Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Ahemfo 9

Wosi Yehu Israelhene

1 Na odiyifo Elisa afrɛ adiyifo no mu baako afi adiyifokuw no mu. Ɔka kyerɛɛ no se, "Siesie wo ho, na Ramot-Gilead. Fa saa toa a ngo mu yi ka wo ho . 2 Hwehwɛ Yehosafat babarima Yehu a ɔyɛ Nimsi nena no. Frɛ no fi ne nnamfo mu, na fa no pia mu, 3 na hwie ngo no gu ne tirim. Ka kyerɛ no se, Sɛnea Awurade se ni: Meresra wo ngo, ama woabedi Israel so hene.Afei, bue ɔpon no na guan, nsɛe bere!"

4 Enti odiyifo kumaa no kɔɔ Ramot-Gilead. 5 Oduu no, ohuu Yehu ɔne asraafo mpanyimfo bi reyɛ nhyiamu. Ɔkae se, "Ɔsahene, mewɔ nkra bi de ma wo."

Yehu bisae se, "Yɛn mu hena?"

Obuae se, "Wo a woyɛ ɔsahene no."

6 Enti Yehu gyaw wɔn a aka no , kɔɔ fie. Na odiyifo kumaa no hwiee ngo no guu Yehu tirim, kae se, "Sɛnea Awurade, Israel Nyankopɔn, se ni: Mesra wo ngo di Awurade nkurɔfo Israelfo so hene. 7 Ɛsɛ wosɛe Ahab, wo wura no, fi. Saa ɔkwan no so na mɛfa atua mʼadiyifo a wokunkum wɔn ne Awurade asomfo no nyinaa a Isebel kunkum wɔn no so ka. 8 Ɛsɛ wɔpepa Ahabfifo nyinaa fi ɔbarima biara, ɔsomfo ne nea ɔde ne ho nyinaa a wɔwɔ Israel. 9 Mɛsɛe Ahab fi, sɛnea mesɛee Nebat babarima Yeroboam ne Ahiya babarima Baasa afi no. 10 Na akraman bɛwe Isebel nam Yesreel asase so, na obiara rensie no." Afei, odiyifo kumaa no buee pon no, tuu mmirika guanee.

11 Yehu san kɔɔ ne nkurɔfo mpanyimfo no nkyɛn. Wɔn mu baako bisaa no se, "Dɛn na damfo a ne ti asɛe no rehwehwɛ? Biribiara yiye ana?" Yehu buae se, "Wo ara wunim sɛnea ɔbarima no keka ne nsɛm fa."

12 Wɔn nyinaa kae se, "Woboa. Ka nokware." Enti Yehu kae se, odiyifo no ayi akyerɛ no se Awurade asra no ngo ommedi Israel so hene.

13 Wɔde wɔn ntade sesɛw atrapoe no so ntɛm ara, hyɛn torobɛnto, teɛteɛɛ mu se, "Yehu ɔhene."

Yehu Kum Yoram Ne Ahasia

14 Enti Yehosafat babarima Yehu a ɔyɛ Nimsi nena pam ɔhene Yoram ti so. Afei, na Yoram de ne ho akɔbɔ asraafo Ramot-Gilead a na wogyina de tia Aramhene Hasael asraafo no. 15 Nanso na wɔapira Yoram ɔko no mu, ama wasan aba Yesreel ɔrebɛsa ne ho yare. Enti Yehu ka kyerɛɛ mmarima a wɔka ne ho no se, "Esiane mopɛ midi hene no nti, obiara nnguan nkɔ Yesreel nkɔka nea yɛayɛ no." 16 Na Yehu kɔtenaa teaseɛnam mu, kɔɔ Yesreel kɔhwehwɛɛ ɔhene Yoram a na wapira da no. Na Yudahene Ahasia nso bi.

17 Ɔwɛmfo a na ɔwɔ Yesreel abantenten so no huu Yehu ne ne nkurɔfo wɔreba nti, ɔteɛɛ mu guu Yoram so se, "Mihu asraafo reba. Soma ɔpɔnkɔkafo bi, na ɔnkɔhwɛ wɔreba no asomdwoe so ana." Ɔhene Yoram nso teɛɛ mu.

18 Enti ɔpɔnkɔkafo no kohyiaa Yehu bisaa no se, "Ɔhene ohu moreba no asomdwoe so ana?"

Yehu buae se, "Wuhia asomdwoe de ayɛ dɛn? Di mʼakyi!"

Ɔwɛmfo no frɛɛ ɔhene se, "Ɔpɔnkɔkafo no ahyia wɔn, nanso ɔmma."

19 Enti ɔhene no somaa ɔpɔnkɔkafo a ɔto so abien. Okoduu wɔn nkyɛn bisae se, "Ɔhene ohu moreba no asomdwoe so ana?" Bio, Yehu bisae se, "Wuhia asomdwoe de ayɛ dɛn Di mʼakyi!"

20 Ɔwɛmfo no teɛɛ mu se, "Ɔpɔnkɔkafo no ahyia wɔn, nanso ɔno nso mma. Ɛbɛyɛ Nimsi babarima Yehu a ɔka ɔpɔnkɔ mmirikatɛntɛ so no."

21 Ɔhene Yoram hyɛe se, "Ntɛm, monyɛ me teaseɛnam no krado mma me." Na Israelhene Yoram ne Yudahene Ahasia tenatenaa wɔn nteaseɛnam mu kohyiaa Yehu. Wohyiaa no asase a na ɛyɛ Nabot, Yesreelni dea no so. 22 Ɔhene Yoram bisae se, "Wobaa no asomdwoe so ana, Yehu?"

Yehu buae se, "Mpɛn dodow a wo na Isebel abosom ne ne bayi atwa yɛn ho ahyia yi, ɛbɛyɛ dɛn na maba no asomdwoe so?"

23 Ɛnna ɔhene Yoram twee ne teaseɛnam pɔnkɔ no hama, de dan ɔpɔnkɔ no ani, guanee a ɔreteɛteɛ mu se, "Ɔmammɔfo Ahasia!"

24 Na Yehu twee nʼagyan tow wɔɔ Yoram mmati ntam. Agyan no hwirew ne koma mu ma ɔtew hwee ne teaseɛnam no mu, wui. 25 Yehu ka kyerɛɛ ne kunini Bidkar se, "Tow no kyene Nabot, Yesreelni no asase no so. Wokae bere a na yɛtete nteaseɛnam mu, di nʼagya Ahab akyi no? Awurade kae se, 26 Meka ntam, di nsew , metua no so ka Nabot agyapade mu ha, sɛnea Awurade se ni,okum Nabot ne ne mmabarima nnɛra a mihuu no. Enti tow no kyene Nabot asase so ha, sɛnea Awurade kae no."

27 Bere a Yudahene Ahasia huu asɛm a asi no, oguan kɔɔ Bet-Hagan. Yehu taa no teɛteɛɛ mu se, "Munkum ɔno nso bi." Enti wɔtow Ahasia agyan wɔɔ no ne teaseɛnam mu Gur atrapoe a ɛbɛn Yibleam. Otumi kɔe ara koduu Megido, na owui . 28 Ne mpanyimfo de no too teaseɛnam mu, kɔɔ Yerusalem kosiee no ne mpanyimfo ho Dawid kurom. 29 Na Ahasia dii ade Yuda no, na Israelhene Yoram nso adi ade mfe dubaako.

Isebel Wu

30 Bere a ɔhemmea Isebel tee Yehu aba Yesreel no, ɔkekaa nʼanintɔn, yɛɛ ne ti fɛfɛɛfɛ, tɛw mfɛnsere mu. 31 Bere a Yehu wuraa ahemfi pon no mu no, ɔhemmea no teɛɛ mu guu ne so se, "Owudifo, wobaa no asomdwoe so ana? Wote Simri a okum ne wura no."

32 Yehu pagyaw nʼani huu no mfɛnsere no mu teɛɛ mu se, "Hena na ɔwɔ mʼafa!" Na piamfo baanu anaa baasa hwɛɛ no. 33 Yehu teɛɛ mu se, "Montow no nkyene fam." Enti wɔtow no fii mfɛnsere no mu, maa ne mogya bi petee ɔfasu no ne nʼapɔnkɔ ho. Na Yehu maa nʼapɔnkɔ tiatiaa nʼamu no so.

34 Na Yehu kɔɔ ahemfi kodidi, nomee. Akyiri no, ɔkae se, "Monkɔ nkosie ɔbea a wɔadome no yi, efisɛ ɔyɛ ɔhene babea." 35 Nanso wɔkɔɔ wɔrekosie no no, ne ti ne nan ne ne nsa nko ara na wohui.

36 Bere a wɔbɛbɔɔ Yehu amanneɛ no, ɔkae se, "Eyi ne Awurade asɛm a ɔnam ne somfo Tisbini Elia so kae se, Asasetam bi a ɛda Yesreel no so na akraman bɛwe Isebel nam no. 37 Na nʼamu bɛbɔ apete, te wura Yesreel pɔw mu a ne saa nti, obiara ntumi nhu no.’ "

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também