpaw ahenemma bere a mempenee so ɛ.

Wɔde wɔn dwetɛ ne wɔn sikakɔkɔɔ ahoni ma wɔn ho

de sɛe wɔn ankasa ho.

5 Tow wo nantwi ba ohoni no kyene, Samaria!

Mʼabufuwhyew reba wɔn so.

Wɔbɛtena nea ɛho ntew mu akosi da bɛn?

6 Wofi Israel!

Saa nantwi ba yi, odwumfo bi na osenii;

ɛnyɛ Onyankopɔn!

Wobebubu mu asinasin,

saa Samaria nantwi ba no.

7 "Wodua mframa

na wotwa mfɛtɛ.

Awi a egyina no nni ti;

nti wɔrennya siam mfi mu.

ɛsow aduan mpo a,

ahɔho na wobedi.

8 Wɔamene Israel;

afei ɔfra aman no mu

te ade a so nni mfaso biara.8.8 Wɔfaa Israel sɛ Onyankopɔn ankasa nkurɔfo (2 Mose 19.5; Amos 3.2). Nanso esiane ɔde ne ho akɔma aman foforo bi nti, nʼanuonyam pa ma ɔbɛyɛɛ animguaseman maa Onyankopɔn.

9 Na wɔakɔ Asiria

te wuram afurum a ɔno nko ara nenam.

Efraim nso atɔn ne ho ama adɔfo.

10 Ɛwɔ mu, wɔatɔn wɔn ho amanaman no mu de,

nanso mɛboaboa wɔn ano.

Wɔn so befi ase atew

ɔhene kɛse bi nhyɛso ase.

11 "Ɛwɔ mu Efraim sisii afɔremuka bebree a wɔbɔ bɔnefakyɛ afɔre so de,

ɛno nti abɛyɛ afɔremuka a wɔyɛ bɔne so.

12 Mekyerɛw me mmara a ɛfa nneɛma bebree ho maa wɔn,

nanso wɔfaa no ananafo ade.

13 Wɔde mʼayɛyɛde afɔre

na wɔwe nam no,

nanso wɔnsɔ Awurade ani.

Afei ɔbɛkae wɔn atirimɔdensɛm

na wɔatwe wɔn aso wɔn bɔne ho:

Wɔbɛsan akɔ Misraim.

14 Israel werɛ afi ne yɛfo

na wasisi ahemfi akɛseakɛse;

Yuda abɔ nkurow bebree ho ban.

Nanso mɛto ne nkuropɔn mu gya

a ɛbɛhyew wɔn aban."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também