Pular para o conteúdo
Publicidade

5 Mose (Deuteronomium) 18

Asɔfoɔ Ne Lewifoɔ Akyɛdeɛ

1 Asɔfoɔ a wɔyɛ Lewifoɔ, nokorɛm Lewi abusuakuo nyinaa nni kyɛfa ne agyapadeɛ biara Israel ɔman mu te mmusuakuo a aka no. Mmom, asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no bɛdi ogya afɔdeɛ a wɔbɔ ma Awurade no bi wɔn agyapadeɛ. 2 Israelfoɔ mu deɛ, wɔrennya agyapadeɛ biara wɔn ankasa kyɛfa. Awurade ankasa bɛyɛ wɔn kyɛfa sɛdeɛ ɔhyɛɛ wɔn no ara.

3 Yei ne kyɛfa a asɔfoɔ no bɛnya afiri anantwie ne odwan a nnipa no de bɛbɔ afɔdeɛ no mu: nʼabati, nʼapantan ne nʼayamdeɛ. 4 Afei, momma wɔn mo aburookan mu adeɛ, nsã foforɔ ne ngo ne nwi a ɛdi ɛkan a wɔtwitwa firi odwan ho. 5 Ɛfiri , Awurade, mo Onyankopɔn, ayi Lewifoɔ afiri mo mmusuakuo nyinaa mu wɔnnyina, nsom daa Awurade din mu.

6 Lewini bi na ɔfiri mo nkuro no mu biara a ɔte so mu Israel baabi a Awurade ayi a, 7 ɔtumi som Awurade, ne Onyankopɔn, din mu te deɛ ne nkurɔfoɔ Lewifoɔ a wɔsom Awurade anim no no ara. 8 mpo wanya sika bi afiri abusua agyapadeɛ bi tɔn mu a, wɔde ne kyɛfa a ɛwɔ afɔrebɔdeɛ no mu Lewini no bɛma no asɛdeɛ.

Nneyɛɛ A Ɛyɛ Akyiwadeɛ

9 monya duru asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no so a, monhwɛ yie na moansua amanaman a ɛwɔ no amanneɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ. 10 Mommma wɔnnhunu mo mu bi de ne babarima anaa ne babaa abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Na mommma mo nnipa no nnyɛ akɔmfoɔ a wɔhyɛ abosom nkɔm, abayifoɔ ne abisakorɔfoɔ, ne ntafowayifoɔ 11 ne nkaberɛkyerefoɔ ne asamanfrɛfoɔ, adutofoɔ a ɔbisa afunu. 12 Obiara a ɔyɛ saa adeɛ yi bi no Awurade akyiwadeɛ na saa akyiwadeɛ yi enti, Awurade, mo Onyankopɔn, bɛpamo saa aman no afiri mo anim. 13 Na wɔmmfa so bi nto mo so Awurade, mo Onyankopɔn, anim.

Odiyifoɔ

14 Aman a morekɔtu wɔn yi tie wɔn a wɔpɛ abayisɛm ne nkɔmhyɛsɛm. Nanso mo deɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, mma mo kwan monyɛ saa. 15 Awurade, mo Onyankopɔn, bɛyi odiyifoɔ a ɔte me afiri mo Israelfoɔ yi ara mu. Ɛsɛ moyɛ ɔsetie ma no. 16 Saa na mo ankasa mobisaa Awurade, mo Onyankopɔn, ɛberɛ a mohyiaa Horeb no. Mosrɛɛ mompɛ mote Awurade, mo Onyankopɔn, nne anaa mohunu egyadɛreɛ bio, ɛfiri , mosuro anhwɛ a, mobɛwuwu.

17 Na Awurade buaa , "Mɛyɛ wɔn abisadeɛ ama wɔn. 18 Mɛda odiyifoɔ te wo adi afiri wɔn nkurɔfoɔ Israelfoɔ mu. Mɛkyerɛ saa odiyifoɔ no asɛm a mɛhyɛ no ɔnka nkyerɛ nnipa no, na ɔbɛka akyerɛ wɔn. 19 Obiara a wantie asɛm a odiyifoɔ no bɛka me din mu no, mʼankasa me ne ɔsoɔdenfoɔ no bɛdi. 20 Na odiyifoɔ biara a ɔnam onyame foforɔ bi so ka asɛm anaa ɔdi atorɔ me din mu no bɛwu."

21 Mobɛbisa mo ho , "Ɛbɛyɛ dɛn na yɛahunu adiyisɛm no firi Awurade anaasɛ ɛmfiri no?" 22 odiyifoɔ no hyɛ nkɔm Awurade din mu na amma mu a, na ɛnyɛ Awurade na ɔde asɛm no maeɛ. Na ɛkyerɛ , saa odiyifoɔ no ara kaa ɔno ankasa nʼasɛm bi kwa enti ɛnsɛ wɔsuro no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também