Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Ahemfo 21

Manase Di Yudahene

1 Bere a Manase dii hene no, na wadi mfe dumien, na odii hene Yerusalem mfirihyia aduonum anum. Na ne na din de Hefsibah. 2 Ɔyɛɛ bɔne Awurade ani so, suasuaa abosonsomfo aman nneyɛe a ɛyɛ akyiwade a Awurade apam afi asase a ɛda Israel anim no so no. 3 Ɔsan sisii abosonsomfo abosonnan a nʼagya Hesekia bubu gui no. Ɔyɛɛ afɔremuka pii maa Baal, na osii Asera dua, sɛnea Israelhene Ahab yɛe ara . Afei, ɔkotow sɔree wim atumfo. 4 Na mpo, osisii abosom afɔremuka pii Awurade asɔredan mu; baabi a Awurade aka wɔnhyɛ ne din anuonyam no. 5 Osisii saa afɔremuka no Awurade Asɔredan no adiwo abien , de maa wim nsoromma no. 6 Na mpo, Manase de ɔno ankasa babarima bɔɔ afɔre ogya mu. Na ɔyɛ abayisɛm, abisa. Ɔkɔɔ samanfrɛfo ne asumanfo so. Ɔyɛɛ bɔne bebree Awurade ani so, ma ɛhyɛɛ no abufuw.

7 Manase faa Asera dua a wayɛ no de kosii asɔredan mu, beae koro no ara a Awurade ka kyerɛɛ Dawid ne ne babarima Salomo se, "Wɔbɛhyɛ me din anuonyam ha daa nyinaa saa asɔredan yi mu Yerusalem. Yerusalem kurow a mayi afi Israel mmusuakuw a aka no nyinaa mu. 8 Na Israelfo betie mʼahyɛde a menam mʼakoa Mose so hyɛ maa wɔn no a, merentwa wɔn asu mfi asase yi a mede maa wɔn agyanom no so." 9 Nanso nnipa no antie. Manase dii wɔn anim ma wɔyɛɛ bɔne bebree a ɛsen abosonsom aman a Awurade sɛee no bere a Israelfo kɔɔ saa asase no so no mpo.

10 Awurade nam nʼasomfo a wɔyɛ nʼadiyifo so kae se, 11 "Yudahene Manase ayɛ akyiwade bebree. Na mpo, ɔyɛ omumɔyɛfo sen Amorifo21.11 Din Amorini no yɛ amansan din ma nnipa a na wɔwɔ Kanaan so ansa na Israelfo redi wɔn so no. a wɔbɛtenaa asase yi so ansa na Israel reba no. Wadi Yudafo anim de wɔn akɔ ahonisom mu. 12 Enti sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn se: Mede ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bɛto Yerusalem ne Yuda so ama aso a ɛbɛte saa nsɛm no mu ayɛ no yonn. 13 Mɛfa ɔkwan a menam so buu Samaria ne Ahab abusua atɛn no so abu Yerusalem atɛn. Mɛpepa nnipa a wɔwɔ Yerusalem nyinaa, te sɛnea obi hohoro asanka mu, na ɔdan butuw no. 14 Na mpo, mɛpo me nkurɔfo kakra a wɔaka no, na mede wɔn bɛma wɔn atamfo asade. 15 Efisɛ wɔayɛ bɔne kɛse mʼanim, nam so ahyɛ me abufuw, fi bere a wɔn agyanom fii Misraim no."

16 Manase kunkum nnipa a wɔnyɛɛ bɔne nso bebree kosii , mogya a edi bem hyɛɛ Yerusalem ma, fi ti kosi ti. Eyi ka bɔne a ɔmaa Yudafo no de wɔn kɔɔ bɔne a wɔyɛɛ no Awurade ani so no ho.

17 Manase ahenni ho nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa ne bɔne a ɔyɛe no, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 18 Manase wui no, wosiee no ahemfi no turo a na ɛyɛ Usa dea no mu. Na ne babarima Amon na odii nʼade ɔhene.

Amon Di Ade Yuda

19 Amon dii hene no, na wadi mfe aduonu abien. Odii hene Yerusalem mfe abien. Na wɔfrɛ ne na Mesulemet a na ɔyɛ Harus a ofi Yolba no babea. 20 Ɔyɛɛ bɔne Awurade ani so, sɛnea nʼagya Manase yɛe no ara . 21 Ɔfaa nʼagya nhwɛso so, som ahoni koro no ara a na nʼagya som wɔn no. 22 Ogyaw Awurade, nʼagyanom Nyankopɔn no na wampɛ ɔbɛfa Awurade akwan so.

23 Na Amon no ankasa asomfo bɔɔ ne ho pɔw, kum no nʼahemfi. 24 Na nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa kunkum nnipa a wɔbɔɔ ɔhene Amon ho pɔw no, na wɔde ne babarima Yosia dii ade ɔhene.

25 Amon ahenni ho nsɛm nkae ne dwuma a odii no nyinaa, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 26 Wosiee no ne boda a ɛwɔ Usa turo mu no mu. Na ne babarima Yosia dii ade ɔhene.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também