Pular para o conteúdo
Publicidade

5 Mose (Deuteronomium) 31

Yosua Di Mose Adeɛ

1 Ɛberɛ a Mose kaa saa nsɛm yi kyerɛɛ Israelfoɔ wieeɛ no, 2 ɔkaa bio , "Seesei madi mfeɛ ɔha ne aduonu enti, merentumi nni mo anim bio. Awurade aka akyerɛ me merentwa Asubɔnten Yordan. 3 Nanso Awurade, mo Onyankopɔn, ankasa bɛdi mo anim atwa. Ɔbɛsɛe aman a wɔte na mobɛfa wɔn asase no. Yosua ne onipa foforɔ a ɔbɛdi mo anim sɛdeɛ Awurade hyɛɛ mo no. 4 Awurade bɛsɛe amanaman a wɔte asase no so no sɛdeɛ ɔsɛee Sihon ne Og a na wɔyɛ Amorifoɔ ahemfo no. 5 Awurade de nnipa a wɔte no bɛhyɛ mo nsa na mo ne wɔn bɛdi no sɛdeɛ mɛhyɛ mo no. 6 Monyɛ den na mo bo nyɛ duru! Monnsuro wɔn! Awurade, mo Onyankopɔn, bɛdi mo anim. Ɔrenni mo hwammɔ na ɔrennya mo nso."

7 Afei, Mose frɛɛ Yosua ka kyerɛɛ no Israelfoɔ no nyinaa anim , "den na nnam, na wo na wode ɔman yi bɛkɔ asase a Awurade kaa wɔn agyanom ntam ɔde bɛma wɔn no so; na wo na wobɛkyɛ ama wɔn. 8 Awurade na ɔredi wʼanim. Ɔbɛka wo ho; ɔrenni wo hwammɔ na ɔrennya wo, enti nsuro na mma wʼakoma ntu!"

Mmara No Akenkan

9 Afei, Mose twerɛɛ mmara yi too ; ɔde maa asɔfoɔ a wɔyɛ Lewi mmammarima a wɔsoaa Awurade apam adaka no ne Israel mpanimfoɔ nyinaa. 10 Mose hyɛɛ wɔn , "Mfeɛ nson biara awieeɛ, Asese Afahyɛ mu no, wɔmfa obiara ka a ɔde no nkyɛ no. 11 Israelfoɔ nyinaa nhyia Awurade mo Onyankopɔn anim baabi a ɔbɛkyerɛ no, na moakan saa mmara yi wɔn anim ama wɔate. 12 Frɛ nnipa no nyinaa, mmarima, mmaa, mmɔfra ne ahɔhoɔ a wɔte mo nkuro so nso sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛte na wɔbɛsua , ɛsɛ wɔsuro Awurade, mo Onyankopɔn, na wɔbɛdi mmara no so pɛpɛɛpɛ, 13 na ama wɔn mma a wɔnnim mmara no ate na wɔasua sɛdeɛ ɛsɛ wɔsuro Awurade, mo Onyankopɔn, mmerɛ dodoɔ a mote asase a moretwam afa Yordan akɔfa agyapadeɛ so no."

Wɔka Israel Asoɔden Ho Asɛm

14 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose , "Wo owuo berɛ aso. Frɛ Yosua na fa no ntomadan no mu na mede nʼadwuma bɛhyɛ ne nsa ." Enti Mose ne Yosua kɔdaa wɔn ho adi ntomadan no mu.

15 Na Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn fadum omununkum mu ntomadan kronkron no aboboano. 16 Awurade ka kyerɛɛ Mose "Ɛrenkyɛre, wobɛwu na woakɔka wʼagyanom ho. Wo wuo akyi no, saa nnipa yi bɛfiti aseɛ asom anyame ahɔhoɔ, anyame a wɔwɔ asase a wɔrekɔ so no. Wɔbɛpa me na wɔabu apam a me ne wɔn hyehyɛeɛ no so. 17 Ɛba saa a, mʼabufuo bɛdɛre atia wɔn. Mɛpa wɔn, na mede mʼanim asie wɔn na wɔbɛsɛe wɔn. Ɔhaw a emu den bɛba wɔn so ama wɔaka , Saa ɔhaw yi twa ɛba, ɛfiri , Onyankopɔn nni yɛn nkyɛn bio.18 Saa ɛberɛ no mede mʼanim bɛsie wɔn ɛsiane wɔn bɔne ahodoɔ a wɔayɛ afa anyame foforɔ a wɔsom no ho enti.

19 "Afei, montwerɛ saa dwom yi mu nsɛm mfa na monkyerɛ Israelfoɔ no, na wɔnto sɛdeɛ ɛbɛyɛ adansedeɛ ama me, na mede atia wɔn. 20 Mede wɔn bɛba asase a nufosuo ne ɛwoɔ resene so sɛdeɛ mekaa ntam hyɛɛ wɔn agyanom no. Na wɔdidi mee akɛseɛ a, afei, wɔbɛdane wɔn ani akɔsom anyame afoforɔ apo me, na wɔnam so abu mʼapam no so. 21 Afei, ɔhaw ne akwansideɛ bebree ba wɔn so a, ɛdwom yi bɛtia wɔn, ɛfiri , wɔn asefoɔ werɛ remfiri da. Menim deɛ ɛsɛ wɔyɛ ansa koraa na mede wɔn bɛba asase a maka ho ntam ahyɛ no so." 22 Enti, Mose twerɛɛ dwom no guu saa ɛda no, na ɔkyerɛɛ Israelfoɔ no.

23 Afei, Awurade hyɛɛ Nun babarima Yosua , "den na nnam, ɛfiri , wo na wode Israelfoɔ bɛba asase a mekaa ntam hyɛɛ ho no so, na mʼankasa mɛka mo ho."

24 Ɛberɛ a Mose twerɛɛ mmaransɛm no nyinaa guu nwoma mu wieeɛ no, 25 ɔde saa ɔhyɛ nsɛm yi maa Lewifoɔ a wɔsoaa Awurade apam adaka no: 26 "Momfa saa Mmara Nwoma yi nkɔto Awurade, mo Onyankopɔn, apam adaka no nkyɛn. Ɛhɔ na ɛbɛda adansedeɛ a ɛtia Israelfoɔ. 27 Ɛfiri , menim sɛdeɛ moyɛ atuatefoɔ ne asoɔden. Mpo, me ne mo da so yi, moate Awurade so atua. Na me wuo akyi no, atua bɛn na morente! 28 Momfrɛ mo mpanimfoɔ nyinaa ne mo mmusuakuo ntuanofoɔ nyinaa sɛdeɛ mɛtumi akasa akyerɛ wɔn na mafrɛ ɔsoro ne asase de adi adanseɛ atia wɔn. 29 Menim me wuo akyi, mobɛsɛe koraa na moapae afiri ɛkwan a makyerɛ mo momfa so no so. Mmerɛ a ɛreba no mu, amanehunu bɛba mo so, ɛfiri , monam bɔne a mobɛyɛ Awurade anim no so bɛhyɛ no abufuhyeɛ."

Mose Dwom

30 Enti, Mose kaa dwom no mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ Israelfoɔ a wɔahyia no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também