Pular para o conteúdo
Publicidade

5 Mose (Deuteronomium) 9

Israel Nkonimdie Firi Onyankopɔn Adom

1 Ao Israel, montie! Morekɔtwa Yordan na moawura mu akɔgye aman a ɛsoso na wɔwɔ ahoɔden kyɛn mo na wɔwɔ nkuropɔn akɛseɛ na wɔn afasuo kɔka sorosoro no agyapadeɛ. 2 Nnipa no ahoɔden na wɔwowareAnakfoɔ. Moate wɔn nka na moate wɔka , "Hwan na ɔbɛtumi ne Anakfoɔ agyina?" 3 Nanso, merehyɛ mo ase ɛnnɛ , Awurade mo Onyankopɔn na ɔredi mo anim te ogya dɛreɛ a ɛresɛe adeɛ. Ɔbɛsɛe wɔn. Ɔbɛbrɛ wɔn ase mo anim. Na moapam wɔn na moatɔre wɔn ase ntɛm pa ara sɛdeɛ Awurade hyɛɛ mo no.

4 Awurade, mo Onyankopɔn, tu wɔn gu a, monnka no mo akoma mu , "Esiane yɛn tenenee enti na Awurade de saa asase yi ama yɛn." Dabi. Esiane aman no amumuyɛfoɔ no enti na Awurade reyɛ saa. 5 Ɛnyɛ moyɛ ateneneefoɔ ne nokwafoɔ no enti na morekɔfa wɔn asase no. Esiane wɔn amumuyɛ enti, Awurade, mo Onyankopɔn, bɛpamo saa aman yi adi mo anim de akyerɛ , wadi ntam a ɔka kyerɛɛ mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob no so. 6 Meka bio , ɛnyɛ moyɛ teneneefoɔ enti na Awurade, mo Onyankopɔn, de saa asase pa yi rema mo. Ɛnte saa. Moyɛ ɔman a asoɔden ahyɛ mo ma.

Sikakɔkɔɔ Nantwie Ba

7 Monkae yei na mommma mo werɛ mfiri sɛdeɛ mohyɛɛ Awurade, mo Onyankopɔn Abufuo ɛserɛ so no. Ɛfiri ɛberɛ a motu firii Misraim bɛsi moduruu ha yi, moate Awurade anim atua. 8 Mohyɛɛ Awurade abufuo Horeb a anka ɔpɛ ɔsɛe mo. 9 Mekɔɔ bepɔ no so merekɔgye aboɔ twerɛpono a na wɔatwerɛ apam a na Awurade ne mo apam no agu so no, metenaa nnafua aduanan. Mannidi na mannom. 10 Awurade de apam a ɛwɔ aboɔ twerɛpono so a Onyankopɔn ankasa atwerɛ so nsɛm maa me. Ɔfiri ogya a ɛwɔ bepɔ no so no mu na ɔde maa me.

11 Na adaduanan awia ne anadwo no baa awieeɛ no, Awurade de aboɔ ɛpono mmienu a wɔatwerɛ apam no so no maa me. 12 Afei, Awurade ka kyerɛɛ me , "Siane firi ha ntɛm , ɛfiri , nnipa a wodii wɔn anim firi Misraim no adane abɔnefoɔ. Wɔamane afiri ɛkwan a mehyɛɛ wɔn wɔntena ase no so dada, na wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ ohoni afa."

13 Na Awurade ka kyerɛɛ me , "Mahwɛ saa nnipa yi ara ahunu , wɔn aso den pa ara. 14 Ma me ɛkwan na mensɛe na mempepa wɔn din mfiri ɔsoro ase. Na menam so mayɛ wʼasefoɔ ɔman kɛseɛ; ɔman a ɛso na ɛwɔ ahoɔden sene sɛdeɛ ɛte ɛnnɛ yi."

15 Enti, mesiane firii ogya bepɔ no so a aboɔ apono mmienu a apam no so no kura me. 16 Mʼase no, mehunuu sikakɔkɔɔ nantwie ba a mofiri mo bɔne kɛseɛ mu ayɛ atia Awurade, mo Onyankopɔn. Ankyɛre koraa na modane firii Awurade ɛkwan a ɔkyerɛɛ mo momfa so no so. 17 Enti, mepagyaa boɔ apono no kɔɔ soro ɛnna meto hwee fam. Mebubuu no mo anim.

18 Afei, medaa Awurade anim awia ne anadwo adaduanan a manni burodo. Mannom nsuo. Meyɛɛ yei, ɛfiri moyɛɛ adeɛ a Awurade kyi, na ɛnam so maa ne bo fuu yie. 19 Mesuro maa mo, ɛfiri , na Awurade ayɛ nʼadwene ɔbɛsɛe mo. Nanso, ɔtiee me bio. 20 Awurade bo fuu Aaron ara kɔsii anka ɔpɛ ɔsɛe no. Nanso, mebɔɔ mpaeɛ maa Aaron nso. 21 Mefaa mo bɔne no, nantwie ba a moayɛ no, na menanee no ogya mu yamoo no muhumuhu. Metoo ne mfuturo no guu asuwa a ɛtene firi bepɔ no so no mu.

22 Mohyɛɛ Awurade abufuo Tabera, Masa ne Kibrot-Hataawa nso.

23 Kades-Barnea nso, Awurade somaa mo saa ɔhyɛ yi so , "Monkɔ soro nkɔfa asase a mede ama mo no". Nanso, motiaa Awurade mo Onyankopɔn ahyɛdeɛ no na moamfa mo ho anto no so antie nʼasɛm. 24 Aane, ɛfiri mehunuu mo no, daa mosɔre tia Awurade.

25 Ɛno enti na ɛberɛ a Awurade sii nʼadwene pi ɔpɛ ɔsɛe mo no, mekɔdaa nʼanim awia ne anadwo nnafua aduanan no. 26 Mebɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ Awurade , "Otumfoɔ Awurade, nsɛe wo ɔman ne wʼagyapadeɛ a wode wo kɛseyɛ agye asi na wode wo nsa a ɛyɛ den ayi wɔn afiri Misraim no. 27 Yi wʼani firi saa nnipa asoɔdenfoɔ yi so na kae wʼasomfoɔ Abraham, Isak ne Yakob. 28 wosɛe saa nnipa yi a, Misraimfoɔ bɛka , Awurade sɛee wɔn, ɛfiri , wantumi amfa wɔn ankɔ asase a ɔkaa ntam ɔde bɛma wɔn no so. Anaasɛ nso, wɔbɛka , ɔsɛee wɔn, ɛfiri , ɔtan wɔn; ɔde wɔn baa ɛserɛ so ɔrekɔkunkum wɔn.29 Nanso, wɔyɛ wo nkurɔfoɔ ne wʼagyapadeɛ a wonam tumi a ɛso ne wʼabasa a wama soɔ so yii wɔn."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também