Pular para o conteúdo
Publicidade

5 Mose (Deuteronomium) 16

Twam Afahyɛ

1 Daa monni Twam Afahyɛ no ɔbosome Abib16.1 Hebrifoɔ bosome Abib no taa si Ɔbɛnem ne Oforisuo ntam. no mu mma Awurade, mo Onyankopɔn, ɛfiri , ɔbosome Abib mu ɛda bi anadwo na Onyankopɔn yii mo firii Misraim. 2 Monkum anantwie anaa nnwan Twam Afahyɛ afɔrebɔdeɛ mma Awurade, mo Onyankopɔn, baabi a Awurade bɛyi atenaeɛ ne din mu. 3 Monnni burodo a mmɔreka mu; monni burodo a mmɔreka nni mu nnanson, ɛfiri , ɔherɛ so na mofirii Misraim sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mo nkwa nna nyinaa mobɛkae ɛberɛ a motu firii Misraim no. 4 Mommma wɔnhunu mmɔreka mo nkyɛn mo nsase nyinaa so nnanson. Mommma ɛnam a mode bɔɔ afɔdeɛ ɛda a ɛdi ɛkan no anwummerɛ no nnka ogya so nkɔsi anɔpa.

5 Monnni Twam Afahyɛ no nkuro a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no so. 6 Baabi a Awurade mo Onyankopɔn bɛyi wɔnkamfo ne din no na monni Twam Afahyɛ no. owia rekɔtɔ a na monni mfa nkae mo Misraim firi berɛ no. 7 Montoto na monwe no faako a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛyi ama mo no. Na adeɛ kye a, monkɔ mo ntomadan mu. 8 Nnansia na momfa nni burodo a wɔmfaa mmɔreka mfraeɛ. Na ne nnanson so, nnipa no nyinaa nhyia Awurade, mo Onyankopɔn, anim. Na saa ɛda no, obiara nnyɛ adwuma.

Ɔtwa Berɛ Afahyɛ

9 Ɛberɛ a wɔrebɛfiri aseɛ atwa aburoo no na monkan nnanson no. 10 Monni Nnapɛn Dapɔnna ma Awurade, mo Onyankopɔn, na mommɔ ayamyɛ afɔdeɛ sɛdeɛ nhyira a Awurade, mo Onyankopɔn, ahyira mo no sɛso so. 11 Na monnye mo ani Awurade, mo Onyankopɔn, anim baabi a ɔbɛyi atenaeɛ a wɔbɛkamfo ne din nomone no mo mmammarima ne mo mmammaa, mo nkoa ne mo mfenaa, Lewifoɔ a wɔwɔ mo nkuro mu ne ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ a wɔne mo teɛ. 12 Monkae , na moyɛ nkoa Misraim enti monhwɛ yie na monni saa mmara yi nyinaa so.

Asese Afahyɛ

13 moboaboa mo ayuporobea ne mo nsakyimena mu adeɛ ano wie a, momfa nnanson nni Asese Afahyɛ no. 14 Saa afahyɛ yi bɛyɛ ahotɔ ne ahosɛpɛ berɛ ama mo ne mo abusuafoɔ, mo asomfoɔ ne Lewifoɔ, ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ a wɔfiri mo nkuro mu. 15 Nnanson na momfa nni saa afahyɛ yi mfa nhyɛ Awurade, mo Onyankopɔn, animuonyam baabi a ɔbɛyi, ɛfiri , Awurade mo Onyankopɔn na ɔma mo mfudeɛ pii na ɔhyira mo nnwuma nyinaa so. Saa afahyɛ yi ahosɛpɛ ma obiara.

16 Afe biara mu, ɛsɛ mo mmarima hyia mo Awurade, mo Onyankopɔn anim baabi a ɔbɛyi no mprɛnsa de ma Apiti Afahyɛ, Otwa berɛ Afahyɛ ne Asese Afahyɛ no. Ɛnsɛ obiara ba Awurade anim nsapan. 17 Obiara mma deɛ ne nsa bɛso so sɛdeɛ Awurade mo Onyankopɔn ahyira no.

Atemmufoɔ

18 Monsisi atemmufoɔ ne mpanimfoɔ mfiri mo mmusuakuo biara mu nkuro a Awurade, mo Onyankopɔn de rema mo no mu. Wɔbɛbu atɛntenenee nsase no nyinaa so. 19 Mommmu ntɛnkyea da biara da. Monnnye adanmudeɛ, ɛfiri , adanmudeɛ fira anyansafoɔ ani ma wɔsi gyinaeɛ de tia onyamesuroni asɛm. 20 Momma asɛntenenee nna adi sɛdeɛ ɛbɛma moatumi atena asase a Awurade mo Onyankopɔn de rema mo no so.

Ahonisom

21 Monnsisi nnua biara abosompɔ Awurade mo Onyankopɔn afɔrebukyia a morebɛsi ama no no ho. 22 Saa ara nso na monnsi aboɔ adum nsom wɔn, ɛfiri , ɛyɛ Awurade mo Onyankopɔn akyiwadeɛ.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também