Pular para o conteúdo
Publicidade

Filhos de Deus

Por Bíblia Online

Ser filho de Deus é o maior privilégio da existência humana. Pela fé em Cristo, recebemos o direito de ser chamados filhos de Deus — herdeiros de Deus e co-herdeiros com Cristo.

O direito de ser filho

A todos que creram no nome de Jesus, deu-lhes o poder de serem feitos filhos de Deus — nascidos não do sangue, mas de Deus.

Na wɔn a wogyee no, na wogyee ne din dii no, ɔmaa wɔn tumi ma wɔbɛyɛɛ Onyankopɔn mma honhom fam a emfi onipa anaa ɔhonam fam, na mmom efi Onyankopɔn ankasa.

"Na sɛnea Onyankopɔn dɔɔ wiase ni, ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no nyera na wanya nkwa a enni awiei.

Nanso biribiara a wɔakyerɛw saa nhoma yi mu no, wɔakyerɛw sɛnea ɛbɛyɛ a mubegye adi , Yesu ne Agyenkwa, ne Onyankopɔn Ba no; na mugye no di a, mubenya nkwa.

Ɛnam gyidi so nti na mo nyinaa Onyankopɔn mma a mo ne Kristo Yesu aka abɔ mu no. Wɔbɔɔ mo asu hyɛɛ Kristo mu nti moafa Kristo mu nnepa no ato mo ho so.

Nanso bere pa no dui no, Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔbea woo no Mmara ase ommegye wɔn a wɔhyɛ Mmara ase, sɛnea wɔbɛyɛ Onyankopɔn mma.

Enti wonyɛ akoa bio, na mmom woyɛ ɔba. Esiane woyɛ ne ba nti, Onyankopɔn de nea ɔwɔ nyinaa bɛma ne mma.

A identidade dos filhos

O Espírito testifica com nosso espírito que somos filhos de Deus. E se filhos, também herdeiros — herdeiros de Deus.

Wɔn a Onyankopɔn Honhom di wɔn so no Onyankopɔn mma. Efisɛ moannya honhom a ɛma mo nkoa bio ma osuro, na mmom moanya mmayɛ Honhom na yɛnam ne so su se, "Abba, Agya!"

Na Honhom no ankasa ne yɛn honhom di adanse yɛyɛ Onyankopɔn mma.

Eyi kyerɛ ɛnyɛ wɔn a wɔyɛ Abraham mma, na mmom wɔn a wɔnam Onyankopɔn bɔhyɛ so woo wɔn no na wɔyɛ Abraham asefo turodoo.

"Nanso Israelfo bɛyɛ mpoano nwea a wontumi nkan wɔn. Faako a wɔka kyerɛɛ wɔn se, Monnyɛ me nkurɔfono, wɔbɛka se, Moyɛ Onyankopɔn teasefo no mma.

Nnuan A Ɛho Tew Ne Nea Ɛho Ntew

Moyɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, mma. Ɛno nti monnsesa mo ho anaa monntworɔtworɔw mo moma so mma awufo, efisɛ, moyɛ nnipa kronkron ma Awurade, mo Nyankopɔn no. Nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa, mo na Awurade ayi mo nʼagyapade a ɛsom bo.

Viver como filhos

Vede que grande amor o Pai nos concedeu: que fôssemos chamados filhos de Deus! E é isso que somos.

Onyankopɔn Mma

Monhwɛ ɔdɔ a Agya no yɛn. Ne a ɔdɔ yɛn no mu den nti wɔfrɛ yɛn Onyankopɔn mma. Na ɛyɛ nokware nso. Ne saa nti wiase nnim yɛn efisɛ ennim Onyankopɔn.

Nsonoe a ɛda Onyankopɔn mma ne ɔbonsam mma ntam ne , obi a ɔnyɛ papa anaa ɔnnɔ ne nua no nyɛ Onyankopɔn ba.

Nhyira ne apatafo,

na wɔn na Onyankopɔn bɛfrɛ wɔn ne mma.

Afei Yesu bisaa wɔn se "Na mo nso, muse mene hena?"

Simon Petro buaa no se, "Wone Kristo no, Onyankopɔn Teasefo no Ba no!"

Yesu ka kyerɛɛ no se, "Nhyira ne wo, Yona ba Simon. Efisɛ ɛnyɛ onipa na oyii eyi kyerɛɛ wo, na mmom ɛyɛ mʼAgya a ɔwɔ ɔsoro no.

Amanehunu biara a ɛbɛto mo no, munnhinhim na momfa no Agya no nteɛso, efisɛ mo amanehunu no kyerɛ nteɛso a Onyankopɔn ma ne mma. Na dɛn nti na agya ntwe ne mma aso? wanteɛ mo ne mma no bi a, na ɛkyerɛ monnyɛ ne mma kann.

Seja o primeiro