Pular para o conteúdo
Publicidade

5 Mose (Deuteronomium) 26

Otwa Afɔrebɔdeɛ Ne Ntotosoɔ Du Du

1 moduru asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rebɛma mo mo agyapadeɛ sononko no so, na moko gye tena so a, 2 momfa otwakane otwa berɛ biara mu no ngu kɛntɛn mu na momfa mmra baabi a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛyi wɔnkamfo ne din no. 3 Monkɔ ɔsɔfoɔ a ɔwɔ saa ɛberɛ no nkyɛn na monka nkyerɛ no , "Menam saa akyɛdeɛ yi so reda no adi Awurade, yɛn Onyankopɔn, de me aba asase a ɔhyɛɛ mʼagyanom no so." 4 Afei, ɔsɔfoɔ no bɛgye kɛntɛn no afiri wo nsam de asi Awurade, mo Onyankopɔn afɔrebukyia no anim. 5 Na wobɛka saa nsɛm yi Awurade, mo Onyankopɔn, anim , "Na me tete agya Yakob otutenani Aramni a ɔkɔtenaa Misraim. Nʼabusua no ketewaa bi, nanso Misraim no, wɔdɔɔso bebree bɛyɛɛ ɔman kɛseɛ. 6 Ɛberɛ a Misraimfoɔ dii yɛn nya nam so ma yɛyɛɛ wɔn nkoa no, 7 yɛsu frɛɛ Awurade, yɛn agyanom Onyankopɔn. Ɔtee yɛn sufrɛ na ɔhunuu yɛn amanehunu, ɔbrɛ ne ɔhyɛ a yɛwɔ mu. 8 Enti, Awurade nam tumi a ɛyɛ nwanwa, ehubɔ a emu den, nsɛnkyerɛnneɛ a ɛpusu nnipa ne anwanwasɛm so gyee yɛn firii Misraim. 9 Ɔde yɛn baa ha na ɔde asase yi a nufosuo ne ɛwoɔ resene so yi maa yɛn. 10 Afei, Ao Awurade, mede akyɛdeɛ a ɛyɛ mʼaduanekan a wode firi asase mu maa me no rebrɛ wo." Afei, fa aduane no si Awurade, mo Onyankopɔn, anim na sɔre no. 11 Afei, na kɔgye wʼani nneɛma pa a Awurade, mo Onyankopɔn, de ama wo ne wo fiefoɔ no ho. Wʼanigyeɛ no mu, kae Lewifoɔ ne ahɔhoɔ a wɔte mo mu no nso.

12 Mfeɛ mmiɛnsa biara, ɛsɛ moma mo mfudeɛ ho ntotosoɔ dudu sononko. Ɛsɛ mode saa ntotosoɔ dudu sononko no ma Lewifoɔ, ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛnya bi adi amee mo nkuro so. 13 Afei, mompae mu nka Awurade, mo Onyankopɔn, anim , "Mede akyɛdeɛ kronkron a ɛfiri me fie ama Lewifoɔ, ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ sɛdeɛ wohyɛɛ me no. Memmuu wo mmara no bi so anaa me werɛ mfirii wo mmara no bi. 14 Manni bi ɛberɛ a meretwa adwo anaasɛ ɛberɛ a na me ho nte no. Afei nso, mamfa me nsa anka bi, na mamfa mu bi nso amma awufoɔ. Matie Awurade, me Onyankopɔn, na mayɛ biribiara a wohyɛɛ me menyɛ no. 15 Firi wo soro tenabea kronkron hwɛ fam na hyira wo nkurɔfoɔ Israel ne asase a wode ama yɛn noasase a nufosuo ne ɛwoɔ retene so sɛdeɛ wohyɛɛ yɛn agyanom no."

Awurade Mmara So Die Ho Nkaeɛbɔ

16 Awurade, mo Onyankopɔn, hyɛ mo ɛnnɛ , monni saa mmara yi nyinaa so; momfa mo akoma ne mo kra nyinaa nni so. 17 Moapae mu aka no ɛnnɛ , Awurade , mo Onyankopɔn, na mobɛnante nʼakwan so na mobɛdi ne mmara so ayɛ ɔsetie ama no. 18 Na Awurade aka no ɛnnɛ , moyɛ ne nkurɔfoɔ, nʼagyapadeɛ a nʼakoma da ho sɛdeɛ ɔhyɛɛ no; ɛno enti, ɛsɛ modi ne mmara nyinaa so. 19 Na moyɛ saa a, ɔbɛyɛ mo kɛseɛ asene ɔman biara. Afei, mobɛnya nkamfoɔ, animuonyam, na mo din bɛhyeta. Mobɛyɛ ɔman a ɛyɛ kronkron ma Awurade, mo Onyankopɔn sɛdeɛ ɔhyɛɛ no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também