Pular para o conteúdo
Publicidade

Deuteronômio 17

1 Mommfa anantwie anaa nnwan a wɔadi dɛm mmɔ afɔdeɛ mma Awurade, mo Onyankopɔn, ɛfiri , ɛyɛ nʼakyiwadeɛ.

2 ɛba ɔbarima anaa ɔbaa a ɔka mo ho kuro baako bi a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no mu ayɛ bɔne Awurade, mo Onyankopɔn, anim, atia apam no 3 ɔresom anyame foforɔ anaa ɔresom owia, ɔsrane anaa ɔsoro atumfoɔ bi a mabra no, na 4 mote saa asɛm no a, monhwehwɛ mu yie. ɛyɛ nokorɛ na wɔkɔ mu hunu ɛyɛ akyiwadeɛ na wayɛ Israel a, 5 momfa saa ɔbarima anaa ɔbaa no a wayɛ saa bɔne no mmra mo kuropɔn ɛpono ano na monsi no aboɔ nkum no. 6 Adansefoɔ baanu anaa baasa ano asɛm so na ɛsɛ wɔgyina kum saa ɔbarima no. Nanso, ɛnsɛ wɔgyina ɔdanseni baako ano asɛm so kum obi. 7 Adansefoɔ no to ɔboɔ a ɛdi ɛkan a, nnipa a wɔwɔ no nyinaa nso bɛto wɔn deɛ de akum onipa no. Saa ɛkwan yi so na mobɛfa atu onipa bɔnefoɔ ase afiri mo mu.

Asɛnniiɛ

8 wɔde nsɛm bi ba mo asɛnniiɛ a ne die mo den mobɛbu ho atɛn, ɛyɛ awudie, asɛnnie, anaasɛ ntɔkwa a, momfa wɔn nkɔ baabi a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛkyerɛ mo no. 9 Monkɔ asɔfoɔ a wɔyɛ Lewifoɔ ne ɔtemmufoɔ a ɔte adwa mu saa ɛberɛ no nkyɛn. Mommisa wɔn na wɔnkyerɛ mo atɛn a mommuo. 10 Monni gyinaeɛ a wɔbɛsi no so pɛpɛɛpɛ beaeɛ a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛyi ama mo no . Monhwɛ yie na monni biribiara a wɔbɛkyerɛ mo monyɛ no so pɛpɛɛpɛ. 11 Monni mmara a wɔkyerɛ mo ne gyinaeɛ a wɔbɛsi ama mo no so pɛpɛɛpɛ. Monnnane deɛ wɔka kyerɛ mo no ani. Monnkɔ nifa anaa benkum. 12 Ɔbarima a ɔbɛbu ɔtemmufoɔ anaa ɔsɔfoɔ a ɔgyina resom Awurade mo Onyankopɔn animtia no, wɔnkum no. Ɛsɛ motɔre amumuyɛsɛm ase Israel. 13 Nnipa nyinaa bɛte na wɔasuro na wɔremmu animtia bio.

Ɔhene

14 moduru asase a Awurade mo Onyankopɔn de rema mo no so na mofa tena so na moka . "Momma yɛnsi yɛn so ɔhene te aman a atwa yɛn ho ahyia no nyinaa a," 15 monhwɛ mobɛpa obi a Awurade mo Onyankopɔn bɛyi no asi mo so ɔhene. Ɛsɛ ɔyɛ mo nuanom no mu bi. Mommfa ɔhɔhoɔ a ɔnyɛ mo nua Israelni nsi mo so ɔhene. 16 Ɛnsɛ saa ɔhene no apɔnkɔ dodoɔ nʼagyapadeɛ anaasɛ ɔma nnipa sane Misraim kɔtɔ apɔnkɔ dodoɔ , ɛfiri , Awurade aka akyerɛ mo . "Ɛnsɛ mosane mo akyi bio." 17 Ɛnsɛ ɔware yerenom bebree anyɛ saa a, nʼakoma bɛfiri Awurade so. Ɛnsɛ ɔboaboa dwetɛ ne sika pii ano.

18 ɔtena ahennwa no so ɔhene a, ɛsɛ ɔtwerɛ mmara nwoma no mmobɔeɛ so Lewifoɔ asɔfoɔ anim na ɔfa. 19 Mmerɛ dodoɔ a ɔte ase no, ɛsɛ ɔkora mmara a ɛwɔ ne nkyɛn no na ɔkenkan no daa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛdi mmara no so na wasuro Awurade ne Onyankopɔn. 20 Kenkan a ɔkenkan no daa no remma ɔnyɛ ahantan, nhoran ne ho nkyerɛ ɔsene ne manfoɔ no. Ɛbɛsi no kwan ɔbɛtwe ne ho kakra mpo afiri saa mmara yi ho. Yei bɛsi no gyinaeɛ ɔne nʼasefoɔ bɛdi adeɛ awoɔ ntoatoasoɔ bebree so Israel.

Veja também