Pular para o conteúdo
Publicidade

5 Mose (Deuteronomium) 29

Apam No Ntimu

1 Yei ne nhyehyɛeɛ a ɛwɔ apam a Awurade hyɛɛ Mose ɔne Israelfoɔ no nyɛ Moab nka apam a ɔne wɔn yɛɛ no Horeb no.

2 Mose frɛɛ Israelfoɔ no nyinaa ka kyerɛɛ wɔn :

Mo ahunu deɛ Awurade yɛɛ Farao ne ne mpanimfoɔ ne ne ɔman nyinaa Misraim no. 3 Mo ankasa mohunuu sɔhwɛ akɛseɛ, nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ hu ne anwanwadeɛ akɛseɛ no. 4 Nanso, ɛbɛsi ɛnnɛ yi, Awurade mmaa mo adwene a ɛte asɛm ase anaa ani a ɛhunu adeɛ anaa aso a ɛte asɛm. 5 Mfeɛ aduanan mu a medii mo anim faa ɛserɛ so no, mo ntoma antete; saa ara na mo mpaboa a ɛhyɛ mo nan nso anhi. 6 Moanni aduane, annom nsã anaa nsã a ano den. Meyɛɛ saa sɛdeɛ mobɛhunu mene Awurade, mo Onyankopɔn, no.

7 Yɛduruu ha no, Hesbonhene Sihon ne Basanhene Og ba bɛko tiaa yɛn, nanso, yɛdii wɔn so. 8 Yɛfaa wɔn asase de maa Ruben ne Gad mmusuakuo ne Manase abusuakuo fa no wɔn agyapadeɛ.

9 Ɛno enti, monni saa apam yi so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, biribiara a mobɛyɛ no bɛyɛ yie. 10 Mo nyinaamo mmusuakuo mpanimfoɔ, mo atemmufoɔ, mo ahwɛfoɔ ne Israel mmarima nyinaa, ɛnnɛ mogyina Awurade, mo Onyankopɔn, anim, 11 mo ne mo mma ne mo yerenom ne ahɔhoɔ a wɔte mo mu a wɔbu mo nnua, soa mo nsuo. 12 Mogyina ha mo ne Awurade, mo Onyankopɔn, rebɛyɛ apam, apam a Awurade ne mo reyɛ ɛnnɛ. Ɔde ntam bɛsɔ ano, 13 na wasi so gyinaeɛ ɛnnɛ, moyɛ ne nkurɔfoɔ na ɔno nso bɛyɛ mo Onyankopɔn sɛdeɛ ɔhyɛɛ mo no na ɔkaa ntam kyerɛɛ mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob no. 14 Mereyɛ saa apam yi a ne ntam bata ho. Apam yi, ɛnyɛ mo a 15 mo ne yɛn gyina ha ɛnnɛ Awurade mo Onyankopɔn anim no nko dea. Na mmom ɛwɔ ma wɔn a wɔnni ha nso.

16 Mo ankasa monim sɛdeɛ yɛtenaa Misraim ne sɛdeɛ yɛreba ha no yɛfaa aman so bɛsii ha. 17 Mohunuu akyiwadeɛ ahoni a wɔde nnua ne aboɔ ne dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ayɛ wɔn nkyɛn. 18 Monhwɛ yie ɔbarima anaa ɔbaa anaa abusua biara a wɔwɔ mo mu ɛnnɛ no mu biara akoma rennane mfiri Awurade, mo Onyankopɔn, ho nkɔsom saa aman yi anyame; monhunu , duhini biara nni mo mu a ɛpu bɔnwoma a ɛyɛ nwono saa.

19 Ɛnsɛ obiara a ɔte nnome ho kɔkɔbɔ nsɛm yi susu ɔno deɛ hwee renka no. Mma no nka ne tirim , "Me ho sɔnn, ɛmfa ho menam asoɔden kwan so." Yei de ɔsɛeɛ a ɛso bɛba. 20 Awurade remfa nkyɛ saa nnipa no. Nʼabufuo ne ne ninkunu bɛhye atia wɔn. Nnome a wɔatwerɛ no saa nwoma yi mu nyinaa bɛba wɔn so na Awurade bɛpepa wɔn din afiri ɔsoro ase. 21 Awurade bɛtwe wɔn afiri Israel mmusuakuo nyinaa mu na wahwie apam no mu nnome nyinaa a wɔatwerɛ saa mmara nwoma no mu agu wɔn so.

22 Afei, nkyirimma a wɔbɛba, wɔn a wɔfiri mo ase ne wɔn a wɔfiri ahɔhoɔ ase a wɔfiri akyirikyiri asase so bɛhunu asase no sɛeɛ ne nyarewa a Awurade de bɛbrɛ asase no. 23 Wɔbɛhunu , wɔn asase no dɔteɛ adane sɔfe ne nkyene a wɔdua so biribiara a ɛnyɛ yie, na hwee nso nnyini sompo, ɛserɛ ahahan. Ɛbɛyɛ te Sodom ne Gomora, Adma ne Seboim a Awurade sɛee no nʼabufuo mu no. 24 Aman a atwa ahyia no bɛbisa , "Adɛn enti na Awurade ayɛ saa asase yi saa? Adɛn enti na ne bo fu denden saa?"

25 Na wɔbɛka akyerɛ wɔn , "Saa asɛm yi siiɛ, ɛfiri , nnipa a wɔwɔ asase no so buu apam a wɔne Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn yɛeɛ ɛberɛ a ɔyii wɔn firii Misraim asase so. 26 Wɔdane kɔsom anyame foforɔ a wɔyɛ ahɔhoɔ ma wɔn, anyame a Awurade nkyerɛɛ wɔn wɔnsom. 27 Ɛno enti na Awurade abufuo dɛre tiaa saa asase yi, nam so de nnome a wɔatwerɛ saa nwoma yi mu no baa wɔn so no. 28 Abufuhyeɛ mu, Awurade tutuu ne nkurɔfoɔ ase firii wɔn asase so twaa wɔn asuo de wɔn kɔguu asase foforɔ a wɔte so seesei no."

29 Ahintasɛm nyinaa firi Awurade mo Onyankopɔn , na nneɛma a wada no adi akyerɛ yɛn ne yɛn asefoɔ no, ɛsɛ yɛhyɛ no nso, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, yɛbɛdi ne mmaransɛm yi so.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também