Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Ahemfo 19

Hesekia Hwehwɛ Awurade Mmoa

1 Bere a ɔhene Hesekia tee eyinom no, osunsuan ne ntade mu, na ofuraa atweaatam, na ɔkɔɔ Awurade asɔredan mu. 2 Na ɔsomaa Eliakim a ɔhwɛ ahemfi ntotoe so, Sebna, a ɔyɛ ɔkyerɛwfo ne asɔfo akunini a wɔn nyinaa furafura atweaatam, kɔɔ Amos babarima Odiyifo Yesaia nkyɛn. 3 Wɔka kyerɛɛ no se, "Sɛnea ɔhene Hesekia ka ni: Saa da yi ɔhaw, animka ne animguase da. Ayɛ te nea mmofra awo du so, na ahoɔden a wɔde bɛwo wɔn nni . 4 Nanso ebia Awurade, mo Nyankopɔn ate Asiria nanmusini no regu Onyankopɔn teasefo no anim ase, na wɔbɛtwe nʼaso ne nsɛnkeka no ho. Enti mpae ma yɛn a yɛaka no!"

5 Na ɔhene Hesekia mpanyimfo no kɔkaa ɔhene nkra no kyerɛɛ Yesaia, 6 na Yesaia buae se, "Ka kyerɛ wo wura se, Sɛnea Awurade se ni: Mma abususɛm a Asiriahene asomafo no ka tiaa me no nhaw wo. 7 Muntie! Mede honhom bi rebɛhyɛ ne mu, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔte asɛm bi a ɔbɛsan akɔ ne man mu na na mɛma wɔde afoa akum no.’ "

8 Bere a ɔsahene no tee Asiriahene afi Lakis no, ɔsan nʼakyi kohuu ɔhene no ne Libna reko.

9 Ankyɛ, ɔhene Sanaherib nyaa nkra se, Etiopiahene Tirhaka adi asraafo anim, rebɛko atia no. Na ansa na ɔbɛsan akohyia asraafo no, ɔde saa nkra yi maa wɔmfa nkɔma Hesekia Yerusalem. 10 "Monka nkyerɛ Yudahene Hesekia se: Mma onyame a wode wo ho ato no so no nnaadaa mo nka se, Wɔremfa Yerusalem mma Asiriahene.11 Moate nea Asiria ahemfo ayɛ amanaman no nyinaa. Wɔasɛe wɔn pasaa. Na mo de, wobegye mo ana? 12 Anyame a wɔwɔ aman a me nenanom sɛee wɔn no, aman te , Gosan, Haran, Resef ne Edenfo a na wɔwɔ Telasar no anyame gyee wɔn ana? 13 Nsɛm bɛn na ɛtotoo Hamathene ne Arpadhene? Nsɛm bɛn nso na ɛtotoo Sefarwaim, Hena ne Iwa ahemfo?"

14 Hesekia nsa kaa krataa a abɔfo no de bae no, ɔkenkanee. Afei ɔforo kɔɔ Awurade asɔredan no mu kɔtrɛw mu Awurade anim. 15 Na Hesekia bɔɔ mpae kyerɛɛ Awurade se, "Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn a wɔasi wo hene Kerubim ntam. Wo nko ara na woyɛ Onyankopɔn asase so ahenni nyinaa so. Wo na wobɔɔ ɔsoro ne asase. 16 Brɛ wʼaso ase, Awurade, na tie! Bue wʼani, Awurade, na hwɛ. Tie nsɛm a Sanaherib asoma de abɛsopa Onyankopɔn teasefo no.

17 "Awurade, ɛyɛ nokware Asiria ahemfo asɛe aman yi nyinaa, sɛnea nkra no ka no. 18 Na wɔatow anyame a wɔwɔ saa aman yi so no agu gya mu, ahyew wɔn, efisɛ wɔnyɛ anyame, na mmom wɔyɛ nnua ne abo a nnipa de wɔn nsa ayɛ. 19 Afei, Awurade, yɛn Nyankopɔn, gye yɛn fi ne tumi ase, na ɛbɛma ahenni a ɛwɔ asase so nyinaa ahu wo nko ara, Awurade, na woyɛ Onyankopɔn."

Yesaia Hyɛ Yuda Gye Ho Nkɔm

20 Na Amos babarima Yesaia de saa nkra yi kɔmaa Hesekia se, "Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn se: Esiane woabɔ me mpae afa Asiriahene Sanaherib ho nti, 21 eyi ne asɛm a Awurade aka atia no:

" Ɔbabeabun Sion sopa wo,

na ɔserew wo.

Ɔbabea Yerusalem di wo ho fɛw,

na ɔwosow ne ti bere a woreguan.

22 Hena na wugye di woyeyaw no, di ne ho fɛw nso?

Hena na womaa wo nne so tiaa no

na wohwɛɛ no ahantan so?

Ɛyɛ Israel ɔkronkronni no!

23 Wonam wʼasomafo so

adi Awurade ho fɛw.

Na woaka se,

"Me nteaseɛnam dodow nti

maforo mmepɔw atenten.

Yiw Lebanon mmepɔw a ɛwoware pa ara no.

Matwitwa ne sida dua atenten no,

ne nʼapepaw a ɛyɛ no agu fam.

Madu ne mmepɔw a ɛwɔ akyirikyiri no so,

ne ne kwaeberentuw mu.

24 Matutu mmura ahɔho nsase bebree so

de ne nsu pa no adwudwo me ho.

Mpo, mepaee Misraim nsubɔnten mu

sɛnea mʼakofo betumi atwa!"

25 " Na Montee ɛ?

Bere tenten a atwam, na mehyɛ too .

Bere bi a atwam no na medwenee ho;

afei mama aba mu ,

moadan ɔman a mosɛe nkuropɔn a wɔabɔ

ho ban.

26 Wɔn nkurɔfo a tumi afi wɔn nsa no

ho adwiriw wɔn, na animguase aka wɔn.

Wɔte afuw so nnua,

ne afifide foforo a ɛyɛ mmrɛw.

Wɔte sare a efifi ɔdan atifi

a ɛhyew ansa na anyin.

27 " Nanso minim nea wote

bere a woba ne bere a wokɔ

ne sɛnea wo bo huru tia me.

28 Na esiane wo bo huru tia me

na wʼahantan adu mʼasom nti,

mede me darewa bɛhyɛ wo hwenem,

na mede akwankyerɛ dade ahyɛ wʼanom,

mɛma wo afa ɔkwan a wofaa so bae no so

asan wʼakyi.

29 "Eyi na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnne ama wo, Hesekia:

"Saa afe yi wubedi nea ɛno ankasa fifii.

Afe a ɛto so abien no, wubedi nea efi mu ba.

Nanso afe a ɛto so abiɛsa no de, wo ara dua na twa,

bobe nturo na di so aba.

30 Bio, nkae bi a ofi Yuda fi

begye ntin fam na wasow aba soro.

31 Na nkae bi befi Yerusalem aba,

na nkae dɔm afi Bepɔw Sion so.

Asafo Awurade mu na eyi bɛyɛ.

32 "Eyi ne asɛm a Awurade ka fa Asiriahene ho:

"Ɔrenhyɛn saa kuropɔn yi mu

na ɔrentow bɛmma ha.

Ɔremfa nkatabo mmegyina kuropɔn no akyi

na ɔrensi pie ntua nʼano.

33 Ɔhene no kwan a ɔfaa so bae no ara so na ɔbɛsan afa akɔ nʼankasa man mu.

Awurade ka se,

ɔrenwura saa kurow yi mu.

34 Esiane mʼankasa mʼanuonyam ne mʼakoa Dawid nti,

mɛbɔ ho ban."

35 Saa anadwo no, Awurade bɔfo kɔɔ Asiria nsraban mu, kokum Asiria asraafo no mpem ɔha aduɔwɔtwe anum. Asiriafo a wɔkae no nyan anɔpa no, wohuu afunu gugu mmɔnten so baabiara. 36 Na Asiriahene Sanaherib gyaee ɔko no, kɔɔ nʼankasa nʼasase so. Ɔkɔtenaa nʼahenkurow Ninewe mu.

37 Da koro bi a ɔresom ne nyame Nisrok abosonnan mu no, ne mmabarima Adramelek ne Sareser de wɔn afoa kokum no. Woguan fii kɔtenaa Ararat asase so, na ne babarima foforo Esarhadon bedii nʼade Asiriahene.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também