Estudar a Bíblia
Estudar a Bíblia é mergulhar na mente de Deus. A Palavra é lâmpada para os pés, espada do Espírito e alimento para a alma. O cristão que estuda cresce em sabedoria e maturidade.
A importância do estudo
Os bereanos eram mais nobres porque examinavam as Escrituras diariamente. Estudar a Bíblia é mandamento e privilégio.
Na nnipa a wɔwɔ hɔ no nyɛ akyinnyegyefoɔ te sɛ Tesalonikafoɔ no. Wɔde ahosɛpɛ gyee asɛm no diiɛ a daa na wɔsua Atwerɛsɛm no pɛɛ sɛ wɔhunu sɛ nkyerɛkyerɛ a Paulo kyerɛkyerɛ no yɛ nokorɛ anaa.
Bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ odwumayɛfoɔ a womfɛre Onyankopɔn adwuma no yɛ ho, na kyerɛ nokorɛ a ɛwɔ Onyankopɔn asɛm no mu no, na woafata nʼanim.
na wokae nso sɛ ɛfiri wo mmɔfraase woahunu Atwerɛsɛm no a ɛtumi ma wo hunu nyansa, na ɛma wo nya gyidie wɔ Kristo Yesu mu, na ɛgye wo nkwa. Atwerɛsɛm nyinaa firi Onyankopɔn home mu, na ɛyɛ ma nkyerɛkyerɛ, atɛnyie, atenetene ne tenenee mu yɛn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn onipa bɛyɛ deɛ wɔasiesie no yie ama nnwuma pa nyinaa.
Nya adagyeɛ kenkan Atwerɛsɛm no na ka Asɛmpa no na kyerɛkyerɛ ansa na maba.
Mosua Atwerɛsɛm no ɛfiri sɛ, mogye di sɛ ɛno na ɛbɛma mo anya nkwa a ɛnni awieeɛ. Nanso, saa Atwerɛsɛm korɔ no ara di me ho adanseɛ!
Meditar e guardar
Não se aparte a lei do Senhor da tua boca. Medita nela de dia e de noite para que cumpras tudo o que nela está escrito.
Sua saa Mmara Nwoma yi ɛberɛ biara. Dwene ho awia ne anadwo sɛdeɛ ɛbɛma woayɛ biribiara a wɔatwerɛ wɔ mu no. Saa na ɛbɛma asi wo yie.
Awurade Mmara Yɛ Kanea
Wʼasɛm yɛ me nan ase kanea
ne mʼakwan so hann.
Awurade Mmara Ho Ɔdɔ
Ao medɔ wo mmara no!
Medwendwene ho ɛda mu nyinaa.
Wo mmaransɛm ma me hunu nyansa sene mʼatamfoɔ,
ɛfiri sɛ ɛwɔ me nkyɛn daa.
Mewɔ nhunumu sene mʼakyerɛkyerɛfoɔ nyinaa,
ɛfiri sɛ medwendwene wʼahyɛdeɛ ho.
Awurade Mmara Ho Setie
Aberanteɛ bɛyɛ dɛn na nʼakwan ho ate?
Ɛsɛ sɛ ɔdi wʼasɛm so.
Mede mʼakoma nyinaa hwehwɛ wo;
mma me mmane mfiri wo mmaransɛm ho.
Mede wʼasɛm asie mʼakoma mu
sɛdeɛ merenyɛ bɔne ntia wo.
Ao Awurade, nkamfo wɔ wo;
kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm.
Mede mʼano ka mmara
a ɛfiri wʼanomu nyinaa.
Mʼani gye sɛ medi wʼahyɛdeɛ so
te sɛdeɛ obi anigye ahonya bebree ho no.
Medwendwene wo nkyerɛkyerɛ ho
na mehwehwɛ wʼakwan mu.
Mʼani gye wo ɔhyɛ nsɛm ho;
na merentoto wʼasɛm ase.Awurade
Mede akoma a emu teɛ bɛkamfo wo
ɛberɛ a meresua wo mmara a ɛtene no.
Estudo diligente
Esdras preparou o coração para buscar e ensinar a lei. O estudo exige disciplina, constância e coração aberto.
Ɔfirii Babilonia Abib bosome (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛtɔ so nwɔtwe, na ɔkɔɔ Yerusalem Ab bosome (bɛyɛ Ɔsannaa) da a ɛtɔ so ɛnan. Na Onyankopɔn ahummɔborɔ nsa wɔ ne so. Ɛfiri sɛ, na Ɛsra asi nʼadwene pi sɛ, ɔbɛsua, na wadi Awurade mmara so, na wakyerɛ Israelfoɔ saa mmara no.
Dɔ Awurade wo Onyankopɔn firi wʼakoma mu nyinaa ne wo kra nyinaa mu ne wʼahoɔden nyinaa mu. Momma saa mmaransɛm a mede rema wo ɛnnɛ yi ntena mo akoma mu. Momfa nhyɛ mo mma mu. Sɛ mowɔ fie anaa monam ɛkwan so, sɛ moda hɔ anaa mosɔre anɔpa a, monkyerɛkyerɛ wɔn. Monkyekyere no sɛ agyinahyɛdeɛ mmɔ mo nsa na momfa bi mmɔ abotire. Montwerɛ ngu mo fie aponnwa ne mo aboboanopono ho.
Sɛ ɔtena ahennwa no so sɛ ɔhene a, ɛsɛ sɛ ɔtwerɛ mmara nwoma no wɔ mmobɔeɛ so wɔ Lewifoɔ asɔfoɔ anim na ɔfa. Mmerɛ dodoɔ a ɔte ase no, ɛsɛ sɛ ɔkora mmara a ɛwɔ ne nkyɛn no na ɔkenkan no daa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛdi mmara no so na wasuro Awurade ne Onyankopɔn. Kenkan a ɔkenkan no daa no remma ɔnyɛ ahantan, nhoran ne ho nkyerɛ sɛ ɔsene ne manfoɔ no. Ɛbɛsi no kwan sɛ ɔbɛtwe ne ho kakra mpo afiri saa mmara yi ho. Yei bɛsi no gyinaeɛ sɛ ɔne nʼasefoɔ bɛdi adeɛ awoɔ ntoatoasoɔ bebree so wɔ Israel.
Botaeɛ Ne Nsɛmpɔ
Dawid babarima Salomo, Israelhene, mmɛbusɛm nie:
Ne botaeɛ ne sɛ ɛbɛkyerɛ nnipa nyansa ne ahohyɛsoɔ;
ne sɛ ɛbɛboa ma wɔate nsɛm a emu dɔ ase;
sɛ wɔbɛnya ahohyɛsoɔ na wɔabɔ ɔbra pa,
a ɛbɛma wɔayɛ ade pa, deɛ ɛtene na ɛho nni asɛm;
sɛ ɛbɛma deɛ nʼadwene mu nnɔ anya nyansa
na mmabunu anya nimdeɛ ne adwene.
Anyansafoɔ ntie na wɔmfa nka deɛ wɔnim ho,
na deɛ ɔwɔ nhunumu nya akwankyerɛ a
ɛbɛma woate mmɛ ne akasabɛbuo,
anyansafoɔ nsɛnka ne aborɔme ase.
Nyansa Ho Mfasoɔ Nkekaho
Me ba, mma wo werɛ mfiri me nkyerɛkyerɛ,
kora me mmara yi wɔ wʼakoma mu,
na ɛbɛma wo nkwa aware, mfeɛ bebree
na ɛde yiedie abrɛ wo.
Di nkyerɛkyerɛ so; na nnyaa mu
bɔ ho ban yie, ɛfiri sɛ ɛyɛ wo nkwa.
Na saa ahyɛdeɛ yi yɛ kanea;
saa nkyerɛkyerɛ yi yɛ hann,
na ahohyɛsoɔ ntenesoɔ yi
yɛ nkwa kwan,
Proteção e crescimento
Quem ignora a Palavra perece. Toda Escritura é útil — crescei na graça e no conhecimento do nosso Senhor.
Nimdeɛ a me nkurɔfoɔ nni enti wɔresɛe.
"Sɛ moapo nimdeɛ enti,
me nso mapo mo sɛ mʼasɔfoɔ;
sɛ moabu moani agu mo Onyankopɔn mmara so enti,
me nso mabu mʼani agu mo mma so.
Sɛ wɔannyina mmara ne adanseɛ yi so anka asɛm yi a, wonni adekyeɛ mu hann.
Yesu buaa wɔn sɛ, "Mo mfomsoɔ a moyɛ no firi nim a monnim Atwerɛsɛm no, ne Onyankopɔn tumi a ɔwɔ.
Biribiara a wɔatwerɛ wɔ Atwerɛsɛm no mu no, wɔatwerɛ de kyerɛkyerɛ yɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, yɛnam boasetɔ, nkuranhyɛ a Kristo Atwerɛsɛm no de ma yɛn no so bɛnya anidasoɔ.
Nanso anuanom, mo deɛ monim yei dada. Monwɛn na wɔn a wɔnni mmara so annaadaa mo amfiri beaeɛ pa. Monyini wɔ yɛn Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo adom ne nimdeɛ mu.
Ɔno na animuonyam nka no seesei ne daa. Amen.
Saa nkwagyeɛ yi na tete adiyifoɔ no de boasetɔ hwehwɛɛ mu, ɛberɛ a wɔhyɛɛ saa akyɛdeɛ yi a Onyankopɔn de bɛma mo no ho nkɔm. Wɔpɛɛ sɛ wɔhunu ɛberɛ no ne ɛkwan a ɛnam so bɛba. Saa ɛberɛ yi ne ɛberɛ a Kristo Honhom a ɔte wɔn mu no kyerɛɛ wɔn wɔ nkɔmhyɛ mu sɛ Kristo bɛhunu amane, na akyire no wanya animuonyam.