Pular para o conteúdo
Publicidade

Mika 1

1 Awurade de saa nsɛm yi brɛɛ Moresetni Mika1.1 Mika asekyerɛ ne "Hwan na ɔte sɛ Awurade." Samaria ne Yerusalem: Saa nkuropɔn mmienu yi gyina hɔ ma Israel ne Yuda. Atemmuo a Mika hyɛɛ ho nkɔm no fa aman mmienu no ho na ɛmfa wɔn nkuropɔn no nko ho. ɛberɛ a na Yotam, Ahas ne Hesekia di adeɛ wɔ Yuda no. Anisoadehunu a ɔhunuiɛ fa Samaria ne Yerusalem ho.

2 Monyɛ aso, mo nnipa nyinaa,

montie, asase ne mo a mote so nyinaa.

Otumfoɔ Awurade redi adanseɛ atia mo,

ɔkasa firi nʼasɔredan kronkron no mu.

Atemmuo A Ɛtia Samaria Ne Yerusalem

3 Monhwɛ! Awurade firi nʼatenaeɛ reba;

ɔresiane na ɔnante asase sorɔnsorɔmmea so.

4 Mmepɔ nane wɔ nʼase,

mmɔnhwa mu paepae

te sɛ ama a aka ogya,

te sɛ nsuo a ɛsiane ɔherɛ so firi kokoɔ so.

5 Yei nyinaa yɛ Yakob nnebɔne,

ne bɔne ahodoɔ a ɛwɔ Israel efie enti.

Yakob nnebɔne ne sɛn?

Ɛnyɛ Samaria anaa?

Na ɛhe ne Yuda sorɔnsorɔmmea?

Ɛnyɛ Yerusalem anaa?

6 "Enti mɛyɛ Samaria kuro no mmubuiɛ sie,

baabi a wɔbɛyɛ bobe turo.

Mehwie nʼaboɔ agu bɔnhwa mu

ama ne fapem ho ada hɔ.

7 Wɔbɛbubu nʼahoni nyinaa mu asinasini;

wɔde ogya bɛhyɛ nʼasɔredan mu ayɛyɛdeɛ nyinaa.

Mɛsɛe ne nsɛsodeɛ nyinaa.

Esiane sɛ nʼakyɛdeɛ a waboa ano no nyinaa

ɔnya firii adwamanfoɔ akatua mu no enti

wɔde bɛma adwamanfoɔ."

Osu Ne Awerɛhoɔ

8 Yeinom enti mɛsu atwa agyaadwoɔ;

mede adagya bɛnante na mennhyɛ mpaboa.

Mɛpɔ so sɛ odompo

na masu sɛ ɔpatuo.

9 Nʼapirakuro no wuo ayɛ den;

abɛduru Yuda.

Abɛduru me nkurɔfoɔ ɛpono ano

mpo aduru Yerusalem ankasa.

10 Monnka no wɔ Gat

monnsu koraa

Mo a mowɔ Bet-Leafra deɛ

monyantam mfuturo mu.

11 Monsene nkɔ adagya ne aniwuo mu,

mo a mote Safir.

Wɔn a wɔte Saanan ntumi mpue

Bet-Esel wɔ awerɛhoɔ mu;

ɛfiri sɛ, wo hɔ na ɔnya ne banbɔ.

12 Wɔn a wɔte Marot de ɔyea nukanuka wɔ mu

de twɛn mmoa,

ɛfiri sɛ amanehunu a ɛfiri Awurade hɔ aba

abɛduru Yerusalem ɛpono ano.

13 Mo a mote Lakis,

monsiesie nteaseɛnam no.

Mo ne bɔne farebae

ma Ɔbabaa Sion,

na modii Israel anim kɔɔ bɔne mu.

14 Enti mode ntetemu akyɛdeɛ bɛma Moreset-Gat,

Aksib kuro bɛdaadaa Israel ahemfo.

15 Mede nkonimdifoɔ bɛtoa mo

mo a mote Maresa.

Deɛ ɔyɛ Israel onimuonyamfoɔ no

bɛba Adulam.

16 Monyi mo tirinwi mfa nni awerɛhoɔ,

wɔ mma a mo ani gye wɔn ho no ho;

mommɔ tikwa te sɛ ɔpete,

ɛfiri sɛ, wɔbɛfa wɔn afiri mo nkyɛn

akɔ nnommumfa mu.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.