Pular para o conteúdo
Publicidade

Yona 4

Yona Abufuo Awurade Ahummɔborɔ Ho

1 Yona bo annwo koraa, na ne bo fuiɛ. 2 Ɔbɔɔ Awurade mpaeɛ , "Ao Awurade, ɛberɛ a na mewɔ fie no, ɛnyɛ sei na mekaeɛ? Yei enti na meperee medwane akɔ Tarsis no, ɛfiri na menim , woyɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunu Onyankopɔn a wo bo kyɛre fu, na wodɔ boro so. Woyɛ Onyankopɔn a ɔtwentwɛnee ne nan ase bɔne amanehunu ho. 3 Enti Ao Awurade! Gye me nkwa firi me nsɛm. Ɛyɛ ma me mɛwu sene mɛtena ase."

4 Na Awurade buaa , "Ɛyɛ wo bo fu saa asɛm yi ho anaa?"

5 Na Yona kɔɔ kuropɔn no apueeɛ fam baabi kɔtenaa . Ɔbɔɔ apata tenaa ne nwunu no mu, twenee deɛ ɛbɛba kuropɔn no so. 6 Na Awurade Onyankopɔn maa bobe dua bi nyinii ntɛm ntɛm nʼatifi na ɛmaa Yona nyaa ahomeka, na nʼani gyee dua no ho. 7 Nanso ahemadakye no, Onyankopɔn maa ɔsa bɛwee bobe dua maa nhahan no poeɛ. 8 Awia pueeɛ no, Onyankopɔn ma apueeɛ mframa bi a emu hyeɛ bɔeɛ na awia hyee Yona apampam ma ɔtɔɔ bira. Ɔpɛɛ ɔwu, na ɔkaa , "Ɛyɛ ma me mewu sene metena ase."

9 Onyankopɔn bisaa Yona , "Ɛyɛ wofa abufuo dua no ho anaa?"

Yona buaa , "Aane, me bo afu, na mɛwu a anka mepa."

10 Na Awurade kaa , "Dua yi ho asɛm aha wo, nanso woanni ho dwuma biara, na ɛnyɛ wo na woma ɛnyiniiɛ. Ɛfifirii ntɛm ntɛm na ɛwuu ntɛm ntɛm. 11 Nanso nnipa mpem ɔha ne aduonu Ninewe a wɔnnim wɔn benkum ne wɔn nifa. Na mmoa bebree nso . Ɛnsɛ mema Ninewe kuropɔn kɛseɛ yi ho asɛm ha me anaa?"

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também

Jonas
Ver todos os capítulos de Jonas