Pular para o conteúdo
Publicidade

Yona 1

Yona Dwane Awurade

1 Awurade asɛm baa Amitai babarima Yona nkyɛn , 2 "kuropɔn kɛseɛ Ninewe mu na kɔka asɛmpa no tia wɔn wɔn atirimuɔdensɛm aforo abɛduru mʼanim."

3 Nanso, Yona dwane firii Awurade anim na ɔde nʼani kyerɛɛ Tarsis. Ɔkɔɔ Yopa, na ɛhɔ ɔkɔnyaa ɛhyɛn a ɛrekɔ Tarsis. Ɔtuaa ka kɔtenaa ɛhyɛn no mu, ɔrefiri Awurade anim akɔ Tarsis.

4 Nanso Awurade maa mframa kɛseɛ bi bɔɔ ɛpo no so; ɛmaa ahum tuiɛ a, anka ɛhyɛn no rebɛbɔ. 5 Ɛhyɛn no mufoɔ no nyinaa surooɛ na obiara su frɛɛ ne nyame. Wɔtotoo adwadeɛ a ɛwɔ ɛhyɛn no mu guguu ɛpo no mu sɛdeɛ ɛhyɛn no mu bɛyɛ herɛ.

Nanso na Yona akɔhyɛ ɛhyɛn no ase baabi ada hatee. 6 Ɛna ɛhyɛn no so panin no kɔɔ ne nkyɛn kɔkaa , "Adɛn na woada? Sɔre na frɛ wo nyame! Ebia, ɔbɛhunu yɛn mmɔbɔ, na yɛannwuwu."

7 Afei ɛhyɛn no mufoɔ no keka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho , "Momma yɛmmɔ ntonto nhwehwɛ deɛ saa amanehunu yi nam ne so aba." Wɔbɔɔ ntonto no na ɛbɔɔ Yona. 8 Enti wɔbisaa no , "Kyerɛ yɛn, hwan na wama saa ɔhaw yi nyinaa aba? Adwuma bɛn na woyɛ? Ɛhe na wo fire? Ɔman bɛn so na wofiri? Ɛhefoɔ ne wo nkurɔfoɔ?"

9 Ɔbuaa , "Meyɛ Hebrini, na mesom Awurade, ɔsoro Onyankopɔn a, ɔbɔɔ ɛpo ne asase."

10 Yei bɔɔ wɔn hu, enti wɔbisaa Yona , "Ɛdeɛn na woayɛ?" (Na wɔnim ɔredwane afiri Awurade nkyɛn, ɛfiri na waka saa akyerɛ wɔn dada).

11 Na ahum no so tu dendeenden ara. Enti wɔbisaa no , "Ɛdeɛn na yɛnyɛ wo a ɛbɛma ahum yi ano abrɛ ase ama yɛn?"

12 Yona buaa wɔn , "Momma me so nto me ntwene ɛpo yi mu, na ano bɛdwo. Menim me enti na ahum kɛseɛ yi retu mo so."

13 Mmarima no yɛɛ deɛ wɔbɛtumi biara wɔbɛhare ɛhyɛn no akɔ mpoano. Nanso, wɔantumi, ɛsiane na ɛpo so ahum no ano ayɛ den asene kane no. 14 Afei wosu frɛɛ Awurade , "Ao Awurade yɛsrɛ wo mma yɛn nwuwu yɛama ɔbarima yi ahwere ne nkwa enti. Mma yɛn nni ɔbarima yi mogya ho, ɛfiri , Ao Awurade wayɛ deɛ wo ." 15 Afei, wɔmaa Yona so too no twenee ɛpo no mu, na ɛpo a na ɛrehuru soɔ no yɛɛ dinn. 16 Yei maa mmarima no suroo Awurade pa ara na wɔbɔɔ afɔdeɛ maa Awurade, na wɔhyɛɛ no .

Yona Mpaeɛbɔ

17 Na Awurade maa apataa kɛseɛ bi bɛmenee Yona, na Yona daa apataa no yam nnansa, awia ne anadwo.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também

Jonas
Ver todos os capítulos de Jonas