Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Ahemfo 5

Naaman Ayaresa

1 Na Aramhene5.1 Na ɔhene no din de Ben-Hadad II. bu Naaman a ɔyɛ asraafo so sahene no yiye. Efisɛ ɛnam ne so na Awurade maa Aram dii nkonim akɛse bebree. Ɛwɔ mu na Naaman ɔkofo kɛse de, nanso na ɔyare kwata.

2 Afei, na Aram akofo adi Israel asase so, na abaawa ketewa bi ka wɔn a wɔkyeree wɔn nnommum no ho. Wɔde saa abaawa no maa Naaman yere nʼabaawa. 3 Da bi, abaawa no ka kyerɛɛ nʼawuraa se, "me wura kohu odiyifo a ɔwɔ Samaria no a, anka ɔbɛsa no yare ama kwata no afi ne honam ani."

4 Enti Naaman kaa asɛm a abaawa a ofi Israel no ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ ɔhene. 5 Ɔhene5.5 Ɔhene a na wɔreka ne ho asɛm yi, wɔfrɛ no Yoram. no ka kyerɛɛ no se, ", na kɔsra odiyifo no. Mɛkyerɛw krataa aka wo ho, na wode akɔma Israelhene." Enti Naaman faa dwetɛ akyɛde kilogram ahaasa aduanan (340), sikakɔkɔɔ kilogram aduosia nkron ne ntade mmɔho du, na osii mu kɔe. 6 Krataa a ɔde rekɔma Israelhene no mu asɛm ne , "Menam krataa yi so reda me somfo Naaman adi akyerɛ wo. Mepɛ wosa no yare ma ne kwata no fi ne honam ani."

7 Bere a Israelhene kenkan krataa no, ɔde ahometew sunsuan nʼatade mu, kae se, "Saa ɔbarima yi asoma ɔkwatani aba me nkyɛn, mensa no yare! Meyɛ Onyankopɔn a mitumi kum, san ma nkwa? Ɔrehwehwɛ kwan bi afa so, anya nnyinaso bi na wabɛtow ahyɛ yɛn so bio."

8 Bere a Elisa, Onyankopɔn nipa, tee ɔhene no asunsuan ne ntade mu no, ɔde nkra kɔmaa no se, "Adɛn nti na woasunsuan wo ntade mu? Soma Naaman na ɔmmra me nkyɛn na obehu odiyifo papa bi Israel." 9 Enti Naaman faa nʼapɔnkɔ ne ne nteaseɛnam, kɔtwɛn Elisa fi pon ano. 10 Na Elisa somaa ɔbɔfo kɔka kyerɛɛ no se, "Kɔhohoro wo ho mpɛn ason Asubɔnten Yordan mu, na wo honam bɛba mu, ama wo kwata no akɔ."

11 Na Naaman bo fuwii, ma osii kwan so. Ɔkae se, "Na minim , nea ɛbɛyɛ biara no, ɔbɛba abehyia me! Na minim ebia, ɔde ne nsa bɛfa kwata no so, na wabɔ Awurade a, ɔyɛ ne Nyankopɔn no din, nam so asa me yare. 12 Nsubɔnten Abana ne Parpar a ɛwɔ Damasko nsen nsubɔnten a ɛwɔ Israel nyinaa? Adɛn nti na menkɔhohoro me ho mu, na minnya ayaresa?" Enti Naaman dan ne ho de abufuw sii mu.

13 Nanso ne mpanyimfo bɔɔ mmɔden kasa kyerɛɛ no se, "Owura, odiyifo no kaa se adwuma kɛse bi a, anka worenyɛ ana? Ɛno nti, tie asɛm a waka kɔhohoro wo ho kɛkɛ, na wo ho bɛtɔ wo no, na di so." 14 Enti Naaman kɔɔ Asubɔnten Yordan mu, kɔdɔɔ asukɔ mpɛn ason, sɛnea Onyankopɔn nipa no hyɛɛ no ɔnyɛ no. Ne honam ani daa te akokoaa, maa ne kwata no nyinaa kɔe.

15 Naaman ne ne dɔm no san kɔhwehwɛɛ Onyankopɔn nipa no akyi kwan. Wokogyinaa nʼanim, maa Naaman kae se, "Afei na mahu Onyankopɔn nni wiase ha baabiara Israel nko ara. Afei, mesrɛ wo , gye mʼakyɛde yi."

16 Nanso Elisa buae se, "Mmere dodow a Onyankopɔn a mesom no te ase yi, merennye akyɛde biara." Ɛwɔ mu Naaman hyɛɛ no biara onnye akyɛde no, nanso Elisa annye.

17 Afei, Naaman kae se, "Eye, ɛno de, ma me kwan na memfa ha dɔte atifi abien nsoa me furumpɔnkɔ abien, na memfa nka me ho nkɔ me kurom. Efi nnɛ, Onyankopɔn akyi no, meremmɔ ɔhyew afɔre anaa afɔre biara mma onyame bi bio. 18 Na mesrɛ , Awurade mfa saa bɔne yi nkyɛ me. me wura ɔhene rekɔ Rimon abosomfi akɔsom, na misuso ne mu a, me nso mɛkotow nti, Awurade mfa eyi nkyɛ me."

19 Elisa kae se, "asomdwoe mu." Enti Naaman san sii kwan so.

Gehasi Anibere

20 Nanso Elisa somfo Gehasi kaa ne tirim se, "Anka ɛnsɛ me wura ma Aramni yi a wannye akyɛde yi. Mmere dodow a Awurade te ase yi, metiw no, na makogye biribi afi ne nkyɛn."

21 Enti Gehasi tiw no. Bere a Naaman huu no ɔde mmirika reba ne so no, osi fii ne teaseɛnam mu kohyiaa no. Naaman bisaa no se, "Wobaa no asomdwoe mu ana?"

22 Gehasi buae se, "Yiw, nanso me wura asoma me memmɛka nkyerɛ wo se, mmabun baanu bi a wɔyɛ adiyifo a wofi Efraim kurow a ɛda bepɔw so no mu abedu mprempren ara. Ose ɔrehwehwɛ dwetɛ kiliogram aduasa anan ne ntade nsakramu abien de ama wɔn."

23 Naaman kae se, "Ɛnyɛ asɛm a ɛyɛ den, gye dwetɛ kilogram aduasa anan yi." Ɔmaa no ntade nsakramu abien, kyekyeree sika no nkotoku abien mu, yii asomfo baanu soaa akyɛde no, maa Gehasi. 24 Nanso woduu bepɔw no so no, Gehasi gyee akyɛde no fii asomfo no nkyɛn, ma wɔsan wɔn akyi kɔe. Afei, ɔde akyɛde no kosiee ofi no mu.

25 Bere a ɔkɔɔ ne wura Elisa nkyɛn no, obisaa no se, "Gehasi, wokɔɔ he?"

Obuae se, "Menkɔɔ baabiara."

26 Nanso Elisa bisaa no se, "Woanhu bere a Naaman si fii ne teaseɛnam mu behyiaa wo no, na mewɔ honhom mu? Saa bere yi na ɛsɛ wugye sika ne ntade ne ngodua mfuw ne bobe mfuw ne nguan ne anantwi ne asomfo? 27 Nea woayɛ yi nti, wo ne wo mma ne wo mma mma bɛyare Naaman kwata no bi afebɔɔ." Bere a Gehasi fii dan no mu no, na kwata ayɛ no a ne ho ahoa ayɛ sukyerɛmma.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também