Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Ahemfo 12

Yoas Siesie Asɔredan No

1 Ɔhene Yehu adedi Israel no mfe ason so, na Yoas12.1 Ɔno ara na wɔfrɛ no Yehoas wɔ Hebri kasa mu nso dii ade Yuda. Odii ade Yerusalem mfe aduanan. Na ne na Sibia fi Beer-Seba. 2 Yoas asetena mu nyinaa, ɔyɛɛ nea ɛsɔ Awurade ani, efisɛ na ɔsɔfo Yehoiada kyerɛkyerɛ no. 3 Nanso wansɛe abosonnan a na nnipa kɔbɔ afɔre, kɔhyew nnuhuam no.

4 Da bi, ɔhene Yoas ka kyerɛɛ asɔfo no se, "Mommoaboa sika a wɔde ba Awurade asɔredan mu afɔrebɔde kronkron no, ɛyɛ daa daa towtua, aboade anaa akyɛde a efi ɔpɛ mu no. 5 Momma asɔfo no mfa sika no bi nkotua asɔredan no asiesie ho ka biara." 6 Nanso ɔhene Yoas dii ade mfe aduonu abiɛsa no, na asɔfo no nsiesie Asɔredan no. 7 Enti ɔhene Yoas12.7 Saa bere no na Yoas adi mfe aduasa. soma kɔfrɛɛ Yehoiada ne asɔfo a wɔaka no, bisaa wɔn se, "Adɛn nti na munsiesiee asɔredan no? Mommfa akyɛde no nhyɛ mo ho bio. Efi nnɛ rekɔ, ɛsɛ mode ne nyinaa siesie asɔredan no." 8 Enti asɔfo no penee so wɔrennyigye sika mfi nnipa no nkyɛn bio. Wɔpenee so nso , wɔn ankasa rensiesie Asɔredan no.

9 Na ɔsɔfo Yehoiada tuu tokuru adaka kɛse bi atifi, de sii afɔremuka no nifa so Awurade Asɔredan no kwan ano. Asɔfo a wɔwɛn ɔkwan no ano no de nnipa no ntoboa nyinaa guu adaka no mu. 10 Bere biara a adaka no bɛyɛ ma no, asɔre kyerɛwfo ne ɔsɔfopanyin no kan sika a wɔde aba Awurade Asɔredan no mu no nyinaa, de gu nkotoku mu. 11 Afei, wɔde sika no ma dwumadi sohwɛfo no ma wɔde tua nnipa a wɔyɛ Awurade Asɔredan no kannua adwumfo, adansifo, 12 abohyehyɛfo ne abotwafo. Wɔde sika no bi nso nnua ne abo a wɔatwa, a wɔde besiesie Awurade asɔredan no. Na ka biara a ɛba Asɔredan no asiesie ho no, wotua.

13 Na wɔamfa sika a wɔde bɛba Asɔredan mu no anyɛ dwetɛ nkuruwa, akanea adabaw, nkankyee akɛse, ntorobɛnto anaa nneɛma a wɔde sikakɔkɔɔ anaa dwetɛ ma Awurade Asɔredan no. 14 Na wɔde tuaa adwumayɛfo no ka, ma wɔde siesiee asɔredan no. 15 Na adwuma no hwɛfo akontaabu biara ho anhia, efisɛ na wɔyɛ adwumayɛfo nokwafo. 16 Nanso afɔdi ne bɔneyɛ ho afɔrebɔde no de, na wɔmfa nkɔ Awurade Asɔredan mu . Na wɔde ma asɔfo no wɔn kyɛfa.

Yoas Ahenni Awiei

17 Saa bere no ntam ara na Aramhene Hasael kɔko tiaa Gat, na ɔfaa ɔman no. Afei, ɔdan ne ho kɔtow hyɛɛ Yerusalem so. 18 Ɔhene Yoas boaboaa akronkronne a Yehosafat, Yehoram ne Ahasia a na wɔyɛ Yuda ahemfo a wɔatwa mu no ato din ama Awurade ne nea ɔno ankasa nso ato din ama Awurade no nyinaa ano. Ɔde ne nyinaa a sikakɔkɔɔ a ɛwɔ akorae a ɛwɔ Awurade asɔredan mu ne ahemfi no kaa ho no kɔmaa Aramhene Hasael. Enti ɛmaa Hasael twee ɔsa a anka ɔretu Yerusalem so no sanee.

19 Nsɛm a esisii Yoas ahenni mu ne nea ɔyɛe no nyinaa, wɔankyerɛw Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 20 Nanso ne mpanyimfo pam ne ti so, kum no Bet-Milo kwan a ɛkɔ Sila no so. 21 Awudifo no Simeat babarima Yosabad ne Somer babarima Yehosabad a na wɔn nyinaa afotufo nokwafo. Wosiee Yoas nʼagyanom nkyɛn Dawid kurom. Na ne babarima Amasia na odii nʼade ɔhene foforo.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também