Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Ahemfo 7

1 Elisa buae se, "Tie saa asɛm yi fi Awurade nkyɛn! Sɛnea Awurade se ni: Ebedu ɔkyena sesɛɛ, wɔbɛtɔn asikresiam a wɔayam no muhumuhu lita asia agye dwetɛ gram dubaako Samaria egua biara so. Na atoko nso, wɔbɛtɔn lita du agye dwetɛ gram du abien ."

2 Ɔpanyin a ɔboa ɔhene no ka kyerɛɛ Onyankopɔn nipa no se, "Awurade bue ɔsoro mfɛnsere mpo a, ɛremma saa da!"

Na Elisa kae se, "Wubehu ɛbɛba mu saa, nanso worentumi nni emu biara bi."

Akwatafo Ba Atamfo Nsraban Mu

3 Afei, mmarima akwatafo7.3 Akwatafo nni ho kwan sɛ wɔkɔ nnipa mu (3 Mose 13.46). baanan bi bɛtenatenaa kurow no apon ano. Wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, "Adɛn nti na ɛsɛ yɛtena ha twɛn ara kosi yebewuwu? 4 yɛtena ha a, ɔkɔm bɛde yɛn dodo; saa ara na yɛsan kurow no mu nso a, ɔkɔm bɛwe yɛn ara ne no. Enti ebeye yɛbɛkɔ, na yɛde yɛn ho bɛma Aramfo asraafo no. Na wɔma yɛtena ase a, na ne yiye mu ne no. Na wokunkum yɛn nso a, na ɛno ara ne no."

5 Enti saa anwummere no, wosii mu kɔɔ Aramfo nsraban no mu, nanso na obiara nni . 6 Na Awurade ama asraafo no nyinaa ate nteaseɛnam a ɛrekɔ mmirikaden no ne apɔnkɔ no ne asraafo dɔm kɛse a wɔrebɛn wɔn no nnyigyei. Wɔteɛteɛɛ mu se, "Israelhene afa Hetifo ne Misraimfo wɔmmɛtow nhyɛ yɛn so." 7 Enti wɔbɔɔ huboa, na woguan anadwo no, gyaw wɔn ntamadan, apɔnkɔ, mfurum ne wɔn biribiara, de peree wɔn nkwa.

8 Bere a akwatafo no duu nsraban no ano no, wɔn nyinaa wurawuraa ntamadan no mu mmaako mmaako didii, nom nsa, tasee dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne ntade de kosiei.

9 Akyiri no, wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, "Nea yɛreyɛ yi nye. Eyi asɛm papa a yɛmmɔɔ obiara amanneɛ. Na yɛtwɛn kosi adekyee a, nea ɛbɛyɛ biara, asotwe bi bɛda yɛn so. Momma yɛnkɔbɔ nnipa a wɔwɔ ahemfi no amanneɛ."

10 Enti wɔsan baa kurow no mu, bɛbɔɔ aponanohwɛfo no asɛm a asi no ho amanneɛ wɔakɔ Aramfo no nsraban mu, na na obiara nni ; nnyigyei biara nni . Na wɔasesa apɔnkɔ ne mfurum no ahama, na ntamadan no de, na ne nyinaa pɛpɛɛpɛ, nanso na onipa baako koraa nni . 11 Aponanohwɛfo no teɛteɛɛ mu, kaa asɛm no maa nnipa a wɔwɔ ahemfi no tee.

Israel Wura Nsraban No Mu

12 Ɔdasu mu na ɔhene no sɔre fii ne mpa so, ka kyerɛɛ ne mpanyimfo se, "Minim asɛm a asi. Aramfo nim ɔkɔm rekum yɛn nti, wɔatu afi wɔn nsraban mu, akɔtetɛw wuram baabi. Wɔrehwehwɛ yebefi kurow no mu, na wɔakyekyere yɛn anikann, na wɔafa kurow no."

13 Mpanyimfo no mu baako kae se, "Eye yɛbɛsoma akwansrafo, na wɔakɔhwehwɛ mu. Momma wɔmfa apɔnkɔ a wɔaka no mu anum. asɛm bi to wɔn koraa a, ɛrenyɛ adehwere kɛse biara wɔbɛtena ha ne yɛn a yɛaka no bewuwu."

14 Enti wosiesiee nteaseɛnam abien ne apɔnkɔ, na ɔhene no somaa akwansrafo kɔhwɛɛ asɛm a ato Aramfo asraafo no. 15 Wɔkɔe ara koduu Asubɔnten Yordan, dii ntade ne ahyehyɛde a Aramfo atow agu no akyi, bere a na wɔde anikrakra reguan no. Akwansrafo no san bɛbɔɔ ɔhene no amanneɛ. 16 Enti Samariafo bɔɔ twi, kɔfow Aramfo nsraban no. Ɛno nti na ɛyɛ nokware wɔtɔn asikresiam a wɔayam no muhumuhu lita asia saa da no, de gye dwetɛ gram dubaako, atoko lita du nso, na wɔtɔn de gye dwetɛ gram du abien, sɛnea Awurade hyɛɛ ho no pɛpɛɛpɛ.

17 Ɔhene no yii ne panyin ma ɔhwɛɛ ɔpon no mu ahyɛmfiri so, nanso nnipadɔm no twiw faa ne so ma owui. Enti biribiara baa mu pɛpɛɛpɛ, sɛnea Onyankopɔn nipa no hyɛɛ ho nkɔm bere a ɔhene no baa ne fi no. 18 Onyankopɔn nipa no ka kyerɛɛ ɔhene no se, "Ebedu ɔkyena sesɛɛ, wɔbɛtɔn asikresiam muhumuhu lita nsia agye dwetɛ gram du baako Samaria gua biara so. Na atoko nso, wɔbɛtɔn lita du agye dwetɛ gram du abien."

19 Ɔhene no panyin no buae se, "Awurade bue ɔsoro mfɛnsere mpo a, ɛremma saa da!" Na Onyankopɔn nipa no kae se, "Wubehu ɛbɛba mu saa, nanso worenni emu biara bi." 20 Ɛno ara na ɛbaa mu, nnipa twiw faa ne so, kum no ɔpon no ano.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também