Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Ahemfo 10

Yehu Kunkum Ahab Fifo

1 Na Ahab mmabarima aduɔson a wɔtete Samaria.10.1 Na Samaria yɛ Atifi Ahemman no kuropɔn fi Ɔhene Omri bere so (1 Ah 16.24). Na Yehu kyerɛw krataa, kyekyɛ maa kurow no mpanyimfo, ntuanofo ne wɔn a wɔhwɛ Ahab mmabarima no so no. Na krataa no ka se, 2 "Ɔhene mmabarima no mo nkyɛn. Ne nteaseɛnam, nʼapɔnkɔ, kurow a wɔabɔ ho ban ne akode nyinaa nso saa ara. mo nsa ka saa krataa yi ara a, 3 munyi ɔhene Ahab mmabarima no mu nea ɔfata a ɔwɔ mu no, na munsi no mo so hene, na munsiesie mo ho nko mma Ahab fi."

4 Nanso wɔbɔɔ huboa kae se, "Ahemfo baanu10.4 Ahemfo baanu a wɔreka wɔn ho asɛm yi yɛ Yoram ne Ahasia (9.22-28). mpo antumi annyina, antia saa ɔbarima yi! Na dɛn na yebetumi ayɛ?"

5 Enti mpanyimfo a wɔhwɛ ahemfi ne kurow no so ne ntuanofo ahorow no ne wɔn a wɔhwɛ ɔhene mmabarima so no de saa nkra yi kɔmaa Yehu se, "Yɛyɛ wo nkoa, na biribiara a wobɛka yɛnyɛ no, yɛbɛyɛ. Yɛrensi obiara hene. Nea wususuw eye biara no, ."

6 Yehu kyerɛw krataa a ɛto so abien de buae se, "mowɔ mʼafa, na mubetie mʼasɛm de a, ɔkyena sesɛɛ mmere mu, momfa ɔhene no mmabarima ti mmrɛ me Yesreel."

Na Samaria ntuanofo bi na wɔhwɛ ɔhene mmabarima aduɔson no so a wɔatetew wɔn fi wɔn mmofraase pɛɛ. 7 Krataa no duu ara , na ntuanofo no kunkum ɔhene no mmabarima aduɔson no nyinaa. Wɔde wɔn ti no guu nkɛntɛn mu, na wɔde kɔmaa Yehu Yesreel. 8 Ɔbɔfo kɔɔ Yehu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, "Wɔde ɔhene mmabarima no ti no aba." Enti Yehu hyɛe se, "Mommoaboa ano akuw abien kurow no pon ano, na munnyaw nkosi adekyee."

9 Ade kyee no, ɔkɔkasa kyerɛɛ dɔm a wɔahyia no se, "Ɛnsɛ obi mo sobo. Me na mebɔɔ pɔw, de tiaa me wura, nam so kum no. Na hena na okunkum eyinom? 10 Nea ɛwɔ ne , ɛsɛ asɛm a efi Awurade nkyɛn a wɔka faa Ahab fi ho no ba mu. Awurade nam ne somfo Elia so daa no adi eyi bɛba mu." 11 Na Yehu kunkum Ahab abusuafo a wɔtete Yesreel no ne ne mpanyimfo atitiriw ne nnamfonom ne nʼakɔmfo nyinaa. Enti anka Ahab aseni biara.

12 Na Yehu fii kɔɔ Samaria. Ɔrekɔ no, ɔkɔdaa Bet-Eked nguanhwɛfo ahɔhodan mu. 13 Ohyiaa Yudahene Ahasia abusuafo bi. Obisae se, "Moyɛ hefo?"

Wobuae se, "Yɛyɛ ɔhene Ahasia abusuafo. Yɛrekɔsra ɔhene Ahab mmabarima ne ɔhemmea no."

14 Yehu teɛɛ mu, ka kyerɛɛ ne mmarima se, "Monkyere wɔn anikann." Na wɔkyekyeree nnipa aduanan abien no nyinaa kunkum wɔn Bet-Eked abura so. Wannyaw wɔn mu biara.

15 Bere a Yehu fii no, ohyiaa Rekab10.15 Na Rekabfo no yɛ Rekab asefo a na wɔda so te ase wɔ Yeremia bere so (Yer 35.6,8). Na wɔpɛ wɔbɛn Awurade yiye. Na wodi atutena. Na wɔyɛ Kenifo a Yetro a na ɔyɛ Mose agya nsiananmu ase fi wɔn mu. babarima Yehonadab a na ɔrebehyia no. Wokyiakyiaa wɔn ho wiei no, Yehu bisaa no se, "Wowɔ me ho adwene pa, sɛnea mewɔ wo ho adwene pa no ana?"

Yehonadab buae se, "Yiw."

Yehu toaa so se, "ɛte saa de a, kyia me." Yehonadab teɛɛ ne nsa ma Yehu kyiaa no, de no tenaa teaseɛnam no mu. 16 Na Yehu kae se, "Afei, wo ne me nkɔ, na hu sɛnea mede me ho ama Awurade no." Enti Yehonadab ne no tenaa teaseɛnam no mu kɔe.

17 Bere a Yehu duu Samaria no, okunkum Ahab fifo a wɔaka no nyinaa, sɛnea Awurade nam Elia so hyɛe no.

Yehu Kum Baal Akɔmfo

18 Na Yehu frɛɛ nnipa a wɔwɔ kurow no mu no nyinaa nhyiamu, ka kyerɛɛ wɔn se, "Ahab som Baal kakra; Yehu bɛsom no yiye. 19 Momfrɛ Baal adiyifo, asomfo ne nʼakɔmfo nyinaa mmra. Monhwɛ wɔn mu biara bɛba, efisɛ merebɛbɔ Baal afɔre kɛse. Obiara a ɔsom Baal a wamma no, wobekum no." Na Yehu redaadaa wɔn, sɛnea ɔbɛsɛe wɔn a wɔsom Baal no nyinaa.

20 Afei, Yehu hyɛe se, "Munhyia, mmɔ gua anibere so, na monsɔre Baal!" Enti wɔyɛɛ saa. 21 Ɔsomaa abɔfo kɔɔ Israel mmaa nyinaa, kɔfrɛɛ wɔn a wɔsom Baal no nyinaa. Wɔn nyinaa ba bɛhyɛɛ Baal abosomfi10.21 Ahab na osii Baal abosomfi no (1 Ah 16.32). ma , fi ti kosi ti. 22 Na Yehu hyɛɛ nea ɔhwɛ ntadedaka no so no se, "Hwɛ ma obiara a ɔsom Baal no nhyɛ batakari yi baako." Enti wɔkyekyɛɛ batakari maa wɔn.

23 Na Yehu ne Rekab babarima Yehonadab kɔɔ Baal abosomfi . Yehu ka kyerɛɛ Baal asomfo no se, "Monhwɛ wɔn a wɔyɛ Baal asomfo no nko ara na wɔwɔ ha. Mommma obiara a ɔsom Awurade no mma mu." 24 Enti na wɔn nyinaa abosomfi rekɔbɔ afɔre ne ɔhyew afɔre. Yehu de nʼasraafo aduɔwɔtwe twaa ɔdan no ho hyiae, hyɛɛ wɔn se, "moma obi guan a, mo ara mode mo nkwa betwa so."

25 Yehu wiee ɔhyew afɔre no ara , ɔhyɛɛ nʼawɛmfo ne ne mpanyimfo no se, "Munkokunkum wɔn nyinaa. Mommma ɔbaako koraa nguan!" Enti wɔde wɔn afoa kunkum wɔn nyinaa. Na awɛmfo no ne mpanyimfo no twee wɔn amu no beguu abɔnten. Yehu asraafo no kɔɔ Baal abosomfi no aban mu. 26 Wɔtwee Baal adum no a na wɔde som no no, sɛee no. 27 Wobubuu Baal adum no, sɛee nʼabosomfi no pasaa, de yɛɛ ɔmanfo agyananbea. Na ɛda so agyananbea de besi nnɛ.

28 Yehu nam saa ɔkwan yi so, de tɔree Baalsom ase korakora Israelman mu. 29 Nanso Yehu ansɛe sika nantwimma a ɛwɔ Bet-El ne Dan no; wantwe ne ho amfi bɔne kɛse a Nebat babarima Yeroboam dii Israelfo anim ma wɔyɛe no ho.

30 Na Awurade ka kyerɛɛ Yehu se, "Woayɛ ade wutiee mʼasɛm, nam so sɛee Ahab fifo. Ne saa nti, mɛma wʼasefo adi ahene Israel, akosi awo ntoatoaso anan so." 31 Nanso Yehu amfa ne koma anni Awurade, Israel Nyankopɔn mmara no so. Wantwe ne ho amfi ahonisom a Yeroboam dii Israelfo anim, ma wɔyɛɛ no ho.

Yehu Wu

32 Saa mmere no, Awurade fii ase tew Israel asase no kɛse so. Ɔhene Hasael dii ɔman no afaafa bebree so 33 Asubɔnten Yordan apuei fam Gilead nyinaa, a Gad, Ruben ne Manase ka ho. Odii asase a efi Aroer kurow a ɛda Arnon Subon ho, de kosi atifi fam Gilead ne Basan.

34 Na Yehu ahenni mu nsɛm a esisii, ne dwuma ahorow a odii ne nea otumi yɛe no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?

35 Bere a Yehu wui no, wosiee no ne mpanyimfo nkyɛn Samaria. Na ne babarima Yehoahas na odii nʼade ɔhene. 36 Nna a Yehu de dii Israel so Samaria no mfe aduonu awotwe.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também