Pular para o conteúdo
Publicidade

5 Mose (Deuteronomium) 19

Dwanekɔbea Nkuropɔn

1 Awurade mo Onyankopɔn sɛe aman a ɔde wɔn nsase rema mo na mopam wɔn na motena wɔn nkuro no mu ne wɔn afie mu a, 2 monyi nkuropɔn mmiɛnsa19.2 Yei yɛ nkuropɔn mmiɛnsa a ɛbɛkaa baako a na ɛwɔ hɔ dada a na ɛwɔ Yordan apueeɛ fam sɛ dwanekɔbea no. Na yeinom wɔ Yordan atɔeɛ fam. a ɛwɔ asase no mfimfini a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo afa no. 3 Monyiyi akwan nkɔ na monkyɛ asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo agyapadeɛ no mu mmiɛnsa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, obi kum obi a, ɔbɛdwane akɔ .

4 obi anhyɛ da na ɔkum obi a ɔnni ne ho menasepɔ anaa ɔntan no dada a, onipakumfoɔ no tumi dwane saa nkuropɔn yi biara so de gye ne ho nkwa. 5 ebia, obi ne ne yɔnko bi wiram rekɔbu nnua na ɛba ɔbaako de abonnua rebu dua bi na abonnua no hɔn firi ne dua mu kumm ne yɔnko no a, saa asɛm yi mu no, onipakumfoɔ no tumi dwane nkuropɔn no baako so de gye ne ho nkwa. 6 dwanekɔbea biara mmɛn a, ɔtaafoɔ bi bɛtumi ataa onipakumfoɔ no akum no. ɛba saa a, ɛkyerɛ , wɔakum onipakumfoɔ no ɛberɛ a wanhyɛ da akum obi. Wankum onipa, na mmom deɛ ɔyɛeɛ asiane. 7 Ne saa enti na merehyɛ mo monyi nkuropɔn mmiɛnsa nsi nkyɛn no.

8 Awurade mo Onyankopɔn trɛ mo ɔman mu sɛdeɛ ɔkaa ho ntam kyerɛɛ mo agyanom na ɔde asase no nyinaa ma mo sɛdeɛ ɔhyɛɛ wɔn ho no a, 9 ɛsɛ moyi nkuropɔn mmiɛnsa si nkyɛn. moto mo bo ase di mmara a mehyɛɛ mo no so ɛnnɛ yi monnɔ Awurade mo Onyankopɔn na monnante nʼakwan so a, ɛnneɛ, ɔde asase no bɛma mo. 10 Monyɛ yei, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔnhwie mogya a ɛnni no ngu mo asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo mo agyapadeɛ no so, na moanni mogyahwieguo no ho .

11 obi tan obi enti ɔhyɛ da kɔtɛ no kumm no na ɔdwane nkuropɔn no bi so kɔtɛ a, 12 ɛsɛ mpanimfoɔ a wɔwɔ ne kuro no mu no soma ma wɔkɔpɛ no ma wɔsane de no ba kuropɔn no mu ma owufoɔ no nkurɔfoɔ nso kum no bi. 13 Mommma onipakumfoɔ no asɛm nha mo. Monyi wɔn a wɔdi awudie ho Israel nyinaa mmra, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, biribiara bɛkɔ yie ama mo.

14 moduru asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo agyapadeɛ sononko no so a, monntutu ɛhyeɛ a mo agyanom atoto ngu mmfa so nwia obi asase.

Adansefoɔ

15 Mommmu obi a ɔdanseni baako abɛdi atia no no . Soboɔ bɛdi mu ɛberɛ a nnipa baanu anaa baasa abɛdi adanseɛ.

16 atorɔ danseni bi ba bɛbɔ obi amumuyɛ bi ho kwaadu a, 17 ɛnneɛ, ɛsɛ kwaadubɔni no ne onipa a wabɔ no kwaadu no nyinaa ba asɔfoɔ ne atemmufoɔ a wɔreyɛ Awurade adwuma no anim. 18 Ɛsɛ wɔto wɔn bo bisa nnipa no nsɛm mu yie. Na wɔhunu kwaadubɔni no retwa atorɔ a, 19 wɔde asotwe a anka ɛsɛ wɔde ma onipa a wɔabɔ no kwaadu no bɛma no. mofa saa ɛkwan yi so a, mobɛtu amumuyɛsɛm nyinaa afiri mo mu. 20 Wɔn a wɔbɛte no bɛsuro wɔbɛyɛ saa bɔne no bi. 21 Monnhunu obiara mmɔbɔ! Mo mmara a ɛsɛ modi so no nkwa nsi nkwa ananmu, ani nsi ani ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu, nsa nsi nsa ananmu, ɛnan nsi ɛnan ananmu.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também