Pular para o conteúdo
Publicidade

5 Mose (Deuteronomium) 23

Nnipa A Wɔmfata Awurade Badwa Asekɔ

1 Ɔbarima a wɔasa no anaa wɔatwa ne barima atwene no mmma Awurade badwa ase.

2 Wɔn a wɔyɛ mpena mma ne wɔn asefoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so edu no mmma Awurade badwa ase.

3 Amonfoɔ anaa Moabfoɔ anaa wɔn asefoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ edu no mu biara mmma Awurade badwa ase. 4 Saa aman yi annye mo, amma mo aduane anaa nsuo ɛberɛ a mofiri Misraim reba no. Mmom, wɔkɔbɔɔ Beor babarima Balaam a ɔfiri Petor a ɛwɔ Mesopotamia paa ɔmmɛdome mo. 5 Nanso Awurade, mo Onyankopɔn, antie Balaam. Ɔdanee nnome no ma ɛyɛɛ nhyira maa mo, ɛfiri , Awurade mo Onyankopɔn mo. 6 Na mote ase yi, mommmoa Amonfoɔ ne Moabfoɔ ɛkwan biara so da biara da.

7 Monnkyiri Edomfoɔ anaa Misraimfoɔ, ɛfiri , Edomfoɔ mo nuanom na motenaa Misraimfoɔ nso mu ahɔhoɔ. 8 Misraimfoɔ awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa a wɔne mo firii Misraim no bɛkɔ Awurade badwa ase.

Atenaeɛ Afideɛ

9 mokɔ ɔko de tia mo atamfoɔ a, montwe mo ho mfiri deɛ ɛho nte biara ho. 10 ɔbarima bi ho gu fi ɛsiane anadwo mu ahobaa a, ɛsɛ ɔfiri atenaeɛ kɔtena baabi ɛda mu no nyinaa. 11 Ɛduru anwummerɛ a, ɛsɛ ɔdware na owia kɔtɔ a, ɔnsane mmra atenaeɛ .

12 Montwa baabi a mobɛgya mo anan asraafoɔ atenaeɛ . 13 Mo mu biara mfa sofi nka ne nneɛma ho. Ɛberɛ biara a mobɛgya mo anan no, momfa sofi no ntu amena na monkata agyanan no so. 14 Ɛsɛ asraafoɔ atenaeɛ kronkron, ɛfiri , Awurade, mo Onyankopɔn, nam mo atenaeɛ no so mo ho ban, na moadi mo atamfoɔ so nkonim. Ɛnsɛ ɔhunu animguasedeɛ biara mo mu; ɛba saa a, ɔbɛdane nʼakyi akyerɛ mo.

Asetena Pa Ho Mmara

15 ɛba nkoa dwane firi wɔn wuranom nkyɛn na wɔba mo nkyɛn bɛgye wɔn ho dwanekɔbea a, mommpam wɔn mma wɔnnsane wɔn akyi. 16 Momma wɔntena mo mu kuro biara a wɔpɛ so a monnnyɛ wɔn aniɛyaadeɛ.

17 Ɛnsɛ Israelni barima anaa ɔbaa no ho hyiadan mu odwamanfoɔ. 18 Mommfa afɔrebɔdeɛ anaa adenya bi a ɛfiri odwamanfoɔ nkyɛn, ɔyɛ ɔbarima anaa ɔbaa, mma Awurade mo Onyankopɔn fie, ɛfiri , ɛyɛ Awurade mo Onyankopɔn akyiwadeɛ.

19 Bosea a mobɔ mo yɔnko Israelni no, ɛyɛ sika, aduane anaa biribi foforɔ no, monnnye ho mfɛntom. 20 Motumi gye bosea ho mfɛntom firi ahɔhoɔ nkyɛn, na ɛnyɛ Israelfoɔ nkyɛn, sɛdeɛ Awurade, mo Onyankopɔn, bɛhyira mo biribiara a moyɛ mu asase a morekɔ so akɔfa no.

21 mohyɛ Awurade mo Onyankopɔn a, biribiara a mohyɛɛ no ho no, monyɛ no ntɛm so. Ɛfiri , Awurade, mo Onyankopɔn hwehwɛ , ɛbɔ a moahyɛ no no, mobɛdi so ntɛm so. moanyɛ a, mobɛdi ho . 22 Nanso, moanhyɛ biribiara ho a, monyɛɛ bɔne biara. 23 Na wo ara wofiri wo mu hyɛ a, hwɛ yie na di asɛm a woaka no so, ɛfiri , Awurade, mo Onyankopɔn na woahyɛ no no.

24 Wotumi di bobe aba dodoɔ biara wo yɔnko bobe turom nanso, mfa bi ngu kɛntɛn mu nkɔ. 25 Saa ara na mobɛtumi de mo nsa apempan aburoo mmɛtem kakra mo yɔnko afuom, nanso ɛnsɛ mode sekan twa.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também