Pular para o conteúdo
Publicidade

5 Mose (Deuteronomium) 2

Ɛserɛ So Ananteananteɛ

1 Afei, yɛsane yɛn akyi de yɛn ani kyerɛɛ ɛserɛ so baabi a Ɛpo Kɔkɔɔ no da sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ me menyɛ no. Yɛnantenante faa Seir bepɔ ho nna bebree.

2 Akyire no, Awurade ka kyerɛɛ me , 3 "Moatwa afa saa bepɔ yi ho akyɛre yie enti monnane mo ani nkyerɛ atifi fam. 4 Hyɛ ɔman no , Mobɛfa mo nuanom Edomfoɔ a wɔyɛ Esau asefoɔ a wɔte Seir no asase so. Edomfoɔ no bɛsuro mo, nanso monhwɛ yie. 5 Monnhyɛ wɔn abufuo a ɛde ɔko bɛba, na meremfa wɔn nsase no mu biara mma mo; mpo, baabi a mode mo nan bɛtia, ɛfiri , mede Seir bepɔ kuro ama Esau nʼatenaeɛ. 6 Aduane biara a mobɛdi ne nsuo biara a mobɛnom no, montua wɔn ho ka.’ "

7 Awurade ahyira mo nsa ano nnwuma nyinaa. Wahwɛ mo so mo akwantuo ɛserɛ kakraa yi nyinaa so. Saa mfeɛ aduanan yi nyinaa mu, Awurade aka mo ho na hwee ho anhia mo.

8 Yɛtwa faa yɛn nuanom a wɔyɛ Esau asefoɔ a wɔte Seir no ho. Yɛfaa Araba subɔnhwa ɛkwan no a ɛfiri Elat ne Esion-Geber no so na yɛbɛfaa Moab ɛserɛ so ɛkwan no so.

9 Awurade ka kyerɛɛ me , "Monnha Moabfoɔ no anaa monnteetee wɔn sɛdeɛ ɛde ɔko bɛba, na meremfa wɔn nsase no mu biara mma mo. Ɛfiri , mede Ar ama Lot asefoɔ agyapadeɛ."

10 Kane no na Emifoɔ na wɔte . Na wɔsoso na wɔdɔɔso a wɔwoware te Anakfoɔ no. 11 Wɔn nso, na wɔyɛ abrane Anakfoɔ no ara , a na wɔfrɛ wɔn Refaimfoɔ, nanso Moabfoɔ deɛ, na wɔfrɛ wɔn Emifoɔ. 12 Kane no na Horifoɔ na wɔte Seir, nanso Esau asefoɔ tuu wɔn firii . Wɔsɛee Horifoɔ no tenaa wɔn ananmu sɛdeɛ Israel yɛɛ asase a Awurade de maa wɔn wɔn agyapadeɛ no so no pɛpɛɛpɛ.

13 Awurade kaa , "Afei, sɔre na kɔtwa asuwa Sered no." Na yɛkɔtwaa asuwa Sered.

14 Na nna dodoɔ a yɛde nante firi Kades-Barnea bɛsii yɛtwaa asuwa Sered no mfirinhyia aduasa nwɔtwe. Saa ɛberɛ no, na mmarima a wɔanyinyini yie a wɔbɛtumi akɔ ɔko no nyinaa awuwu ɛserɛ no so sɛdeɛ Awurade kaeɛ no. 15 Na Awurade nsa tiaa wɔn ara kɔsi wɔn nyinaa bɛwuwuu wɔn atenaeɛ .

16 Akofoɔ no nyinaa wuwu firii nnipa no mu , 17 Awurade ka kyerɛɛ me , 18 "Ɛnnɛ, ɛsɛ wofa Ar kɔsi Moab mantam mu. 19 Na woduru Amonfoɔ mu a, nha wɔn anaa nhyɛ wɔn ahometeɛ a ɛde wɔn bɛkɔ ɔko mu, ɛfiri , meremma mo Amorifoɔ nsase no bi. Mede ama Lot asefoɔ agyapadeɛ."

20 Saa beaeɛ na abrane akɛseɛ a na Amonfoɔ frɛ wɔn Samsumin no na wɔte kane no. 21 Na wɔyɛ nnipa ahoɔdenfoɔ a wɔdɔɔso na wɔwoware te Anakfoɔ no. Na Awurade sɛee Samsumifoɔ no Amonfoɔ anim ma wɔtuu wɔn tenaa wɔn anan mu. 22 Saa ara na Awurade sɛee Horifoɔ Esau asefoɔ a na wɔte Seir no anim ma wɔtuu wɔn, tenaa wɔn anan mu de bɛsi ɛnnɛ yi. 23 Na Awifoɔ nso a wɔtenaa nkuraa nkuraa hwete kɔduruu Gasa no nso, Kaftorfoɔ a wɔfiri Kaftor bɛsɛee wɔn, tenaa wɔn anan mu.

Wɔdi Amorihene Sihon So

24 "Sɔre kɔtwa Arnon subonhwa. Mede Hesbonhene Sihon a ɔyɛ Amorini no ne nʼasase ahyɛ wo nsa. Kɔto hyɛ ne so, na monko, na fa nʼasase no. 25 Ɛfiri ɛnnɛ yi ara, mede mo ho suro ne hu bɛhyɛ aman a wɔwɔ ɔsoro ase nyinaa mu. Wɔbɛte mo ho nsɛm na wɔn ho bɛpopo na mo enti, wɔanya adwenemhaw."

26 Metuu abɔfoɔ firii Kedemot ɛserɛ so kɔɔ Hesbonhene Sihon nkyɛn asomdwoeɛ so kɔka kyerɛɛ no , 27 "Ma yɛntwam wʼasase so ha. Yɛbɛfa ɛkwan tempɔn mu a yɛremmane mfa benkum anaa nifa so baabiara. 28 Tɔn aduane ma yɛnni na tɔn nsuo nso ma yɛnnom. Deɛ yɛrehwehwɛ ara ne ɛkwan a wobɛma yɛn ama yɛatwam wʼasase so, 29 sɛdeɛ Esau asefoɔ a na wɔte Seir ne Moabfoɔ a na wɔte Ar yɛɛ yɛn no. Ma yɛntwam nkɔsi yɛbɛtwam Yordan akɔsi asase a Awurade de ama yɛn no so." 30 Nanso, Hesbonhene Sihon amma yɛamfa nʼasase so antwam. Ɛfiri , Awurade yɛɛ ne honhom sisirii, pirim nʼakoma sɛdeɛ ɔnam so de no bɛhyɛ wo nsam nam so adi wɔn so nkonim sɛdeɛ wayɛ no ɛnnɛ yi.

31 Awurade ka kyerɛɛ me , "Mafiti aseɛ de Sihon ne ne ɔman ahyɛ wo nsam. Afei, fiti aseɛ na di wɔn so, na fa nʼasase no."

32 Ɛberɛ a Sihon ne ne dɔm bɛhyiaa yɛn ɔko so Yahas no, 33 Awurade de no maa yɛn ma yɛdii ɔno, ne ne manfoɔ nyinaa so. 34 Na yɛfaa ne nkuro nyinaa saa ɛberɛ no sɛee ne mmarima, mmaa ne mmɔfra a wɔwɔ kuropɔn biara mu a yɛannya obiara, 35 gye afieboa nko na yɛfomm wɔn faeɛ, ɛnna nkuro a yɛfaeɛ no mu asadeɛ. 36 Ɛfiri Aroer a ɛda Arnon subɔnhwa ano ne kuro a ɛda subɔnhwa no mu no so de kɔsi Gilead no, kuro biara nni a na ɛsodie den ma yɛn; Awurade de ne nyinaa hyɛɛ yɛn nsa. 37 Nanso, yɛammɛn Amorifoɔ a na wɔwɔ Asubɔnten Yabok ho ne mmepɔ no so nkuro no baabiara a Awurade yɛn Onyankopɔn hyɛɛ yɛn yɛnnkɔ no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também