Pular para o conteúdo
Publicidade

Mika 4

Awurade Bepɔ No

1 Nna a ɛdi akyire no mu no,

Awurade asɔredan bepɔ no bɛtim

mmepɔ no nyinaa ti;

ɛbɛgye din aboro nkokoɔ nyinaa,

na nnipa ahodoɔ bɛbɔ yuu akɔ .

2 Aman bebree bɛba abɛka ,

"Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔ so,

Yakob Onyankopɔn efie.

Ɔbɛkyerɛ yɛn nʼakwan,

sɛdeɛ yɛbɛnante soɔ."

Na mmara no bɛfiri Sion aba

Awurade asɛm bɛfiri Yerusalem aba.

3 Awurade bɛdi amanaman ntam nsɛm

Aane ɔbɛsiesie ntawantawa ama aman a wɔyɛ den mmaa nyinaa.

Wɔde wɔn akofena bɛbɔ funtumdadeɛ

wɔde wɔn mpea bɛbɔ nsɔsɔwa.

Ɔman bi ntwe ɔman foforɔ so akofena,

na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio.

4 Obiara bɛtena ne bobe

anaa ne borɔdɔma nnua ase,

na obiara remmɛhunahuna wɔn,

ɛfiri , Asafo Awurade akasa.

5 Amanaman no nyinaa bɛtumi anante

wɔn anyame din mu,

na yɛn deɛ, yɛbɛnante Awurade,

yɛn Onyankopɔn Din mu daa daa.

Awurade Atirimpɔ

6 "Saa ɛda no," sɛdeɛ Awurade seɛ nie,

"Mɛboaboa mmubuafoɔ, atukɔfoɔ

ɛne wɔn a mede awerɛhoɔ aba wɔn so ano.

7 Mɛma mmubuafoɔ ayɛ me nkurɔfoɔ asase no so,

atukɔfoɔ no bɛyɛ ɔman kɛseɛ.

Awurade bɛdi wɔn so ɔhene Sion bepɔ so

afiri da no akɔsi daa.

8 Na wo, nnwankuo no abantenten,

Ao, Ɔbabaa Sion, abandenden,

wɔde wo tete tumidie no bɛsane abrɛ wo;

Ɔbabaa Yerusalem nsa bɛsane aka nʼahennie."

9 Ɛdeɛn enti na afei woresu denden,

wonni ɔhene anaa?

Wo futufoɔ ayera, na enti,

ɔyea aka wo ɔbaa ɔwɔ awokoɔ mu?

10 Ɔyea enti, nukanuka wo mu, Ao Ɔbabaa Sion,

te ɔbaa a awoɔ aka no,

seesei ɛsɛ wofiri kuropɔn no mu

kɔtena ɛserɛ so.

Wobɛkɔ Babilonia;

na ɛhɔ na wɔbɛgye woɔ.

Ɛhɔ na Awurade bɛgye wo

afiri wʼatamfoɔ nsam.

11 Seesei deɛ, aman bebree

aka abɔ mu atia wo.

Wɔka , "Wɔngu Sion ho fi,

na yɛmfa yɛn ani nhwɛ no!"

12 Nanso, wɔnnim Awurade adwene.

Wɔnte nʼagyinatuo ase.

Wɔnnim ɔno na ɔboaboa wɔn ano te afiafi

de ayuporobea.

13 "Sɔre, na pore, Ao Ɔbabaa Sion,

mɛma wo dadeɛ mmɛn;

mɛma wo kɔbere ntɔte

na wobɛbubu aman bebree mu nketenkete."

Wode wɔn mfasodeɛ a wɔampɛ no ɛkwan pa so bɛbrɛ Awurade,

wode wɔn ahonyadeɛ bɛbrɛ asase nyinaa so wura.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também