Pular para o conteúdo
Publicidade

Hosea 9

Israel Asotwe

1 Nni ahurusi, Israel;

nsɛpɛw wo ho te aman a aka no.

Efisɛ woanni wo Nyankopɔn nokware,

wʼani gye aguamammɔ ho

awiporowbea nyinaa so.

2 Awiporowbea ne nsakyiamoa rentumi mma nnipa no aduan;

nsa foforo nso bɛbɔ wɔn.

3 Wɔrentena Awurade asase no so bio;

Efraim bɛsan akɔ Misraim

na wadi aduan a ɛho ntew Asiria.

4 Wɔremmɔ ahwiesa afɔre mma Awurade,

na wɔn afɔrebɔ nso nsɔ nʼani.

Saa afɔrebɔ yi bɛyɛ asufo brodo de ama wɔn;

wɔn a wodi nyinaa ho begu fi.

Saa aduan no bɛyɛ wɔn ankasa dea

na wɔrentumi mmfa nkɔ Awurade asɔredan mu.

5 Dɛn na mobɛyɛ mo aponto da no

ne Awurade afahyɛnna no nso?

6 Mpo woguan fi ɔsɛe mu a

Misraim bɛboaboa wɔn ano,

na Memfis besie wɔn.

Wɔn dwetɛ ahonyade befuw wura,

na wɔn ntamadan adan nsɔe.

7 Asotwe nna no reba,

akontaabu nna no adu;

ma Israel nhu eyi.

Esiane mo bɔne bebrebe

ne mo akokoakoko a adɔɔso nti

mofa no odiyifo kwasea,

na nea honhom akanyan no no ɔbɔdamfo.

8 Odiyifo no ne me Nyankopɔn

Efraim so wɛmfo,

nanso wɔasum no afiri nʼakwan nyinaa so,

na ɔtan ahyɛ ne Nyankopɔn fi ma.

9 Wɔadu porɔwee bun mu,

sɛnea na ɛte Gibea nna no mu.

Onyankopɔn bɛkae wɔn atirimɔden

na watwe wɔn aso wɔn bɔne ho.

10 "Bere a mihuu Israel no,

na ɛte nea mahu bobe nweatam so;

bere a mihuu mo agyanom no,

na ɛte nea mahu borɔdɔma aba a edi kan ne dua so.

Nanso bere a wɔbaa Baal-Peor nkyɛn no

wodwiraa wɔn ho maa ohoni nimguaseni no.

Wɔn ho yɛɛ nwini te ohoni a wɔdɔ no no ara.

11 Efraim anuonyam betu akɔ anomaa,

nyinsɛn ne awo nni ne mu.

12 Mpo wɔtetew mmofra a,

mɛma mmofra no awuwu wɔn nsa mu.

Wonnue,

miyi mʼani fi wɔn so a!

13 Mahu Efraim te Tiro,

a ɛda baabi a eye.

Nanso Efraim de ne mma

bɛbrɛ okumfo no."

14 Fa ma wɔn, Awurade,

dɛn na wode bɛma wɔn?

Ma wɔn ɔyafunu a ɛpɔn

ne nufu a nufusu nni mu.

15 "Wɔn atirimɔdensɛm nyinaa a wodii Gilgal nti,

mefaa wɔn ho tan .

Wɔn nnebɔne nti

mɛpam wɔn afi me fi.

Merennɔ wɔn bio;

efisɛ wɔn ntuanofo nyinaa atuatewfo.

16 Efraim agyigya,

wɔn ntin akisa,

nti wɔnsow aba.

wɔwo mma mpo a,

mekunkum wɔn mma a wɔdɔ wɔn no."

17 Me Nyankopɔn bɛpo wɔn,

efisɛ, wɔanyɛ osetie amma no;

Wobekyinkyin aman no mu.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também