Pular para o conteúdo
Publicidade

Família de Deus

Por Bíblia Online

A família de Deus transcende laços de sangue. Em Cristo, somos adotados como filhos, irmãos uns dos outros e membros de uma família eterna — a Igreja.

Adotados por Deus

Recebemos o espírito de adoção pelo qual clamamos: Abba, Pai! Se filhos, também herdeiros — herdeiros de Deus e co-herdeiros com Cristo.

Efisɛ moannya honhom a ɛma mo nkoa bio ma osuro, na mmom moanya mmayɛ Honhom na yɛnam ne so su se, "Abba, Agya!" Na Honhom no ankasa ne yɛn honhom di adanse yɛyɛ Onyankopɔn mma. Esiane yɛyɛ Onyankopɔn mma nti yɛyɛ adedifo; Onyankopɔn adedifo a yɛne Kristo kyɛfa mu, nanso gye yɛne no kyɛ nʼamanehunu ansa na yɛne no akyɛ nʼanuonyam no.

Nanso bere pa no dui no, Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔbea woo no Mmara ase ommegye wɔn a wɔhyɛ Mmara ase, sɛnea wɔbɛyɛ Onyankopɔn mma. Esiane moyɛ mma nti, Onyankopɔn somaa ne Ba no Honhom baa yɛn koma mu, Honhom a ɛfrɛ "Agya, Agya." Enti wonyɛ akoa bio, na mmom woyɛ ɔba. Esiane woyɛ ne ba nti, Onyankopɔn de nea ɔwɔ nyinaa bɛma ne mma.

Ɛnam gyidi so nti na mo nyinaa Onyankopɔn mma a mo ne Kristo Yesu aka abɔ mu no. Wɔbɔɔ mo asu hyɛɛ Kristo mu nti moafa Kristo mu nnepa no ato mo ho so. Yenni Yudani anaa Helani, yenni akoa anaa ɔdehye, yenni ɔbarima anaa ɔbea, na mo nyinaa nnipa koro Kristo Yesu mu.

hyɛ too se, ne mu no, ɔnam Yesu Kristo so de yɛn bɛyɛ ne mma, de akamfo nʼadom a ɛdɔɔso a ɔde akyɛ yɛn kwa ne Dɔba no mu no.

Wɔbɔ Mpae Ma Efesofo

Eyi nti mibu nkotodwe Agya no anim, ɔno na ne din da nʼabusua a ɛwɔ ɔsoro ne asase nyinaa so no so.

Na wɔn a wogyee no, na wogyee ne din dii no, ɔmaa wɔn tumi ma wɔbɛyɛɛ Onyankopɔn mma honhom fam a emfi onipa anaa ɔhonam fam, na mmom efi Onyankopɔn ankasa.

A comunidade de fé

Não abandonem a congregação. Somos um corpo em Cristo, membros uns dos outros, chamados a amar e a servir.

Mommma yennnyae yɛn ho yɛn ho nhyiamu da sɛnea afoforo bi no. Mmom, momma yɛnhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran denneennen, efisɛ mo ara muhu ɛrenkyɛ na da no aba.

Amanehunu biara a ɛbɛto mo no, munnhinhim na momfa no Agya no nteɛso, efisɛ mo amanehunu no kyerɛ nteɛso a Onyankopɔn ma ne mma. Na dɛn nti na agya ntwe ne mma aso? wanteɛ mo ne mma no bi a, na ɛkyerɛ monnyɛ ne mma kann. yɛn agyanom a wɔwɔ asase so twee yɛn aso ma yebuu wɔn a, mpɛn ahe na ɛnsɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma honhom mu Agya no na yetumi tena ase? Yɛn agyanom a wɔwɔ asase so ha twee yɛn aso sɛnea wɔpɛ bere tiaa bi. Nanso yɛn yiyedi nti, Onyankopɔn yɛɛ saa sɛnea yɛn ho bɛtew.

saa ara na Kristo mu no yɛn a yɛyɛ bebree no nipadua baako, na akwaa biara akwaa no nyinaa dea.

akwaa baako ho ka a, akwaa a aka no nyinaa ho ka bi. Na wɔkamfo akwaa no bi a, anigye ka akwaa a aka no nyinaa.

Enti mprempren, monnyɛ ahɔho ne amamfrafo bio, na mmom mo ne Onyankopɔn nkurɔfo no nnipa koro na mofra Onyankopɔn abusua no mu, na wɔato mo asi asomafo no ne adiyifo no fapem a Kristo Yesu no ankasa ne tweatibo no so. Ɔno na ɔma ɔdan mu no nyinaa baako na ɛbɛyɛ asɔredan kronkron Awurade mu. Ne mu na wɔresiesie mo na moabɔ mu abɛyɛ ofi a Onyankopɔn nam ne Honhom so tena mu.

Quem é minha família?

Jesus disse: quem faz a vontade de Deus, esse é meu irmão e irmã. A família de Deus inclui todos os que creem.

Yesu bisaa wɔn se, "Hena ne me na? Hefo ne me nuanom?"

Ɔhwɛɛ nnipadɔm no hyia kae se, "Eyinom ne me na ne me nuanom! Obiara a ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde no, ɔno ne me nuabarima ne me nuabea ne me na."

Akoa biara nni kyɛfa abusua mu nanso ɔba de, daa ɔwɔ kyɛfa abusua mu.

Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Onyankopɔn mo Agya ampa ara a anka mobɛdɔ me, efisɛ ne nkyɛn na mifi bae na mewɔ ha. Mamfi me mu na mebae; ɔno na ɔsomaa me.

Nka akwakoraa anim, na mmom hyɛ no nkuran sɛnea wobɛyɛ ama wʼagya. Sɛnea wobɛyɛ wo nuabarima no saa ara na fa mmabun, mmea mpanyimfo wo nanom, na mmabaa nso, fa wɔn wo nuabeanom kronkronyɛ mu.

Onyankopɔn Mma

Monhwɛ ɔdɔ a Agya no yɛn. Ne a ɔdɔ yɛn no mu den nti wɔfrɛ yɛn Onyankopɔn mma. Na ɛyɛ nokware nso. Ne saa nti wiase nnim yɛn efisɛ ennim Onyankopɔn. Me nuanom, mprempren yɛyɛ Onyankopɔn mma, nanso nea daakye yɛbɛyɛ de, yennim. Nanso yenim Kristo ba a, yɛbɛyɛ ɔno, efisɛ yebehu no sɛnea ɔte.

Enti mmere dodow a yɛwɔ akwannya no, ɛsɛ yɛyɛ obiara papa, ne titiriw no, wɔn a yɛne wɔn gyidifo abusua.

Seja o primeiro