Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Ahemfo 16

Ahas Di Yudahene

1 Bere a ɔhene Peka adi hene Israel mfe dunson no, na Yotam babarima Ahas16.1 Ahas ne nʼagya Yotam dii hene afe 734 ansa na wɔrewo Kristo (AWK) mu. nso bedii ade Yuda. 2 Ahas dii hene no, na wadi mfirihyia aduonu. Na odii Yerusalem nso so hene mfirihyia dunsia. Wanyɛ nea ɛsɔ Awurade, ne Nyankopɔn ani, sɛnea ne panyin Dawid yɛe no. 3 Mmom, ɔhwɛɛ Israel ahemfo nhwɛso so, na mpo ɔde ɔno ankasa ne babarima bɔɔ afɔre ogya mu. Osuasuaa abosonsom aman no nneyɛe a ɛyɛ akyiwade ma Awurade a ɛno nti ɔpam wɔn fii Israelfo anim no. 4 Ɔbɔɔ afɔre, hyew nnuhuam abosomfi, mmepɔw so ne dua frɔmfrɔm biara ase.

5 Afei, Aramhene Resin ne Israelhene Peka tuu sa Ahas so. Wɔkɔtoaa Yerusalem, nanso wɔanni so nkonim. 6 Saa bere no, Edomhene gyee Elat kurow maa Edom. Ɔpam Yudafo, na ɔmaa Edomfo no kɔtenaa , sɛnea ɛte nnɛ yi.

7 Ɔhene Ahas somaa abɔfo kɔɔ Asiriahene Tiglat-Pileser nkyɛn, de nkra kɔmaa no se, "Meyɛ wo somfo ne wo ba. Bra na begye me fi Aram ne Israel asraafo a wɔaka me ahyɛ no nsam." 8 Na Ahas faa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ fii Awurade Asɔredan mu , faa ahemfi sika de kyɛɛ Asiriahene no. 9 Enti Asiriafo no kɔtoaa Aramfo no wɔn kuropɔn Damasko mu, kyekyeree ɛhɔfo no nnommum, de wɔn kɔtenaa Kir. Wokum ɔhene Resin.

10 Ɔhene Ahas kɔɔ Damasko, kohyiaa Asiriahene Tiglat-Pileser. Bere a ɔwɔ no, ohuu afɔremuka sononko bi. Enti ɔde saa afɔremuka no sɛso ho mfoni, kɔmaa ɔsɔfo Uria. 11 Uria nam ɔhene no asɛm so yɛɛ saa afɔremuka no bi pɛpɛɛpɛ, na bere a ofi Damasko bae no, na wɔayɛ awie. 12 Ɔhene no fi Damasko bae no, ɔhwɛɛ afɔremuka no ho hyiae, bɔɔ so afɔre. 13 Ɔhene no bɔɔ ɔhyew afɔre ne atoko afɔre, hwiee nsa afɔre guu so, na ɔpetee asomdwoe afɔre ho mogya guu so. 14 Na ɔhene Ahas yii kɔbere mfrafrae afɔremuka a na esi ɔkwan no ano ne afɔremuka foforo yi ntam no fii Awurade Asɔredan no anim, de kosii afɔremuka foforo no atifi fam.

15 Ɔka kyerɛɛ ɔsɔfo Uria se, "anɔpa afɔre nyinaa a ɛyɛ ɔhyew afɔre no, anwummere atoko afɔre no, ɔhene ɔhyew afɔre ne atoko afɔre ne nnipa no nyinaa afɔre a wɔn nsa afɔre ka ho so. Mogya a efi ɔhyew afɔre no nyinaa mu no, wɔmfa mpete afɔremuka foforo no so. Me nko ara na mede kɔbere mfrafrae afɔremuka dedaw no bedi dwuma." 16 Na ɔsɔfo Uria yɛɛ nea ɔhene Ahas ka kyerɛɛ no se ɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ.

17 Na afei, ɔhene no tutuu afasu no nkataanim nnua ne nsuhina nso fi nsu teaseɛnam no so. Afei oyii Po no fii kɔbere mfrafrae anantwi no akyi de sii abo nsɛmee no so. 18 Na nidi a ɔde ma Asiriahene no nti, oyii kyinii bi a na wɔayɛ ahemfi no mu a na wɔde di dwuma homeda no ne ɔhene no abɔntenkwan a ɛkɔ Awurade Asɔredan mu no fii .

19 Ahas ahenni ho nsɛm nkae no ne dwuma ahorow a odii no, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 20 Bere a Ahas wui no, wosiee no ne mpanyimfo nkyɛn Dawid kurow mu. Na ne babarima Hesekia bedii nʼade ɔhene.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também