Pular para o conteúdo
Publicidade

Obadia 1

Edom Atemmuo Ho Nkɔmhyɛ

1 Anisoadehunu a Awurade Onyankopɔn daa no adi faa Edom asase ho kyerɛɛ Obadia nie:

Yɛate asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn.

Wɔsomaa ɔnanmusini bi kɔɔ aman so kɔkaa ,

"Monsɔre na momma yɛnkɔko ntia Edom."

2 Awurade ka kyerɛ Edom :

"Hwɛ mɛbrɛ wo ase,

mɛyɛ wo akumaa aman no mu,

na wɔabu wo animtia.

3 Wayɛ ahantan adaadaa wo ho,

Wo a wote abotan ntokuro mu

na wayɛ wʼatenaeɛ mmepɔ so,

na woka kyerɛ wo ho ,

Hwan na ɔbɛtumi ayi me asi fam?

4 wotu ewiem akɔdeɛ,

na woyɛ wo pirebuo nsoromma ntam mpo a,

ɛhɔ na mɛba abɛtwe wo adwera fam."

Sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

5 "akorɔmfoɔ ba wo so a,

anaa adwotwafoɔ ba wo so anadwo a,

atoyerɛnkyɛm bɛn na ɛrento wo?

Na wɔrenwia wo nneɛma dodoɔ a wɔpɛ anaa?

bobe abatefoɔ ba wo so a,

ɛnyɛ bobe aba kakra bi na wɔbɛgya wo anaa?

6 Na wo Esau deɛ wɔbɛwia wʼademudeɛ

a wode asie na wɔayɛ wo dosodoso.

7 Wɔn a wo ne wɔn nkabom nyinaa

bɛdi wo hwammɔ.

Wɔn a wʼadwene wo

wo ne wɔn te asomdwoeɛ mu no

bɛdaadaa wo adi wo so,

wɔn a wɔdi wʼaduane no asum wo afidie,

nanso, wonhunuiɛ.

8 "Saa ɛda no," Awurade na ɔseɛ,

"Merensɛe anyansafoɔ a ɛwɔ Edom anaa,

mmarima a wɔte asɛm ase

a wɔwɔ Esau mmepɔ so anaa?

9 Ao Teman1.9 Teman: Teman kyerɛ Edom nyinaa sɛdeɛ Yeremia ka wɔ Yer 49.7,20. Teman asekyerɛ "anafoɔ". Saa din yi tumi Edom a ɛyɛ anafoɔ asase. Ebinom nso kyerɛ Teman ase Tawilan a ɛda borɔfokwansin mmiɛnsa Petra apueeɛ fam. wʼakofoɔ bɛbɔ hu

ne obiara a ɔwɔ Esau bepɔ so no,

wɔbɛtwitwa mo atɔre mo ase.

10 Esiane basabasayɛ a woyɛ tiaa wo nua Yakob no enti

aniwuo bɛka wo,

na wɔbɛsɛe wo koraa.

11 Ɛda a wogyinaa ntentenso hwɛɛ no haa,

na ananafoɔ faa nʼahonyadeɛ kɔeɛ

na ahɔhoɔ hyɛnee ne kuro apono mu,

na wɔbɔɔ Yerusalem so ntonto no,

na wote wɔn mu baako.

12 Anka ɛnsɛ wobu wo nua animtiaa

ɛberɛ a ɔwɔ asaneɛ mu,

anaa wodi ahurisie Yudafoɔ so

ɛberɛ a wɔwɔ ɔsɛeɛ mu,

na mpo wohoahoa wo ho

ɛberɛ a wɔwɔ ahohiahia mu no.

13 Anka ɛnsɛ wode nsrabɔ

hyɛne me nkurɔfoɔ kuro apono no mu

wɔn amanehunu ɛda,

anka ɛnsɛ wosere ɛberɛ a

wɔwɔ ɔhaw mu.

Afei nso anka ɛnsɛ

wode wo nsa to wɔn ahodeɛ so gye

ɛberɛ a wɔwɔ amanehunu mu.

14 Anka ɛnsɛ wotɛ wɔn nkwantanan soɔ

kunkumm nʼadwanefoɔ

Na woyi wɔn a aka no ma

wɔn amanehunu ɛda no mu.

15 "Awurade ɛda no abɛn

ama amanaman nyinaa.

Na hwɛ, Edom sɛdeɛ woyɛeɛ no

saa ara na wɔbɛyɛ woɔ.

Wo nneyɛeɛ bɛsane abɛgu wo tiriso.

16 Sɛdeɛ mononom nsã me bepɔ kronkron so no,

saa ara na amanaman no nyinaa bɛkɔ so anom,

saa ara na ɛbɛkɔ so ɛda biara

na wɔbɛyɛ te deɛ wonni .

17 Na ɔgyeɛ bɛba Sion bepɔ so

na ɛbɛyɛ kronkron beaeɛ,

na Yakob efie nsa

bɛsane aka nʼagyapadeɛ.

18 Yakob efie bɛyɛ ogya

na Yosef efie ayɛ ogyaframa;

Esau efie deɛ ɛbɛyɛ adehunu bi

na wɔde ogya bɛto mu ahye no a

obiara renka efie ."

Deɛ Awurade seɛ nie.

19 Nkurɔfoɔ a wɔfiri Negeb no

bɛtena Esau mmepɔ so,

Na wɔn a wɔfiri nkokoɔ no ase no,

bɛfa Filistia asase no,

na wɔbɛfa Efraim ne Samaria mfuo atena so,

na Benyamin nso afa Gilead.

20 Nipakuo a wɔyɛ Israel atukɔfoɔ

bɛfa Kanaan asase no akɔsi Sarefat;

na atukɔfoɔ a wɔfiri Yerusalem a

wɔte Safarad no bɛfa Negeb nkuro no adi so.

21 Agyefoɔ bɛkɔ Sion bepɔ so,

akɔdi Edom mmepɔ so.

Na ahennie no bɛyɛ Awurade dea!

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também

Obadias
Ver todos os capítulos de Obadias