Pular para o conteúdo
Publicidade

Hebreus 12

Yɛn Agya Nyankopɔn

1 Yɛn de, yɛwɔ nnansefo bebree a wɔatwa yɛn ho ahyia. Momma yɛntwe yɛn ho mfi akwanside nyinaa ne bɔne a akyekyere yɛn denneennen no nyinaa ho na yɛnyere yɛn ho mmirikakansi a ɛda yɛn anim no mu. 2 Momma yɛmfa yɛn ani nto Yesu a yɛn gyidi mfiase ne nʼawie gyina ne so no so. Asennua no nti wampa abaw. Esiane anigye a na ɛretwɛn no no nti, animguasewu a owui asennua so no anhaw no. Enti mprempren ɔte Onyankopɔn ahengua no nifa so. 3 Dwene ɔhaw a ɔfaa mu no ho nnipa nnebɔneyɛfo tan a wɔtan no nso, otumi gyinaa ano no. Ɛno nti mommpa abaw. 4 Na mo ne bɔne ko mu no, monko nkoduu mubehwie mogya agu.

Onyankopɔn Asotwe Fata Yɛn

5 Mo werɛ afi nkuranhyɛsɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ mo, sɛnea agya kasa kyerɛ ne mma no? Se,

"Me ba, Awurade teɛ wo a, tie no yiye,

na ɔka wʼanim a, mpa abaw.

6 Efisɛ obiara a Awurade nʼasɛm no, ɔtwe nʼaso

sɛnea agya teɛ ɔba a ɔdɔ no no."

7 Amanehunu biara a ɛbɛto mo no, munnhinhim na momfa no Agya no nteɛso, efisɛ mo amanehunu no kyerɛ nteɛso a Onyankopɔn ma ne mma. Na dɛn nti na agya ntwe ne mma aso? 8 wanteɛ mo ne mma no bi a, na ɛkyerɛ monnyɛ ne mma kann. 9 yɛn agyanom a wɔwɔ asase so twee yɛn aso ma yebuu wɔn a, mpɛn ahe na ɛnsɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma honhom mu Agya no na yetumi tena ase? 10 Yɛn agyanom a wɔwɔ asase so ha twee yɛn aso sɛnea wɔpɛ bere tiaa bi. Nanso yɛn yiyedi nti, Onyankopɔn yɛɛ saa sɛnea yɛn ho bɛtew. 11 wɔtwe yɛn aso a ɛma yɛn werɛ how saa bere no mu na yɛn ani nnye. Na akyiri no a wɔn a wɔfa saa asotwe no mu no nya wɔn ho ntease no, wonya asomdwoe na wɔtena ase trenee mu.

12 Monhyehyɛ nsa ne nkotodwe a emu agugow no mu den. 13 Munsiesie akwan na momfa so, na mpakye anyɛ mmubuafo, na mmom, wɔasa wɔn yare.

14 Mo ne nnipa nyinaa ntena ase asomdwoe mu, na mommɔ mmɔden ntena ase trenee mu. Anyɛ saa a, morenhu Awurade. 15 Monhwɛ yiye na mo mu bi annan nʼakyi ankyerɛ Onyankopɔn adom no. Monhwɛ yiye na mo mu bi anyɛ afifide a ɛyɛ nwen a enyin ma ne bɔnwoma no haw afoforo. 16 Monhwɛ yiye na mo mu bi anyɛ oguamanfo ne obi a ɔmfɛre Onyankopɔn Esau a obuu nʼani guu nʼagyapade so tɔn nʼabakan a ɔyɛ de gyee aduan no. 17 Na afei eduu bere bi a ɔpɛɛ ne nsa ka nʼagya nhyira no, ɔde kamee no. Ɛwɔ mu ɔde nusu peree wanya adwensakra de, nanso anyɛ yiye.

Onyankopɔn Anuonyam

18 Munhyiaa nneɛma a ɛyɛ hu, ogyatannaa, awerɛhow, sum ne ahum sɛnea Israelfo no hyiaa Sinai Bepɔw no so bere a Onyankopɔn de ne mmara no mae no. 19 Efisɛ na wɔrebɔ torobɛnto denneennen a nne bi a ɛreka kasa a ɛyɛ hu nenam mu, nti nnipa no srɛɛ Onyankopɔn onnyae kasa, 20 efisɛ na wontumi nni mmara a na ɛka se, "mpo aboa koraa de ne ho ka bepɔw no a, ɛsɛ wosiw no abo kum no" no so. 21 Na beae hu ara kosii Mose kae se. "Misuro, na me ho popo."

22 Na mo de, moaba Sion Bepɔw so ne Onyankopɔn a ɔte ase no kurow, ɔsorosoro Yerusalem a ɔsoro abɔfo mpempem mu no mu. 23 Moaba Onyankopɔn asafomma dedaw a wɔn ani gye wɔn ho a wɔakyerɛw wɔn din ɔsoro no mu. Moaba Onyankopɔn a ɔyɛ nnipa nyinaa temmufo ne atreneefo a wɔayɛ wɔn no mu. 24 Moaba Yesu a ɔhyehyɛɛ apam foforo ne mogya a wɔapete a ɛka nneɛma pa ho asɛm sen Habel mogya no ho.

25 Monhwɛ mo ho so yiye na moammu mo ani angu asɛm a ɔka so. Wɔn a wɔantie nea ɔkasa fii asase so no amfa wɔn ho anni. Na ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi aguan afi nea ɔkasa fi ɔsoro no ho na yɛafa yɛn ho adi? 26 Ne nne wosow asase saa bere no, nanso mprempren wahyɛ se, "Ɛnyɛ asase nko na mɛsan awosow no, na mɛwosow ɔsoro nso bio saa ara." 27 Nsɛm "Nso bio saa ara" no da no adi pefee ɔbɛwosow nneɛma a wɔbɔɔ no na atutu afi wɔn anan mu na nneɛma a wontumi nwosow no aka.

28 Momma yɛnna so ase, efisɛ yɛanya ahenni a wɔwosow no a ɛnyɛ yiye. Momma yɛn ani nsɔ na yɛmfa ɔkwan a ɛbɛsɔ Onyankopɔn ani a ɛyɛ nidi ne osuro so nsom no, 29 efisɛ nokware ni, yɛn Nyankopɔn ogya a ɛhyew na ɛsɛe ade.

Veja também