Pular para o conteúdo
Publicidade

5 Mose (Deuteronomium) 25

1 akasakasa si mmarima baanu ntam a, wɔmfa asɛm no nkɔ asɛnniiɛ na ɔtemmufoɔ no nni asɛm no. Ɔbɛgyaa deɛ ɔdi bem no na wɔatwe deɛ ɔdi no aso. 2 ɔbarima a ɔdi no fata wɔtwa no mmaa a, ɔtemmufoɔ no bɛma no ada na watwa no mmaa dodoɔ a ɛfata ne bɔne no nʼanim. 3 Nanso, ɛnsɛ wɔtwa no mmaa boro aduanan. wɔtwa no boro saa a, na wɔagu wo nua anim ase wʼanim.

4 Nkyekyere nantwie a ɔreporo atokoɔ ano.

5 nuammarima baanu te fie na wɔn mu baako wu a wanwo ɔba a, ɛnsɛ okunafoɔ no kɔware ɔhɔhoɔ. Mmom, ne kunu a wawuo no nuabarima na ɛsɛ ɔware okunafoɔ no, na wayɛ okunu nua asɛdeɛ ama okunafoɔ no. 6 Abakan a wɔbɛwo no no, wɔde no bɛto nʼagya a wawuo no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, owufoɔ no din rempepa mfiri Israel.

7 Na ɛba owufoɔ no nuabarima mpɛ ɔware ne nua no yere no a, ɔbaa no bɛkɔ kuro no mpanimfoɔ nkyɛn kuro no ɛpono ano akɔka akyerɛ wɔn , "Me kunu nua no mpɛ ne nua no din bɛka Israel. Ɔrentumi nyɛ okunu nua asɛdeɛ mma me." 8 Afei, ɔbarima no kurom mpanimfoɔ bɛfrɛ no akasa akyerɛ no. ɔse pene ara na ɔrempene no so a, ɔbɛka , "Mempɛ meware no" a, 9 okunafoɔ no bɛkɔ ɔbarima no anim a mpanimfoɔ no nso bi. Ɔbɛworɔ ɔbarima no mpaboa baako, ate ntasuo agu nʼanim na waka , "Sei na ɛsɛ wɔyɛ ɔbarima a ɔmpɛ ɔtoa ne nua abusua so." 10 Wɔbɛfrɛ saa onipa no asefoɔ Israel abusua a wɔaworɔ wɔn mpaboa.

11 Israelfoɔ mmarima baanu reko na wɔn mu baako yere ɔboa ne kunu enti, ɔsɔ ɔbarima baako no barima mu a, 12 ɛsɛ wɔtwa ɔbaa no nsa no a ahummɔborɔ biara nni mu.

13 Momfa nsania papa nkari adwadeɛ 14 na monsusu adwadeɛ no pɛpɛɛpɛ. 15 Aane, momfa nsania pa na monsusu adwadeɛ nso pɛpɛɛpɛ na moanya nkwa nna tenten asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no so. 16 Wɔn a wɔfa nsania bɔne ne nkontompo so kari adwadeɛ no Awurade, mo Onyankopɔn, akyiwadeɛ.

17 Mommma mo werɛ mfiri deɛ Amalekfoɔ yɛɛ mo ɛberɛ a mofiri Misraim reba no ɛda biara da. 18 Wɔto hyɛɛ mo so ɛberɛ a moabrɛbrɛ na moatotɔ baha no, na wɔn a wɔaka akyi no nso, wɔbobɔɔ wɔn hwehwee fam. Na wɔnsuro Onyankopɔn. 19 Ɛno enti, Awurade mo Onyankopɔn ma mo ahomegyeɛ firi mo atamfoɔ nyinaa nsam asase a ɔde rema mo agyapadeɛ sononko no so a, ɛsɛ mosɛe Amalekfoɔ, na yɛankae wɔn bio asase yi so. Mommma mo werɛ mfiri yei da!

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também