Pular para o conteúdo
Publicidade

5 Mose (Deuteronomium) 34

Mose Owuo

1 Na Mose firi Moab asase tata so foro kɔɔ Nebo Bepɔ so, sane foroo Pisga kokoɔ no Yeriko ntentenesoɔ. Na Awurade kyerɛɛ no asase no nyinaa, ɛfiri Gilead kɔsi Dan; 2 Naftali nsase nyinaa; Efraim ne Manase nsase; Yuda nsase nyinaa kɔsi Ntam Po no ho; 3 Negeb; ne nsase a ɛfiri Yeriko bɔnhwa no de kɔsi Soar. 4 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose , "Yei ne asase a mekaa ntam hyɛɛ ho kyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob mede bɛma wɔn asefoɔ no. Afei, mama wo de wʼani ahunu, nanso wo nan rensi so."

5 Enti Mose, Awurade ɔsomfoɔ wuu Moab asase so sɛdeɛ Awurade kaeɛ no. 6 Wɔsiee no bɔnhwa bi a ɛbɛn Bet-Peor nanso ɛbɛsi ɛnnɛ, obiara nnim beaeɛ ko pɔtee. 7 Mose dii mfirinhyia ɔha ne aduonu, na ɔwuiɛ nanso na nʼani hunu adeɛ yie na ne ho nso den. 8 Israelfoɔ suu no nnafua aduasa de wiee nʼayie Moab tata so.

9 Afei, Nun babarima Yosua nyaa nyansa honhom ɛfiri , Mose de ne nsa guu ne so. Enti, Israelfoɔ yɛɛ ɔsetie maa no na wɔyɛɛ biribiara sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no ara .

10 Mose akyi no, odiyifoɔ biara mmaeɛ a Awurade nim no animu ne animu. 11 Awurade somaa Mose ma ɔkɔyɛɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ hu Misraim asase so de tiaa Farao, nʼasomfoɔ ne asase no nyinaa. 12 Na ɛnam Mose so na Awurade daa ne tumi kɛseɛ ne ahodwirie nneyɛɛ adi kyerɛɛ Israel nyinaa.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também